< תהילים 73 >
מזמור לאסף אך טוב לישראל אלהים לברי לבב׃ | 1 |
Asaf dwom. Ampa ara Onyankopɔn ye ma Israel, oye ma wɔn a wɔn koma mu tew.
ואני כמעט נטוי רגלי כאין שפכה אשרי׃ | 2 |
Nanso me de, anka me nan reyɛ awatiri; anka merehwere me nnyinaso,
כי קנאתי בהוללים שלום רשעים אראה׃ | 3 |
efisɛ mʼani beree ahantanfo bere a mihuu amumɔyɛfo yiyedi no.
כי אין חרצבות למותם ובריא אולם׃ | 4 |
Wonni aperepere; na wɔwɔ ahoɔden ne apɔwmuden.
בעמל אנוש אינמו ועם אדם לא ינגעו׃ | 5 |
Dadwen a ɛtaa ba nnipa so biara nna wɔn so; ɔdesani haw biara nna wɔn so.
לכן ענקתמו גאוה יעטף שית חמס למו׃ | 6 |
Enti ahantan yɛ wɔn kɔnmuade, na wofura akakabensɛm.
יצא מחלב עינמו עברו משכיות לבב׃ | 7 |
Wɔn koma a apirim no mu na nnebɔne fi; na wɔn amumɔyɛ adwene nni awiei.
ימיקו וידברו ברע עשק ממרום ידברו׃ | 8 |
Wɔserew afoforo na wɔka wɔn ho nsɛm a enye; wɔde nhyɛso hunahuna afoforo wɔ ahomaso mu.
שתו בשמים פיהם ולשונם תהלך בארץ׃ | 9 |
Wɔn ano ka ɔsoro nsɛm, na wɔn tɛkrɛma agye asase afa.
לכן ישיב עמו הלם ומי מלא ימצו למו׃ | 10 |
Ɛno nti wɔn nkurɔfo kɔ wɔn nkyɛn na wonya nsu nom ma ebu so.
ואמרו איכה ידע אל ויש דעה בעליון׃ | 11 |
Wobisa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahu? Na Ɔsorosoroni no wɔ nhumu ana?”
הנה אלה רשעים ושלוי עולם השגו חיל׃ | 12 |
Sɛɛ na amumɔyɛfo no te, hwee mfa wɔn ho, na wɔkɔ so pɛ ahonyade.
אך ריק זכיתי לבבי וארחץ בנקיון כפי׃ | 13 |
Ampa ara, mannya hwee amfi me komamtew mu; me nsa a enni fɔ no ayɛ ɔkwa.
ואהי נגוע כל היום ותוכחתי לבקרים׃ | 14 |
Da mu nyinaa mihu amane; anɔpa biara wɔtwe mʼaso.
אם אמרתי אספרה כמו הנה דור בניך בגדתי׃ | 15 |
Sɛ mekae se, “Mɛkasa saa” a, anka midii wo mma no huammɔ.
ואחשבה לדעת זאת עמל היא בעיני׃ | 16 |
Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte eyinom nyinaa ase, nanso na ɛhyɛ me so
עד אבוא אל מקדשי אל אבינה לאחריתם׃ | 17 |
kosii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ; ɛhɔ na metee nea awiei no ɛbɛba wɔn so no ase.
אך בחלקות תשית למו הפלתם למשואות׃ | 18 |
Ampa ara wode wɔn gu faako a hɔ yɛ toro wode wɔn hwe fam sɛe wɔn pasaa.
איך היו לשמה כרגע ספו תמו מן בלהות׃ | 19 |
Sɛnea wɔsɛe prɛko pɛ, na ehu hwim wɔn kɔ no.
כחלום מהקיץ אדני בעיר צלמם תבזה׃ | 20 |
Ɛte sɛ adaeso, bere a onipa anyan, Awurade, sɛ wokanyan wo ho a, wubebu wʼani agu wɔn so sɛ biribi a enni hɔ.
כי יתחמץ לבבי וכליותי אשתונן׃ | 21 |
Bere a awerɛhow hyɛɛ me koma mu na me honhom dii yaw no,
ואני בער ולא אדע בהמות הייתי עמך׃ | 22 |
meyɛɛ sɛ obi a onnim hwee na onni adwene; meyɛɛ sɛ aboa gyimfo wɔ wʼanim.
ואני תמיד עמך אחזת ביד ימיני׃ | 23 |
Nanso na me ne wo wɔ hɔ bere biara; na wode wo nsa nifa aso me mu.
בעצתך תנחני ואחר כבוד תקחני׃ | 24 |
Wode wʼafotu kyerɛ me kwan; na akyiri no, wode me bɛkɔ anuonyam mu.
מי לי בשמים ועמך לא חפצתי בארץ׃ | 25 |
Hena na mewɔ wɔ ɔsoro ka wo ho? Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho.
כלה שארי ולבבי צור לבבי וחלקי אלהים לעולם׃ | 26 |
Me honam, ne me koma bedi me huammɔ, nanso Onyankopɔn ne me koma ahoɔden ne me kyɛfa daa nyinaa.
כי הנה רחקיך יאבדו הצמתה כל זונה ממך׃ | 27 |
Wɔn a wɔmmɛn wo no bɛyera. Wosɛe wɔn a wonni wo nokware nyinaa.
ואני קרבת אלהים לי טוב שתי באדני יהוה מחסי לספר כל מלאכותיך׃ | 28 |
Nanso me de, minim sɛ eye sɛ wobɛbɛn Onyankopɔn. Mede Otumfo Awurade ayɛ me guankɔbea; mɛka wo nneyɛe nyinaa akyerɛ.