< Ezékiel 47 >
1 És visszavitt engem a ház bejáratához; és íme víz jön ki a ház küszöbe alól keletnek, mert a ház előrésze kelet felé volt; a víz pedig lefolyik a ház jobb oldala alól, az oltártól délre.
Ɔbarima no de me sane baa asɔredan no ɛkwan ano, na mehunuu sɛ nsuo firi asɔredan no aboboano ase a ɛtene kɔ apueeɛ fam (na asɔredan no ani hwɛ apueeɛ fam). Na nsuo no tene firii asɔredan no ase wɔ anafoɔ fam; afɔrebukyia no anafoɔ fam.
2 És kivezetett engem az északi kapu útján és kerültetett engem a külső úton a külső kapuhoz, a keletre forduló úton; és íme víz bugyog ki a jobb oldalról.
Ɔde me firii adi faa atifi fam ɛpono no mu na ɔde me faa mfikyire baa abɔntenpono a ani hwɛ apueeɛ no, na na nsuo no tene firi anafoɔ fam.
3 Midőn kiment a férfi keletnek zsinórral a kezében, megmért ezer könyöknyit és átvezetett engem a vízen, bokáig érő vize.
Ɛberɛ a ɔbarima no rekɔ apueeɛ fam a ɔkura susuhoma no, ɔsusuu anammɔn apem ahanum, na afei ɔde me faa nsuo a ɛdeda nan ase mu.
4 Erre mért ezret és átvezetett engem a vize, térdig érő vize; és mért ezret és átvezetett engem derékig érő vize.
Ɔsusuu anammɔn apem ahanum bio na ɔde me faa nsuo a ɛdeda kotodwe mu. Ɔsusuu anammɔn apem ahanum bio na ɔde me faa nsuo a ɛdeda sisie mu.
5 És mért ezret: patak, a melyen nem bírtam átmenni, mert megdagadt a víz úszásra való vízzé, patakká, a melyen nem lehet átmenni.
Ɔsusuu anammɔn apem ahanum bio na afei na nsuo no ayɛ asubɔnten a merentumi ntwa, ɛfiri sɛ na emu dɔ enti, ɛsɛ sɛ wɔdware asubɔnten a obiara ntumi ntwa.
6 És szólt hozzám: Láttad-e, ember fia? Erre elvezetett és visszavitt engem a patak partjára.
Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba wohunu yei anaa?” Afei ɔsane de me baa asubɔnten no konkɔn so.
7 Midőn visszatértem, íme a patak partján igen sok fa, innen és onnan.
Meduruu hɔ no, mehunuu nnua bebree wɔ asubɔnten no nkonkɔn mmienu no so.
8 És szólt hozzám: Ez a víz kifolyik a keleti kerületbe és lefolyik a síkságra és bemegy a tengerbe, a tengerbe a kifolyt víz, és meggyógyul annak vize.
Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsuo yi tene kɔ apueeɛ fam kɔbɔ Araba mu na ɛhɔ na ɛbɔ ɛpo mu. Baabi a ɛbɔ ɛpo mu hɔ nsuo no yɛ deɛ nkyene nni mu.
9 És lészen, minden élő lény, mely nyüzsög bárhová bemegy a két patak, élni fog, és igen sok: lesz a hal, mert oda bement e víz, úgy hogy meggyógyul, és élet lesz, bárhova bemegy a patak.
Baabiara a nsuo no tene fa no, abɔdeɛ a wɔwɔ nkwa bebree bɛtena hɔ. Mpataa bebree bɛba hɔ ɛfiri sɛ saa nsuo no tene fa hɔ na ɛma nsuo a ɛyɛ nkyenkyen no yɛ nsu pa; biribiara yɛ yie wɔ baabiara nsuo no tene fa.
10 És lészen, állanak mellete halászok Én-Géditől Én-Eglájimig, hálók kiterítő helye lesz; neme szerint lesz a haluk, mint a nagy tenger hala, igen sok.
Apofofoɔ bɛgyinagyina mpoano hɔ; ɛfiri En-Gedi kɔsi En-Eglaim. Wɔbɛnya baabi ahata wɔn asau. Mpataa no bɛyɛ ahodoɔ bebree te sɛ mpataa a ɛwɔ Ɛpo kɛseɛ no mu.
11 Mocsarai és tócsái nem gyógyulnak meg, sónak hagyattak meg.
Nanso atɛkyɛ ne aforɔ no deɛ, ɛbɛtena hɔ saa ara. Wɔbɛgya hɔ ama adane nkyene.
12 A patak mellett pedig, a partján innen és onnan, felnő mindenféle gyümölcsfa, nem hervad a levele és nem fogy el a gyümölcse; hónaponként érlel, mert vize a szentélyből jön ki, és lészen gyümölcse eledelre, levele pedig gyógyításra.
