< תהילים 55 >

למנצח בנגינת משכיל לדוד האזינה אלהים תפלתי ואל תתעלם מתחנתי׃ 1
Dawid “maskil” dwom. Ao Onyankopɔn, tie me mpaebɔ, mmu wʼani ngu me nkotosrɛ so,
הקשיבה לי וענני אריד בשיחי ואהימה׃ 2
tie me na gye me so. Me dadwen haw me na ama mayɛ basaa,
מקול אויב מפני עקת רשע כי ימיטו עלי און ובאף ישטמוני׃ 3
esiane nea me tamfo reka, esiane omumɔyɛfo ahunahuna nti; efisɛ wɔde amanehunu ba me so; na wofi wɔn abufuw mu kum me.
לבי יחיל בקרבי ואימות מות נפלו עלי׃ 4
Me koma wɔ ahoyeraw mu; na owu huboa aba me so.
יראה ורעד יבא בי ותכסני פלצות׃ 5
Ehu ne ahopopo akyekyere me. Ahodwiriw abu afa me so.
ואמר מי יתן לי אבר כיונה אעופה ואשכנה׃ 6
Mekae se, “Ao, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburu a, anka metu akɔ ama me ho atɔ me,
הנה ארחיק נדד אלין במדבר סלה׃ 7
anka metu akɔ akyirikyiri akɔtena sare so;
אחישה מפלט לי מרוח סעה מסער׃ 8
anka mɛyɛ ntɛm akɔ me hintabea, faako a mframahweam ne ahum mmɛn koraa.”
בלע אדני פלג לשונם כי ראיתי חמס וריב בעיר׃ 9
Awurade, ma amumɔyɛfo nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto, efisɛ mihu basabasayɛ ne aperepere wɔ kuropɔn no mu.
יומם ולילה יסובבה על חומתיה ואון ועמל בקרבה׃ 10
Awia ne anadwo wɔtetɛw nʼafasu ho; adwemmɔne ne asisi wɔ mu.
הוות בקרבה ולא ימיש מרחבה תך ומרמה׃ 11
Adesɛefo dɔm reyɛ adwuma wɔ kuropɔn no mu. Ahunahuna ne nnaadaa wɔ ne mmɔnten so daa.
כי לא אויב יחרפני ואשא לא משנאי עלי הגדיל ואסתר ממנו׃ 12
Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔresopa me a, anka metumi agyina ano; sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔrema ne ho so atia me a, anka metumi de me ho ahintaw no.
ואתה אנוש כערכי אלופי ומידעי׃ 13
Nanso ɛyɛ wo, ɔdesani te sɛ me, me yɔnko, mʼadamfo kann,
אשר יחדו נמתיק סוד בבית אלהים נהלך ברגש׃ 14
a kan no na me ne no wɔ ayɔnkofa a mu yɛ den bere a yɛn nyinaa bɔɔ mu yuu kɔɔ Onyankopɔn fi na yɛka asomfo no ho no.
ישימות עלימו ירדו שאול חיים כי רעות במגורם בקרבם׃ (Sheol h7585) 15
Ma owu mmɛfa mʼatamfo mpofirim; ma wɔnkɔ ɔda mu anikann, efisɛ bɔne te wɔn mu. (Sheol h7585)
אני אל אלהים אקרא ויהוה יושיעני׃ 16
Nanso misu frɛ Onyankopɔn, na Awurade gye me nkwa.
ערב ובקר וצהרים אשיחה ואהמה וישמע קולי׃ 17
Anwummere, anɔpa ne awia, mede mmɔborɔnne su frɛ no, na ɔte me nne.
פדה בשלום נפשי מקרב לי כי ברבים היו עמדי׃ 18
Ɔde ne ho bɔ afɔre ma minya me ti didi mu wɔ ako a wodi tia me no mu, mpo dodow na wɔsɔre tia me.
ישמע אל ויענם וישב קדם סלה אשר אין חליפות למו ולא יראו אלהים׃ 19
Onyankopɔn a wɔasi no hene afebɔɔ no, ɔbɛte wɔn nka na wahaw wɔn, ɔbɛhaw nnipa a wɔnsakra wɔn akwan da na wonsuro Onyankopɔn nso.
שלח ידיו בשלמיו חלל בריתו׃ 20
Me yɔnko tow hyɛ ne nnamfonom so; na obu nʼapam so.
חלקו מחמאת פיו וקרב לבו רכו דבריו משמן והמה פתחות׃ 21
Ɔwɔ tɛkrɛmawo, nanso ɔtan wɔ ne koma mu. Nʼano asɛm dwudwo sen ngo, nanso ɛyɛ afoa a wɔatwe.
השלך על יהוה יהבך והוא יכלכלך לא יתן לעולם מוט לצדיק׃ 22
Fa wo haw to Awurade so na ɔno na obegye wo; ɔremma ɔtreneeni nhwe ase.
ואתה אלהים תורדם לבאר שחת אנשי דמים ומרמה לא יחצו ימיהם ואני אבטח בך׃ 23
Nanso wo, Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumɔyɛfo ase ama wɔakɔ ɔporɔw amoa mu; mogyapɛfo ne nnaadaafo renni wɔn nkwanna mu fa. Nanso me de, mede me ho to wo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Aburuburu a osi Akyirikyiri Odum so,” nne so.

< תהילים 55 >