< 歴代誌Ⅰ 28 >

1 茲にダビデ、イスラエルの一切の長支派の長王に事ふる班列の長千人の長百人の長王とその子等の所有及び家畜を掌どる者閹官有力者諸勇士などを盡くヱルサレムに召集め
Dawid frɛɛ ne mpanimfoɔ nyinaa kɔɔ Yerusalem. Saa mpanimfoɔ no ne mmusuakuo no ntuanofoɔ, asahene a wɔdeda akodɔm akuo dumienu no ano, asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔaka no, wɔn a wɔhwɛ ɔhene agyapadeɛ ne ne mmoa so, ahemfie nhenkwaa, akofoɔ akɛseɛ ne akofoɔ a wɔaka wɔ ahennie no mu no.
2 而してダビデ王その足にて起て言けるは我兄弟等我民よ我に聽け我はヱホバの契約の櫃のため我らの神の足臺のために安居の家を建んとの志ありて已にこれを建る準備をなせり
Dawid sɔre gyinaa wɔn anim, kasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me nuanom ne me nkurɔfoɔ, anka mepɛɛ sɛ mɛsi asɔredan a wɔde Awurade Apam Adaka, Onyankopɔn nan ntiasoɔ no bɛsi afebɔɔ. Meyɛɛ ho ahoboa nyinaa sɛ mede rebɛsi,
3 然るに神我に言たまへり汝は我名のために家を建べからず汝は軍人にして許多の血を流したればなりと
nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ wosi asɔredan de hyɛ me din animuonyam, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔkofoɔ a woahwie mogya bebree aguo.’
4 然りと雖もイスラエルの神ヱホバ我父の全家の中より我を選びて永くイスラエルに王たらしめたまふ即ちユダを選びて長となしユダの全家の中より我父の家を選び我父の子等の中にて我を悦びイスラエルの王とならしめたまふ
“Nanso, Awurade, Israel Onyankopɔn, ayi me wɔ mʼagya abusua mu sɛ, menni ɔhene wɔ Israel so daa. Na wayi Yuda abusuakuo sɛ wɔnni ɔhene na Yuda mmusua mu nso, ɔyii mʼagya abusua. Na mʼagya mma mu no nso, ɛyɛɛ Awurade fɛ sɛ ɔsii me Israel nyinaa so ɔhene.
5 而してヱホバ我に衆多の子をたまひて其わが諸の子等の中より我子ソロモンを選び之をヱホバの國の位に坐せしめてイスラエルを治めしめんとしたまふ
Na me mmammarima pii a Awurade de wɔn maa me no mu nso, ɔyii Salomo sɛ ɔnni mʼadeɛ wɔ nʼahennie Israel ahennwa so.
6 ヱホバまた我に言たまひけるは汝の子ソロモンはわが家および我庭を作らん我かれを選びて吾子となせり我かれの父となるべし
Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wo babarima Salomo na ɔbɛsi mʼasɔredan ne nʼadihɔ nyinaa, ɛfiri sɛ mayi no sɛ me babarima na mɛyɛ nʼagya.
7 彼もし今日のごとく我誡命と律法を堅く守り行はば我その國を永く堅うせんと
Na sɛ ɔkɔ so di mʼahyɛdeɛ ne me mmara so, sɛdeɛ ɔyɛ seesei yi a, mɛma nʼahennie atim afebɔɔ.’
8 然ば今ヱホバの會衆たるイスラエルの全家の目の前および我らの神の聞しめす所にて汝らに勸む汝らその神ヱホバの一切の誡命を守りかつ之を追もとむべし然せば汝等この美地を保ちてこれを汝らの後の子孫に永く傳ふることを得ん
“Enti, seesei a Onyankopɔn yɛ yɛn danseni yi, menam wo so de saa asodie yi ma Israel nyinaa a wɔyɛ Awurade manfoɔ no: Monhwɛ yie na monni Awurade, mo Onyankopɔn, ahyɛdeɛ nyinaa so sɛdeɛ mobɛfa saa asase pa yi, na moagya ama mo asefoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ daa.
9 我子ソロモンよ汝の父の神を知り完全心をもて喜び勇んで之に事へよヱホバは一切の心を探り一切の思想を暁りたまふなり汝もし之を求めなば之に遇ん然ど汝もし之を棄なば永く汝を棄たまはん
“Afei, me ba Salomo, hunu wʼagyanom Onyankopɔn. Fa wʼakoma ne wʼadwene nyinaa sɔre no, na som no. Ɛfiri sɛ, Awurade hunu akoma biara mu, enti ɔhunu na ɔnim emu nhyehyɛeɛ ne nsusuiɛ biara. Sɛ wohwehwɛ no a, wobɛhunu no. Na sɛ wopo no a, ɔbɛpo wo afebɔɔ.
10 然ば汝謹めよヱホバ汝を選びて聖所とすべき家を建させんと爲たまへば心を強くしてこれを爲べしと
Enti, fa no asɛnhia. Awurade ayi wo sɛ si asɔredan ma no, sɛ ne kronkronbea. Yɛ den, na di dwuma no.”
