< תהילים 85 >
למנצח לבני קרח מזמור רצית יהוה ארצך שבת שבות יעקב׃ | 1 |
Koramma dwom. Wo Awurade, wodom wʼasase; wode Yakob ahonyade san maa no.
נשאת עון עמך כסית כל חטאתם סלה׃ | 2 |
Wode wo nkurɔfo bɔne kyɛɛ wɔn na wokataa wɔn nnebɔne nyinaa so.
אספת כל עברתך השיבות מחרון אפך׃ | 3 |
Wode wʼabufuw nyinaa too nkyɛn na wodan fii wʼabufuwhyew ho.
שובנו אלהי ישענו והפר כעסך עמנו׃ | 4 |
San gye yɛn bio, Onyankopɔn, yɛn Gyefo, na ma wʼani nnye yɛn ho.
הלעולם תאנף בנו תמשך אפך לדר ודר׃ | 5 |
Wo bo befuw yɛn akosi daa ana? Wʼabufuw bɛtoa so akɔ awo ntoantoaso nyinaa so ana?
הלא אתה תשוב תחינו ועמך ישמחו בך׃ | 6 |
Worenhyɛ yɛn den bio, na ama wo nkurɔfo asɛpɛw wɔn ho wɔ wo mu ana?
הראנו יהוה חסדך וישעך תתן לנו׃ | 7 |
Awurade, kyerɛ yɛn wo dɔ a ɛnsa da no, na ma yɛn wo nkwagye no.
אשמעה מה ידבר האל יהוה כי ידבר שלום אל עמו ואל חסידיו ואל ישובו לכסלה׃ | 8 |
Metie nea Awurade Nyankopɔn bɛka; ɔde asomdwoe hyɛ ne nkurɔfo, ahotefo no bɔ, enti ɛnsɛ sɛ wɔsan kɔ agyimisɛm ho.
אך קרוב ליראיו ישעו לשכן כבוד בארצנו׃ | 9 |
Ampa ara, ne nkwagye bɛn wɔn a wosuro no, na nʼanuonyam bɛtena yɛn asase so.
חסד ואמת נפגשו צדק ושלום נשקו׃ | 10 |
Ɔdɔ ne nokwaredi behyia, na trenee ne asomdwoe befew wɔn ho wɔn ho ano.
אמת מארץ תצמח וצדק משמים נשקף׃ | 11 |
Nokwaredi bepue afi asase no so, na trenee ahwɛ afi ɔsoro.
גם יהוה יתן הטוב וארצנו תתן יבולה׃ | 12 |
Awurade bɛma yɛn nea eye ampa ara na yɛn asase bɛma ne nnɔbae.
צדק לפניו יהלך וישם לדרך פעמיו׃ | 13 |
Trenee di nʼanim siesie ɔkwan ma nʼanammɔntu.