< תהילים 53 >

למנצח על מחלת משכיל לדוד אמר נבל בלבו אין אלהים השחיתו והתעיבו עול אין עשה טוב׃ 1
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde “mahalat” sankuo nne na ɛto. Dawid dwom. Ɔkwasea ka nʼakoma mu sɛ, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔ, na wɔn akwan yɛ animguaseɛ. Baako koraa nni hɔ a ɔyɛ ade pa.
אלהים משמים השקיף על בני אדם לראות היש משכיל דרש את אלהים׃ 2
Onyankopɔn firi soro hwɛ adasamma wɔ fam sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.
כלו סג יחדו נאלחו אין עשה טוב אין גם אחד׃ 3
Obiara amane; wɔn nyinaa ayɛ bɔne; wɔn mu bi nni hɔ a ɔyɛ papa; ɔbaako mpo nni hɔ.
הלא ידעו פעלי און אכלי עמי אכלו לחם אלהים לא קראו׃ 4
Enti abɔnefoɔ rensua nyansa anaa? Wɔwe me nkurɔfoɔ sɛdeɛ nnipa di aduane. Wɔnnsu mfrɛ Onyankopɔn.
שם פחדו פחד לא היה פחד כי אלהים פזר עצמות חנך הבשתה כי אלהים מאסם׃ 5
Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa! Wɔn ho popo wɔ beaeɛ a ehu nni hɔ. Onyankopɔn bɛhwete wʼatamfoɔ no nnompe agu; wobɛgu wɔn anim ase, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu wɔn animtiaa.
מי יתן מציון ישעות ישראל בשוב אלהים שבות עמו יגל יעקב ישמח ישראל׃ 6
Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra! Onyankopɔn bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn. Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!

< תהילים 53 >