11 而してダビデは殿の廊およびその家その府庫その上の室その内の室贖罪所の室などの式樣をその子ソロモンに授け
Afei Dawid de asɔredan no ho mfoni a sikakorabea, ɔsoro adan, emu adan ne emu kronkronbea a Apam Adaka no mfofareɛm a ɛhɔ yɛ mpatabea, faako a wɔde Adaka no bɛsi maa Salomo.
12 また其心に思ひはかれる一切の物すなはちヱホバの家の庭四周の諸の室神の家の府庫聖物の府庫などの式樣を授け
Nhyehyɛeɛ biara a Honhom no de maa Dawid a ɛfa Awurade Asɔredan adihɔ ho, akyire adan, Onyankopɔn Asɔredan no mu sikakorabea ne akyɛdeɛ a wɔde ama Onyankopɔn no, ɔkyerɛɛ Salomo.
13 また祭司およびレビ人の班列とヱホバの家の諸の奉事の工とヱホバの家の諸の奉事の器皿とにつきて諭すところあり
Saa ara na Dawid kyerɛɛ Salomo dwuma a asɔfoɔ ne Lewifoɔ nkyekyɛmu ahodoɔ no nyɛ wɔ Awurade Asɔredan no mu. Na ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma pɔtee a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu a wɔde sɔre Awurade ne deɛ wɔde bɔ afɔdeɛ.
14 また諸の奉事に用ふる金の器皿を作る金の重量を定め又諸の奉事の器に用ふる諸の銀の器皿の銀の重量を定む
Dawid kyerɛɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ nneɛma a ɛho bɛhia.
15 即ち金の燈臺とその金の燈盞の重量を宣て一切の燈臺とその燈盞の重量を定め又銀の燈臺につきても各々の燈臺の用法にしたがひて燈臺とその燈盞の重量を定め
Ɔkyerɛɛ Salomo sikakɔkɔɔ dodoɔ a ɛho bɛhia ama sikakɔkɔɔ nkaneadua no ne nkanea no, ɛnna ɔkyerɛɛ dwetɛ dodoɔ a ɛho bɛhia ama dwetɛ nkaneadua no ne nkanea no yɛ, ne ɛkwan korɔ a wɔbɛfa so de emu biara adi dwuma no so.
16 また供前のパンの案につきてはその各の案のために金の重量を定め又銀の案のためにも銀を定め
Ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ɛpono a wɔde Hyiadan mu Burodo no bɛto so ɛnna ɔkyerɛɛ dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ apono a ɛka ho no.
17 又肉鉤盂杓のために用ふる純金の重量を定め金の大斝につきてもまた各々の大斝のために重量を定め銀の一切の大斝のためにも重量を定め
Dawid sane kyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ɛnam darewa a wɔde bɛsosɔ afɔrebɔ ɛnam mu, atam, sukuruwa ne nyowaa ne dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ ayowaa biara.
18 また香壇のために用ふる精金の重量を定めかつ車なるケルビムの式樣の金を定む此ケルビムはその翼を展てヱホバの契約の櫃を覆ふ
Deɛ ɔde wieeɛ ne sɛ, ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ a wɔabere ho dodoɔ a wɔde bɛyɛ nnuhwam afɔrebukyia no ne sikakɔkɔɔ Kerubim a nʼataban atrɛ wɔ Awurade Adaka no so.
19 而してダビデ言けらく此工事の式樣は皆ことごとくヱホバのその手を我上にくだして我を敎へて書せたまひし者なりと
Dawid ka kyerɛɛ Salomo sɛ, “Saa mfoni yi nyinaa, Awurade nsa na ɔde twerɛ maa me.”
20 かくてダビデその子ソロモンに言けるは汝心を強くし勇みてこれを爲せ懼るる勿れ慄くなかれヱホバ神我神汝とともに在さん彼かならず汝を離れず汝を棄ず汝をしてヱホバの家の奉事の諸の工を成終しめたまふべし
Afei, Dawid toaa so sɛ, “Yɛ den na ma wo bo nyɛ duru na yɛ adwuma no. Nsuro na mma dwumadie no kɛseyɛ ntu wo bo, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn, me Onyankopɔn, ka wo ho. Ɔrenni wo hwammɔ na ɔrennya wo. Ɔbɛhwɛ sɛ dwumadie biara a ɛfa Awurade Asɔredan no sie ho no, wɔbɛwie no pɛpɛɛpɛ.
21 視よ神の家の諸の役事をなすためには祭司とレビ人の班列あり又諸の工と從事を悦こびて爲ところの諸の技巧者汝とともに在り且また牧伯等および一切の民汝の命ずるところを悉く行はん
Asɔfoɔ ne Lewifoɔ akuo no bɛsom wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu. Wɔn a aka a wɔwɔ nimdeɛ ahodoɔ no nyinaa bɛyi wɔn yam aboa, na ntuanofoɔ ne ɔman no nyinaa nso bɛyɛ biribiara a wobɛka.”

< 歴代誌Ⅰ 28 >