< यिर्मयाह 27 >

1 योशिय्याह के पुत्र, यहूदा के राजा सिदकिय्याह के राज्य के आरम्भ में यहोवा की ओर से यह वचन यिर्मयाह के पास पहुँचा।
Yudahene Yosia babarima Sedekia adedie ahyɛaseɛ no, asɛm yi firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ,
2 यहोवा ने मुझसे यह कहा, “बन्धन और जूए बनवाकर अपनी गर्दन पर रख।
Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me: “Fa mmeamudua ne nkyehoma yɛ kɔnnua sɛn wo kɔn mu.
3 तब उन्हें एदोम और मोआब और अम्मोन और सोर और सीदोन के राजाओं के पास, उन दूतों के हाथ भेजना जो यहूदा के राजा सिदकिय्याह के पास यरूशलेम में आए हैं।
Fa nkra ma abɔfoɔ a wɔaba Yudahene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem na wɔmfa nkɔma ahemfo a wɔwɔ Edom, Moab, Amon, Tiro ne Sidon.
4 उनको उनके स्वामियों के लिये यह कहकर आज्ञा देना: ‘इस्राएल का परमेश्वर सेनाओं का यहोवा यह कहता है: अपने-अपने स्वामी से यह कहो कि
Fa nkra kɔma wɔn wuranom sɛ: Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Ka yei kyerɛ wo wuranom sɛ:
5 पृथ्वी को और पृथ्वी पर के मनुष्यों और पशुओं को अपनी बड़ी शक्ति और बढ़ाई हुई भुजा के द्वारा मैंने बनाया, और जिस किसी को मैं चाहता हूँ उसी को मैं उन्हें दिया करता हूँ।
Mede me tumi kɛseɛ ne me basa a matene mu yɛɛ asase ne so nnipa ne mmoa a wɔwɔ so, na mede ma obiara a ɔsɔ mʼani.
6 अब मैंने ये सब देश, अपने दास बाबेल के राजा नबूकदनेस्सर को आप ही दे दिए हैं; और मैदान के जीवजन्तुओं को भी मैंने उसे दिया है कि वे उसके अधीन रहें।
Afei, mede mo aman nyinaa bɛhyɛ mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na mede wiram mmoa mpo bɛhyɛ nʼase.
7 ये सब जातियाँ उसके और उसके बाद उसके बेटे और पोते के अधीन उस समय तक रहेंगी जब तक उसके भी देश का दिन न आए; तब बहुत सी जातियाँ और बड़े-बड़े राजा उससे भी अपनी सेवा करवाएँगे।
Amanaman nyinaa bɛsom no ne ne babarima ne ne nanabarima kɔsi sɛ ne berɛ bɛtwam; na afei aman bebree ne ahemfo akɛseakɛseɛ bɛdi ne so.
8 “‘पर जो जाति या राज्य बाबेल के राजा नबूकदनेस्सर के अधीन न हो और उसका जूआ अपनी गर्दन पर न ले ले, उस जाति को मैं तलवार, अकाल और मरी का दण्ड उस समय तक देता रहूँगा जब तक उसको उसके हाथ के द्वारा मिटा न दूँ, यहोवा की यही वाणी है।
“‘Nanso sɛ ɔman bi anaa ahennie bi rensom Babiloniahene Nebukadnessar anaa wɔremfa wɔn kɔn nhyɛ ne kɔnnua ase a, mede akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe saa ɔman no aso, kɔsi sɛ mede ne nsa bɛsɛe no, Awurade na ɔseɛ.
9 इसलिए तुम लोग अपने भविष्यद्वक्ताओं और भावी कहनेवालों और टोनहों और तांत्रिकों की ओर चित्त मत लगाओ जो तुम से कहते हैं कि तुम को बाबेल के राजा के अधीन नहीं होना पड़ेगा।
Ɛno enti monntie mo adiyifoɔ, mo nkɔmhyɛfoɔ, mo adaeɛ asekyerɛfoɔ, mo asamanfrɛfoɔ anaa mo ntafowayifoɔ a wɔka kyerɛ mo sɛ, “Morensom Babiloniahene.”
10 १० क्योंकि वे तुम से झूठी भविष्यद्वाणी करते हैं, जिससे तुम अपने-अपने देश से दूर हो जाओ और मैं आप तुम को दूर करके नष्ट कर दूँ।
Wɔhyɛ mo nkɔmtorɔ a ɛbɛma wɔayi mo afiri mo asase so akɔ akyirikyiri nko ara; mɛpam mo ama mo ase ayera.
11 ११ परन्तु जो जाति बाबेल के राजा का जूआ अपनी गर्दन पर लेकर उसके अधीन रहेगी उसको मैं उसी के देश में रहने दूँगा; और वह उसमें खेती करती हुई बसी रहेगी, यहोवा की यही वाणी है।’”
Nanso, sɛ ɔman biara de ne kɔn bɛhyɛ Babiloniahene kɔnnua no ase na wasom no a, mɛma saa ɔman no aka ɔno ara asase so na wadɔ so atena so, Awurade, na ɔseɛ.’”
12 १२ यहूदा के राजा सिदकिय्याह से भी मैंने ये बातें कहीं: “अपनी प्रजा समेत तू बाबेल के राजा का जूआ अपनी गर्दन पर ले, और उसके और उसकी प्रजा के अधीन रहकर जीवित रह।
Mede saa nkra korɔ no ara kɔmaa Yudahene Sedekia sɛ, “Momfa mo kɔn nhyɛ Babiloniahene kɔnnua ase na monsom ɔno ne ne nkurɔfoɔ na mobɛnya nkwa.
