< Zsoltárok 45 >

1 Az éneklőmesternek a sosannimra, Kóráh fiainak tanítása; ének a szerelmetesről. Fölbuzog szívem szép beszédre. Mondom: művem a királynak szól. Nyelvem gyors írónak tolla.
Koramma dwom. Ayeforohyia dwom. Botae bi a edi mu akanyan me koma bere a merebɔ ɔhene mmran no; me tɛkrɛma yɛ ɔkyerɛwfo kunini bi kyerɛwdua.
2 Szebb, szebb vagy az ember fiainál, kedvesség ömledez ajakidon, azért áldott meg az Isten örökké.
Wudi mu koraa wɔ mmarima mu na wɔde adom bi asra wʼano, esiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no nti.
3 Kösd derekadra kardodat vitéz! Dicsőségedet és ékességedet.
Fa wʼafoa bɔ wo nkyɛn mu, okokuroko; fa anuonyam ne kɛseyɛ fura.
4 És ékességedben haladj diadallal az igazságért, a szelidségért és jogért, és rettenetesre tanítson meg téged a te jobb kezed.
Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdi so wɔ nokware, ahobrɛase ne trenee mu; ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwonwa no adi.
5 Nyilaid élesek; népek hullanak alád; a király ellenségeinek szívében.
Ma wo bɛmma nnamnam no nhwirew ɔhene atamfo koma mu; na ma amanaman nhwe wʼanan ase.
6 Trónod oh Isten örökkévaló; igazságnak pálczája a te királyságodnak pálczája.
Ao Onyankopɔn, wʼahengua no bɛtena hɔ daa daa; trenee ahempema bɛyɛ wʼahenni no ahempema.
7 Szereted az igazságot, gyűlölöd a gonoszságot, azért kent fel Isten, a te Istened öröm olajával társaid fölé.
Wodɔ trenee na wukyi bɔne. Ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn de wo asi wo mfɛfo so, na ɔde anigye ngo asra wo.
8 Mirrha, áloe, kácziaillatú minden öltözeted; elefántcsont palotából zeneszóval vidámítnak téged.
Kurobow, pɛprɛ ne bɛwewonua hua agye wo batakari mu nyinaa; sanku so nnwom a efi ahemfi a wɔde asonse asiesie ho mu ma wʼani gye.
9 Királyok leányai a te ékességeid; jobb kezed felől királyné áll ofiri aranyban.
Ahemfo mmabea ka wo mmea atitiriw ho; wo nsa nifa so na ayeforo dehye a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina.
10 Halld csak leány, nézd csak; hajtsd ide füledet! Feledd el népedet és az atyád házát.
Ɔbabea tie, dwene ho, na yɛ osetie; ma wo werɛ mfi wo nkurɔfo ne wo papa fi.
11 Szépségedet a király kivánja; hiszen urad ő, hódolj hát néki!
Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani; di no ni, efisɛ ɔno ne wo wura.
12 Tyrus leánya is, a nép dúsai, ajándékkal hizelegnek néked.
Tiro Babea de ayɛyɛde bɛba; mmarima adefo bɛdɛfɛdɛfɛ wo.
13 Csupa ékesség a király leánya bent, vont aranyból van a ruhája.
Ɔhene babea a ɔwɔ ne pia mu no yɛ onuonyamfo wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatade yuu mu.
14 Hímes öltözetben viszik a királyhoz, szűzek vonulnak utána, az ő társnői; néked hozzák őket.
Ɔhyɛ ntade a wɔadi mu adwinni na wɔde no kɔma ɔhene; ne mfɛfo mmabun di nʼakyi na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo.
15 Bevezetik őket örömmel, vígsággal; bemennek a király palotájába.
Wɔde ahosɛpɛw ne anigye kɔ mu; wɔhyɛn ɔhempɔn no ahemfi.
16 Atyáid helyett fiaid lesznek, megteszed őket fejedelmekké mind az egész földön.
Wo mmabarima besi wʼagyanom anan mu wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa.
17 Hadd hirdessem a te nevedet nemzedékről nemzedékre; örökkön örökké dicsérnek majd téged a népek!
Mɛma wɔakae wo wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu; ɛno nti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa. Wɔde ma dwonkyerɛfo.

< Zsoltárok 45 >