< תהילים 75 >

למנצח אל תשחת מזמור לאסף שיר הודינו לך אלהים הודינו וקרוב שמך ספרו נפלאותיך׃ 1
Asaf dwom. Onyankopɔn, yɛda wo ase, yɛda wo ase, efisɛ wo Din abɛn; nnipa ka wʼanwonwade kyerɛ.
כי אקח מועד אני מישרים אשפט׃ 2
Woka se, “Me na mehyɛɛ bere a ɛsɛ no; ɛyɛ me na mibu atɛntrenee.
נמגים ארץ וכל ישביה אנכי תכנתי עמודיה סלה׃ 3
Sɛ asase ne so nnipa nyinaa wosow a, me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn.
אמרתי להוללים אל תהלו ולרשעים אל תרימו קרן׃ 4
Meka kyerɛ ahantanfo se, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’ na meka kyerɛ amumɔyɛfo nso se, ‘Mommma mo mmɛn so.
אל תרימו למרום קרנכם תדברו בצואר עתק׃ 5
Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro; mommfa animtiaabu nkasa.’”
כי לא ממוצא וממערב ולא ממדבר הרים׃ 6
Obiara mmfi apuei anaa atɔe anaa sare no so a obetumi ama obi so.
כי אלהים שפט זה ישפיל וזה ירים׃ 7
Ɛyɛ Onyankopɔn na obu atɛn: Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforo so.
כי כוס ביד יהוה ויין חמר מלא מסך ויגר מזה אך שמריה ימצו ישתו כל רשעי ארץ׃ 8
Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam nsa bi a etwa ahuru a wɔde nnuhuam afra ahyɛ no ma; ohwie, na asase so amumɔyɛfo nyinaa nom ma ɛka ase puw.
ואני אגיד לעלם אזמרה לאלהי יעקב׃ 9
Me de, mɛpae mu aka eyi daa daa; mɛto ayeyi dwom ama Yakob Nyankopɔn.
וכל קרני רשעים אגדע תרוממנה קרנות צדיק׃ 10
Mebubu amumɔyɛfo nyinaa mmɛn, na atreneefo mmɛn de, wɔbɛma so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.

< תהילים 75 >