13 १३ जब यहोवा ने उस जाति के विषय जो बाबेल के राजा के अधीन न हो, यह कहा है कि वह तलवार, अकाल और मरी से नाश होगी; तो फिर तू क्यों अपनी प्रजा समेत मरना चाहता है?
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wo ne wo nkurɔfoɔ wuwuo wɔ akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano, sɛdeɛ Awurade de ahunahuna ɔman biara a ɔmpɛ sɛ ɔsom Babiloniahene no?
14 १४ जो भविष्यद्वक्ता तुझ से कहते हैं, ‘तुझको बाबेल के राजा के अधीन न होना पड़ेगा,’ उनकी मत सुन; क्योंकि वे तुझ से झूठी भविष्यद्वाणी करते हैं।
Monntie adiyifoɔ no a wɔka kyerɛ mo sɛ, ‘Morensom Babiloniahene,’ ɛfiri sɛ wɔhyɛ mo nkɔmtorɔ.
15 १५ यहोवा की यह वाणी है कि मैंने उन्हें नहीं भेजा, वे मेरे नाम से झूठी भविष्यद्वाणी करते हैं; और इसका फल यही होगा कि मैं तुझको देश से निकाल दूँगा, और तू उन नबियों समेत जो तुझ से भविष्यद्वाणी करते हैं नष्ट हो जाएगा।”
‘Mensomaa wɔn’ Awurade na ɔseɛ. ‘Wɔhyɛ nkɔmtorɔ wɔ me din mu. Enti, mɛpam mo na moayera, mo ne adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm no.’”
16 १६ तब याजकों और साधारण लोगों से भी मैंने कहा, “यहोवा यह कहता है, तुम्हारे जो भविष्यद्वक्ता तुम से यह भविष्यद्वाणी करते हैं कि ‘यहोवा के भवन के पात्र अब शीघ्र ही बाबेल से लौटा दिए जाएँगे,’ उनके वचनों की ओर कान मत धरो, क्योंकि वे तुम से झूठी भविष्यद्वाणी करते हैं।
Na meka kyerɛɛ asɔfoɔ no ne saa nkurɔfoɔ yi nyinaa sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monntie adiyifoɔ no a wɔhyɛ mo nkɔm sɛ, ‘Ɛrenkyɛre koraa wɔde Awurade efie nneɛma no bɛfiri Babilonia aba.’ Wɔhyɛ nkɔmtorɔ kyerɛ mo.
17 १७ उनकी मत सुनो, बाबेल के राजा के अधीन होकर और उसकी सेवा करके जीवित रहो।
Monntie wɔn. Monsom Babiloniahene na mobɛnya nkwa. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ saa kuropɔn yi sɛeɛ?
18 १८ यह नगर क्यों उजाड़ हो जाए? यदि वे भविष्यद्वक्ता भी हों, और यदि यहोवा का वचन उनके पास हो, तो वे सेनाओं के यहोवा से विनती करें कि जो पात्र यहोवा के भवन में और यहूदा के राजा के भवन में और यरूशलेम में रह गए हैं, वे बाबेल न जाने पाएँ।
Sɛ wɔyɛ adiyifoɔ na Awurade asɛm wɔ wɔn mu a, ma wɔn nkoto nsrɛ Asafo Awurade na nneɛma a wɔde siesie dan mu a aka wɔ Awurade efie ne Yudahene ahemfie ne Yerusalem no, wɔamfa ankɔ Babilonia.
19 १९ क्योंकि सेनाओं का यहोवा यह कहता है कि जो खम्भे और पीतल की नाँद, गंगाल और कुर्सियाँ और अन्य पात्र इस नगर में रह गए हैं,
Na yei ne deɛ Asafo Awurade ka fa kɔbere mfrafraeɛ afadum, Ɛpo, nnyinasoɔ a wɔtumi pia ne nneɛma a wɔde siesie dan mu no a aka wɔ kuropɔn yi mu no ho.
20 २० जिन्हें बाबेल का राजा नबूकदनेस्सर उस समय न ले गया जब वह यहोयाकीम के पुत्र यहूदा के राजा यकोन्याह को और यहूदा और यरूशलेम के सब कुलीनों को बन्दी बनाकर यरूशलेम से बाबेल को ले गया था,
Deɛ Babiloniahene Nebukadnessar amfa ankɔ ɛberɛ a ɔbɛfaa Yudahene Yehoiakim babarima Yehoiakin ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma firii Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia no.
21 २१ जो पात्र यहोवा के भवन में और यहूदा के राजा के भवन में और यरूशलेम में रह गए हैं, उनके विषय में इस्राएल का परमेश्वर सेनाओं का यहोवा यह कहता है कि वे भी बाबेल में पहुँचाए जाएँगे;
Aane, yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka fa nneɛma a aka wɔ Awurade efie, Yudahene ahemfie ne Yerusalem no ho:
22 २२ और जब तक मैं उनकी सुधि न लूँ तब तक वहीं रहेंगे, और तब मैं उन्हें लाकर इस स्थान में फिर रख दूँगा, यहोवा की यही वाणी है।”
‘Wɔbɛfa akɔ Babilonia, na ɛhɔ na ɛbɛka kɔsi da a mɛba abɛfa,’ Awurade na ɔseɛ. ‘Afei mede nneɛma no bɛsane aba bio abɛsisi wɔn siberɛ wɔ ha.’”

< यिर्मयाह 27 >