< コリント人への手紙第一 12 >
1 兄弟よ、靈の賜物に就きては、我なんぢらが知らぬを好まず。
Me nuanom, mempɛ sɛ morenhu nsɛm a ɛfa Honhom Kronkron akyɛde no ho no.
2 なんぢら異邦人なりしとき、誘はるるままに物を言はぬ偶像のもとに導き往かれしは、汝らの知る所なり。
Munim sɛ bere a na moyɛ abosonsomfo no, moyeraa kwan kɔɔ ahoni a awuwu no nkyɛn.
3 然れば我なんぢらに示さん、神の御靈に感じて語る者は、誰も『イエスは詛はるべき者なり』と言はず、また聖 靈に感ぜざれば、誰も『イエスは主なり』と言ふ能はず。
Nea ɛsɛ sɛ mote ase ne sɛ, obiara a ɔwɔ Onyankopɔn Honhom akwankyerɛ no ka se “Yesu yɛ Awurade,” na ɔnnome Yesu.
Akyɛde no gu ahorow nanso Honhom koro no ara na ɛkyekyɛ.
Akwan ahorow bebree wɔ hɔ a wɔfa so som nanso Awurade koro no ara na wɔsom no.
6 活動は殊なれども、凡ての人のうちに凡ての活動を爲したまふ神は同じ。
Tumi ahorow bebree wɔ hɔ a wɔnam so som, nanso Onyankopɔn koro no ara na ɔma obiara tumi ma ɔde som.
7 御靈の顯現をおのおのに賜ひたるは、益を得させんためなり。
Honhom Kronkron no nam yɛn mmaako mmaako so da ne ho adi wɔ akwan bi so ma ɛboa yɛn nyinaa.
8 或 人は御靈によりて智慧の言を賜はり、或 人は同じ御靈によりて知識の言、
Honhom Kronkron no ma obi nyansa na Honhom Kronkron no ara nso ama obi osuahu.
9 或 人は同じ御靈によりて信仰、ある人は一つ御靈によりて病を醫す賜物、
Saa Honhom Kronkron no ara ma obi gyidi na ɔma obi nso tumi a ɔde sa nyarewa.
10 或 人は異能ある業、ある人は預言、ある人は靈を辨へ、或 人は異言を言ひ、或 人は異言を釋く能力を賜はる。
Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔyɛ anwonwade; obi nso, ɔma no tumi ma ɔka Onyankopɔn asɛm; na ɔfoforo nso ɔma no tumi ma ɔkyerɛ nsonoe a ɛda akyɛde a efi Honhom Kronkron no ne nea emfi Honhom Kronkron no mu. Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔka kasa foforo na ɔma ɔfoforo nso tumi ma ɔkyerɛ kasa foforo no ase.
11 凡て此 等のことは同じ一つの御靈の活動にして、御靈その心に隨ひて各人に分け與へたまふなり。
Ɛyɛ Honhom Kronkron koro no ara na ɔyɛ eyinom nyinaa; akyɛde ahorow a ɔpɛ sɛ ɔde ma obiara no, ɔde ma no.
12 體は一つにして肢は多し、體の肢は多くとも一つの體なるが如く、キリストも亦 然り。
Kristo te sɛ onipadua baako a ɛwɔ akwaa bebree; ɛwɔ mu sɛ ɛwɔ akwaa bebree de, nanso ɛyɛ nipadua koro no ara.
13 我らはユダヤ人・ギリシヤ人・奴隷・自主の別なく、一體とならん爲に、みな一つ御靈にてバプテスマを受けたり。而してみな一つ御靈を飮めり。
Wɔnam saa ɔkwan koro no ara so abɔ yɛn Yudafo ne amanamanmufo ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron koro no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipa koro no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn nyinaa se yɛnnom.
14 體は一 肢より成らず、多くの肢より成るなり。
Onipadua no ankasa nyɛ akwaa baako; ɛyɛ akwaa bebree.
15 足もし『我は手にあらぬ故に體に屬せず』と云ふとも、之によりて體に屬せぬにあらず。
Sɛ nan ka se, “Esiane sɛ menyɛ nsa nti, menka nipadua no ho” a, ɛnyɛ ɛno na ɛremma no nyɛ nipadua no fa bi.
