< Jób 14 >
1 az ember asszony szülöttje, rövid életű és jól lakva háborgással.
“Nnipa a ɔbea awo wɔn nna yɛ tiaa bi na ɔhaw ahyɛ mu mma.
2 Mint virág hajtott ki és elfonnyadt, eliramodott mint az árnyék s meg nem áll.
Ɔfefɛw te sɛ nhwiren na etwintwam; ɔte sɛ sunsuma a ɛretwa mu akɔ, ɔntena hɔ nkyɛ.
3 Erre is fölnyitottad szemedet s engem viszel törvényre magaddal!
Woma wʼani kɔ saa onipa yi so? Wode no bɛba wʼanim abebu no atɛn ana?
4 Származhat-e tiszta tisztátalanból? Egy sem!
Hena na obetumi ayi nea ɛyɛ kronkron afi fi mu? Obiara nni hɔ.
5 Ha kiszabvák napjai, nálad van hónapjainak száma, törvényét megalkottad, melyen túl nem léphet:
Woahyehyɛ onipa nkwa nna; woahyɛ nʼasram dodow ato hɔ na woahyɛ no bere a ɔrentumi ntra.
6 tekints el tőle, hogy szünete legyen, mígnem lerója, mint béres, a napját.
Enti yi wʼani fi ne so na ɔnyɛ nea ɔpɛ, kosi sɛ obewie nʼadwuma sɛ ɔpaani.
7 Mert van a fának reménye: ha kivágják, ismét megújul és csemetéje nem szűnik meg.
“Dua mpo anidaso wɔ hɔ ma no: Sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw bio, na ne mman foforo no rempenpan.
8 Ha megvénül a földben gyökere és a porban elhal törzsöke:
Ne ntin betumi anyin akyɛ asase mu na ne dunsin nso awu wɔ dɔte mu,
9 víznek illatától felvirul és gallyat hajt mint ültetvény.
nanso, onya nsu a ɛfefɛw, na eyiyi mman sɛ dua a wɔatɛw.
10 De férfi elgyengülvén, meghal, kimúlván az ember, hol van?
Nanso sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam; ɔhome nea etwa to a, na afei onni hɔ bio.
11 Kiapadtak a vizek a tengerből, és a folyó elszárad, elszikkad:
Sɛnea nsu tu yera wɔ po mu no, anaa sɛnea suka mu yowee no,
12 az ember is lefekszik s föl nem kél; az ég enyésztéig nem ébrednek ők és nem serkennek föl álmukból.
saa ara na onipa tɔ fam na ɔnsɔre bio; enkosi sɛ ɔsoro betwa mu no, nnipa rensɔre na wɔrennyan wɔn mfi wɔn nna mu.
13 Vajha az alvilágba tennél el engem, elrejtenél, míg lecsillapodik haragod, tűznél nekem törvényt s megemlékeznél rólam. (Sheol )
“Sɛ anka wode me besie ɔda mu de me ahintaw kosi sɛ wʼabufuw betwa mu! Sɛ anka wobɛhyɛ me bere na afei woakae me! (Sheol )
14 Ha elhal férfi, föléled-e? Szolgálati időm minden napjaiban várakoznám, míg nem megjön felváltásom.
Sɛ onipa wu a ɔbɛba nkwa mu bio ana? Mʼaperedi nna mu nyinaa mɛtwɛn akosi sɛ me foforoyɛ bɛba.
15 Szólítanál és én felelnék neked, kezeid műve után vágyakoznál.
Wobɛfrɛ na megye wo so; wʼani begyina abɔde a wo nsa ayɛ.
16 Mert most lépteimet számlálod, nem is várod be vétkemet!
Afei wobɛkan mʼanammɔntu na worenni me bɔne akyi.
17 Zacskóba van pecsételve bűntettem, s betapasztottad bűnömet.
Wɔbɛsɔ me bɔne ano wɔ kotoku mu, na woakata mʼamumɔyɛ so.
18 Azonban düledező hegy szétomlik, szikla is kimozdul helyéből;
“Nanso sɛnea mmepɔw so hohoro na ɛpompono na ɔbotan nso twe fi ne sibea no,
19 köveket szétmorzsol a víz, elsodorja áradása a földnek porát: így veszítetted el a halandónak reményét.
sɛnea nsu yiyi abo ho na osuhweam twe dɔte kɔ no saa ara na wosɛe onipa anidaso.
20 Lebirod örökre, és eltűnt, eltorzítván arczát, elűzted őt.
Wutintim ne so prɛko pɛ, na otwa mu kɔ; wosakra ne nipasu na wugya no kwan.
21 Tiszteletre jutnak fiai – nem tud róluk, csekélyekké válnak, nem veszi őket észre;
Sɛ wɔhyɛ ne mmabarima anuonyam a, onnim; na sɛ wɔbrɛ wɔn ase a, onhu.
22 csak fájdalmat érez teste ő rajta, és lelke gyászol ő benne.
Ɔno ara were mu yaw na ɔtee na ɔno ara ne ho na ogyam.”