< यशायाह 17 >

1 दमेशेक के विरोध में एक भविष्यवाणी: दमेशेक एक नगर न रहकर खंडहरों का एक ढेर बन जाएगा.
Nkɔmhyɛ a ɛfa Damasko ho: “Hwɛ, Damasko renyɛ kuropɔn bio ɛbɛdan ayɛ nnwiriwii siw.
2 अरोअर के नगर उजाड़ कर दिए गए हैं वहां पशु चरेंगे और आराम करेंगे और उन्हें भगाने वाला कोई नहीं होगा.
Aroer nkuropɔn bɛdan amamfo na wɔagyaw ama nguankuw ama wɔadeda hɔ, a obiara renyi wɔn hu.
3 एफ्राईम के गढ़ गुम हो जाएंगे, दमेशेक के राज्य में कोई नहीं बचेगा; यह सर्वशक्तिमान याहवेह की यह वाणी है.
Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera wɔ Efraim, adehyetumi nso befi Damasko; Aram nkae bɛyɛ Israelfo anuonyam,” Sɛnea Asafo Awurade se ni.
4 “उस दिन याकोब का वैभव कम हो जाएगा; और उसका शरीर कमजोर हो जाएगा.
“Da no Yakob anuonyam bɛpa; na ne mu srade bɛsa.
5 और ऐसा होगा जैसा फसल काटकर बालों को बांधे, या रेफाइम नामक तराई में सिला बीनता हो.
Ɛbɛyɛ sɛnea nnɔbaetwafo twa aburow a egyina afuw so na ɔde ne nsa penpan, sɛ bere a obi redi mpɛpɛwa wɔ Refaim Bon mu.
6 जैतून के पेड़ को झाड़ने पर कुछ फल नीचे रह जाते हैं, उसी प्रकार इसमें भी बीनने के लिए कुछ बच जाएगा,” यह याहवेह, इस्राएल के परमेश्वर की वाणी है.
Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka, sɛnea wɔwosow ngodua a ɛyɛ no, ɛka aba no abien anaa abiɛsa wɔ atifi mman no so, ne anan anaa anum wɔ mman a ɛso no so,” sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni.
7 उस दिन मनुष्य अपने सृष्टिकर्ता की ओर अपनी आंखें उठाएंगे और उनकी दृष्टि इस्राएल के उस पवित्र की ओर होगी.
Saa da no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfo so na wɔadan wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no.
8 वह अपनी बनाई हुई धूप वेदी और अशेरा नामक मूर्ति या सूर्य को न देखेगा.
Wɔremfa wɔn ho nto afɔremuka a ɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so, na wobebu Asera nnua ne nnuhuam afɔremuka a wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtiaa.
9 उस समय उनके गढ़वाले नगर, घने बंजर भूमि हो जाएंगे अथवा जो इस्राएल के डर से छोड़ दिए गए हो, उन्हें नष्ट कर दिया जाएगा.
Da no wɔn nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ dennen, a Israelfo nti wogyaw hɔ no, bɛyɛ sɛ mmeaemmeae a wɔagyaw ama nnɔtɔ ne nwura. Ne nyinaa bɛda mpan.
10 क्योंकि तुम अपने उद्धारकर्ता परमेश्वर को भूल गए; और अपनी चट्टान को याद नहीं किया, इसलिये तब चाहे तुम अच्छे पौधे और किसी अनजान के लिए दाख की बारी लगाओ,
Mo werɛ afi Onyankopɔn, mo Agyenkwa, na monkaee Ɔbotan no, mo abandennen no. Enti ɛwɔ mu sɛ mopɛ nnua papa na mudua bobe a moatɔ afi amannɔne,
11 उगाने के बाद तुम इसे बढ़ा भी लो और जो बीज तुमने लगाया और उसमें कोपल निकल आये, किंतु दुःख और तकलीफ़ के कारण उपज की कोई खुशी नहीं प्राप्‍त होगी.
ɛwɔ mu, da a muduae no, moma enyinii anɔpa a muduae no, moma eguu nhwiren, nanso otwa no renyɛ hwee sɛ ɔyare ne ɔyaw a wontumi nsa.
12 हाय देश-देश के बहुत से लोगों का कैसा अपमान हो रहा है— वे समुद्र की लहरों के समान उठते हैं! और प्रचंड धारा के समान दहाड़ते हैं!
Nnome nka aman dodow a wohuru so no, wohuru so te sɛ po a ɛrebɔ asorɔkye! Nnome nka nnipa dodow a wɔworo so, wɔworo so sɛ asu akɛse!
13 जैसे पहाडों से भूसी और धूल उड़कर फैलती है, वैसे ही राज्य-राज्य के लोग बाढ़ में बहते हुए बिखर जाएंगे.
Ɛwɔ mu, nnipa dodow woro so te sɛ, asu a ɛresen mmirika so, sɛ ɔka wɔn anim a woguan kɔ akyirikyiri, te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bepɔw so te sɛ nweatam so nwura a mframaden rebɔ no.
14 शाम को तो घबराहट होती है! परंतु सुबह वे गायब हो जाते हैं! यह उनके लिए है जिन्होंने हमें लूटा है, और इससे भी ज्यादा उनके लिए जिन्होंने हमें सताया है.
Anwummere, wɔbɔ yɛn hu awerɛfiri mu ansa na ade bɛkyɛ no na wɔkɔ dedaw! wɔn a wɔfow yɛn nneɛma, ne wɔn a wɔbɔ yɛn korɔn kyɛfa ni.

< यशायाह 17 >