< Zsoltárok 21 >

1 Az éneklőmesternek; Dávid zsoltára. Uram, a te erősségedben örül a király, és a te segítségedben felette örvendez.
Dawid dwom. Awurade, ɔhene di anigye wɔ wʼahoɔden mu. Nʼani gye mmoroso wɔ nkonimdi a woma no nti!
2 Szívének kivánságát megadtad néki; és ajkainak kérését nem tagadtad meg. (Szela)
Woama no nea ne koma pɛ; woamfa nʼabisade ankame no.
3 Sőt eléje vitted javaidnak áldásait; szín-arany koronát tettél fejére.
Wode nhyira a edi mu hyiaa no na wode sikakɔkɔɔ ankasa ahenkyɛw hyɛɛ no.
4 Életet kért tőled: adtál néki hosszú időt, örökkévalót és végtelent.
Obisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no, nna tenten a enni awiei.
5 Nagy az ő dicsősége a te segítséged által; fényt és méltóságot adtál reája.
Nkonimdi a woma no nti, nʼanuonyam so; wode kɛseyɛ ne nidi adom no.
6 Sőt áldássá tetted őt örökké, megvidámítottad őt színed örömével.
Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da na woama no ahosɛpɛw wɔ wʼanim anigye mu.
7 Bizony a király bízik az Úrban, és nem inog meg, mert vele a Magasságosnak kegyelme.
Ɔhene no de ne ho to Awurade so; Ɔsorosoroni no nokware dɔ no nti, ɔrenhinhim.
8 Megtalálja kezed minden ellenségedet; jobbod megtalálja gyűlölőidet.
Wo nsa bɛka wʼatamfo nyinaa; wo nsa nifa beso wɔn a wokyi wo no mu.
9 Tüzes kemenczévé teszed őket megjelenésed idején; az Úr az ő haragjában elnyeli őket és tűz emészti meg őket.
Bere a wubeyi wo ho adi no wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a mu adɔ. Awurade fi nʼabufuwhyew mu bɛmene wɔn, na ne gya no ahyew wɔn.
10 Gyümölcsüket kiveszted e földről, és magvokat az emberek fiai közül.
Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so, na wɔn asefo afi adesamma mu.
11 Mert gonoszságot terveztek ellened, csalárdságot gondoltak, de nem vihetik ki;
Ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ pɔw tia wo na wɔyɛ nhyehyɛe bɔne, nanso wɔrenni nkonim;
12 Mert meghátráltatod őket, íved húrjait arczuknak feszíted.
efisɛ wobɛma wɔasan wɔn akyi bere a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so no.
13 Emelkedjél fel Uram, a te erőddel, hadd énekeljünk, hadd zengedezzük hatalmadat!
Yɛma wo so, Awurade, wɔ wʼahoɔden mu; yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Adekyee forote” dwom.

< Zsoltárok 21 >