Nnuaba nnua ahodoɔ bɛnyini wɔ asubɔnten no konkɔn mmienu no so. Wɔn nhahan rempo, na wɔbɛso aba biribiara. Wɔbɛso aba ɔbosome biara, ɛfiri sɛ nsuo a ɛfiri kronkronbea hɔ no tene kɔ hɔ. Wɔn aba bɛyɛ aduane na wɔde wɔn nhahan asa yadeɛ.”
13 Így szól az Úr, az Örökkévaló: Ez a határ, mely szerint birtokba vegyétek magatoknak az országot Izraél tizenkét törzse számára, Józsefé két rész.
Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Ahyeɛ a wobɛtoto de akyekyɛ asase no mu ama Israel mmusuakuo dumienu no sɛ agyapadeɛ a kyɛfa mmienu bɛyɛ Yosef dea no nie.
14 És birtokba vegyétek azt, egyik úgy mint a másik, amelyről fölemeltem kezemet, hogy őseiteknek adom; és jutni fog nektek ez az ország birtokul.
Wobɛkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ ama wɔn. Ɛfiri sɛ memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom na saa asase yi bɛyɛ mo agyapadeɛ.
15 És ez az ország határa. Az északi oldalról: a nagy tengertől Chetlón útján Czedád felé;
“Yei na ɛbɛyɛ asase no hyeɛ: “Atifi fam hyeɛ no bɛfa Hetlon ɛkwan so akɔfiri Ɛpo kɛseɛ no, atwam Lebo Hamat akɔ Sedad,
16 Chamát, Béróta, Szibrájim, a mely Damaszkus határa és Chamát határa közt van, a középső Cháczér, mely Chavrán határánál van.
Berota ne Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hyeɛ no ntam), na atoa so akɔ Haser-Hatikon a ɛno nso wɔ Hauran hyeɛ so.
17 Lesz tehát a határ a tengertől Chaczár-Énónig Damaszkus határáig és tovább északra Chamát határáig. Ez az északi oldal.
Ɛhyeɛ no bɛfiri ɛpo no, afa Damasko atifi fam hyeɛ so akɔsi Hasar-Enan na Hamat hyeɛ no abɛda atifi fam. Yei na ɛbɛyɛ atifi fam hyeɛ.
18 És a keleti oldal: Chavrán és Damaszkus közül, Gileád és Izraél országa közül, a Jordán; a határtól a keleti tengerig mérjétek. Ez a keleti oldal.
Apueeɛ fam hyeɛ no bɛfiri Hauran ne Damasko ntam afa Yordan a ɛda Gilead ne Israel asase no ntam, atoa so afa apueeɛ fam ɛpo no akɔsi Tamar. Yei na ɛbɛyɛ apueeɛ fam hyeɛ.”
19 És a délvidéki oldal dél felé: Támártól a pörlekedés vizéig Kádésig, a patakig, a nagy tenger felé. Ez a déli oldal délvidéknek.
Anafoɔ fam hyeɛ no bɛfiri Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, na atoa so afa Misraim asuwa akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. Yei na ɛbɛyɛ anafoɔ fam hyeɛ.
20 És a nyugati oldal: a nagy tenger a határtól egészen egyenest Chamát feléig. Ez a nyugati oldal.
Atɔeɛ fam no, Ɛpo Kɛseɛ no bɛyɛ ɛhyeɛ akɔsi beaeɛ bi a ɛne Lebo Hamat di nhwɛanim. Yei bɛyɛ atɔeɛ fam hyeɛ.
21 És osszátok fel magatoknak ezt az országot Izraél törzsri szerint.
“Monkyekyɛ asase yi mma mo ho mo ho, sɛdeɛ Israel mmusuakuo no teɛ.
22 Úgy legyen hogy birtokul juttassátok azt magatoknak és a jövevényeknek, a kik tartózkodnak köztetek, a kik gyermekeket nemzettek köztetek; és legyen nektek mint a honos Izraél fiai közt: veletek együtt jusson nekik birtok Izraél törzsei közepette.
Monkyekyɛ mu sɛ agyapadeɛ mma mo ho ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu a wɔwɔ mma. Ɛsɛ sɛ mofa wɔn sɛ nnipa a wɔawo wɔn sɛ Israelfoɔ te sɛ mo ara; ɛsɛ sɛ wɔnya kyɛfa wɔ Israel mmusuakuo no mu.
23 És legyen, hogy azon törzsben, melynél tartózkodik a jövevény, ott adjátok meg a birtokát. Úgymond az Úr Örökkévaló.
Abusuakuo biara a ɔhɔhoɔ bi bɛdɔm no, emu na ɛsɛ sɛ woma no nʼagyapadeɛ,” Otumfoɔ Awurade asɛm nie.