< תהילים 56 >

למנצח על יונת אלם רחקים לדוד מכתם באחז אתו פלשתים בגת חנני אלהים כי שאפני אנוש כל היום לחם ילחצני׃ 1
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Aburuburo a ɔsi Akyirikyiri Odum so.” Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a Filistifoɔ kyeree no wɔ Gat no. Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibereɛ so; da mu nyinaa, wɔmia mmirika a wɔtu wɔtaa me no mu.
שאפו שוררי כל היום כי רבים לחמים לי מרום׃ 2
Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa; wɔn a wɔma wɔn ho so tia me dɔɔso.
יום אירא אני אליך אבטח׃ 3
Sɛ mebɔ hu a, mede me ho bɛto wo so.
באלהים אהלל דברו באלהים בטחתי לא אירא מה יעשה בשר לי׃ 4
Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro. Ɛdeɛn na onipa dasani bɛtumi ayɛ me?
כל היום דברי יעצבו עלי כל מחשבתם לרע׃ 5
Ɛda mu nyinaa wɔgye mʼano si bɔne; ɛberɛ biara wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛteetee me.
יגורו יצפינו המה עקבי ישמרו כאשר קוו נפשי׃ 6
Wɔbɔ pɔ, na wɔtetɛ, wɔhwɛ mʼanammɔntuo, na wɔpere sɛ wɔbɛkum me.
על און פלט למו באף עמים הורד אלהים׃ 7
Ɛkwan biara so, mma wɔmfa wɔn ho nni; Ao Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuo mu.
נדי ספרתה אתה שימה דמעתי בנאדך הלא בספרתך׃ 8
Twerɛ me kwadwom to hɔ; sese me nisuo wɔ wo nwoma mmobɔeɛ no mu. Ɛnni deɛ woatwerɛ ato hɔ no mu anaa?
אז ישובו אויבי אחור ביום אקרא זה ידעתי כי אלהים לי׃ 9
Sɛ mepɛ mmoa firi wo hɔ a, mʼatamfoɔ bɛsane wɔn akyi. Yei bɛma mahunu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.
באלהים אהלל דבר ביהוה אהלל דבר׃ 10
Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, Awurade a mekamfo nʼasɛm no,
באלהים בטחתי לא אירא מה יעשה אדם לי׃ 11
mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro. Ɛdeɛn na ɔdasani bɛtumi ayɛ me?
עלי אלהים נדריך אשלם תודת לך׃ 12
Ao Onyankopɔn, mehyɛ ɛbɔ a mahyɛ wo no ase, mede mʼaseda afɔdeɛ bɛbrɛ wo.
כי הצלת נפשי ממות הלא רגלי מדחי להתהלך לפני אלהים באור החיים׃ 13
Ɛfiri sɛ, woagye me afiri owuo mu, woamma me nan ansunti, sɛdeɛ mɛtumi anante Onyankopɔn anim wɔ nkwa hann mu.

< תהילים 56 >