16 耳もし『それは眼にあらぬ故に體に屬せず』と云ふとも、之によりて體に屬せぬにあらず。
Na sɛ aso ka se, “Esiane sɛ menyɛ aniwa nti, menka nipadua no ho” a, ɛnyɛ ɛno na ɛremma no nyɛ nipadua no fa bi.
17 もし全身、眼ならば、聽くところ何れか。もし全身、聽く所ならば、臭ぐところ何れか。
Na sɛ nipadua no nyinaa yɛ aniwa a, anka ɛbɛyɛ dɛn ate asɛm? Na sɛ ɛyɛ aso a anka ɛbɛyɛ dɛn ahua ade?
18 げに神は御意のままに肢をおのおの體に置き給へり。
Sɛnea Onyankopɔn pɛ no no na ɔde akwaa biara sii.
Sɛ nipadua no nyinaa yɛ akwaa koro a, anka nipadua no bɛyɛ dɛn?
Sɛnea ɛte no, akwaa gu ahorow, nanso nipadua no yɛ baako pɛ.
21 眼は手に對ひて『われ汝を要せず』と言ひ、頭は足に對ひて『われ汝を要せず』と言ふこと能はず。
Eyi nti, aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa se, “Wo ho nhia me!” Saa ara na eti rentumi nka nkyerɛ nan se, “Wo ho nhia me!”
22 否、からだの中にて最も弱しと見ゆる肢は、反つて必要なり。
Saa ara na yɛrentumi nyɛ biribiara a akwaa a ɛyɛ mmerɛw no nka ho mma ɛnyɛ yiye.
23 體のうちにて尊からずと思はるる所に、物を纏ひて殊に之を尊ぶ。斯く我らの美しからぬ所は、一層すぐれて美しくすれども、
Akwaa a yesusuw sɛ enni mu pii no mmom na yɛhwɛ no yiye, na nea ɛnyɛ fɛ wɔ nipadua ho no nso yɛhwɛ no yiye pa ara.
24 美しき所には、物を纏ふの要なし。神は劣れる所に殊に尊榮を加へて、人の體を調和したまへり。
Na akwaa a edi mu no, saa ɔhwɛ no ho nhia no. Onyankopɔn ankasa nam ɔkwan bi so akeka nipadua no asisi anim de ahyɛ akwaa a wommu no no anuonyam.
25 これ體のうちに分爭なく、肢々 一致して互に相 顧みんためなり。
Enti nkyekyɛmu biara nni nipadua no mu. Akwaa no nyinaa keka wɔn ho wɔn ho bɔ mu.
26 もし一つの肢 苦しまば、もろもろの肢ともに苦しみ、一つの肢 尊ばれなば、もろもろの肢ともに喜ぶなり。
Sɛ akwaa baako ho ka a, akwaa a aka no nyinaa ho ka bi. Na sɛ wɔkamfo akwaa no bi a, anigye ka akwaa a aka no nyinaa.
27 乃ち汝らはキリストの體にして各自その肢なり。
Enti mo nyinaa moyɛ Kristo nipadua. Na mo mu biara yɛ nʼakwaa.
28 神は第一に使徒、第二に預言者、第三に教師、その次に異能ある業、次に病を醫す賜物、補助をなす者、治むる者、異言などを教會に置きたまへり。
Onyankopɔn ahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu: Nea edi kan, asomafo; nea ɛto so abien, adiyifo; nea ɛto so abiɛsa, akyerɛkyerɛfo; afei wɔn a wɔyɛ anwonwade na wɔn a wɔama wɔn tumi de sa yare anaa wɔboa afoforo anaa wɔkyerɛ wɔn kwan anaa wɔka kasa foforo.
29 是みな使徒ならんや、みな預言者ならんや、みな教師ならんや、みな異能ある業を行ふ者ならんや。
Wɔn nyinaa nyɛ asomafo anaa adiyifo anaa akyerɛkyerɛfo. Ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔwɔ tumi a wɔde yɛ anwonwade
30 みな病を醫す賜物を有てる者ならんや、みな異言を語る者ならんや、みな異言を釋く者ならんや。
anaa wɔsa nyarewa, anaa wɔka kasa foforo anaa wɔkyerɛ nea wɔka no ase.
31 なんぢら優れたる賜物を慕へ、而して我さらに善き道を示さん。
Monhwehwɛ akyɛde a ɛbɛboa mo yiye akyi kwan. Mɛkyerɛ mo ɔkwan foforo a eye pa ara.