< תהילים 51 >
למנצח מזמור לדוד בבוא אליו נתן הנביא כאשר בא אל בת שבע חנני אלהים כחסדך כרב רחמיך מחה פשעי׃ | 1 |
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom a ɔtoo no ɛberɛ a ɔde ne ho kaa Batseba na odiyifoɔ Natan kɔɔ ne nkyɛn no. Ao Onyankopɔn hunu me mmɔbɔ, sɛdeɛ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no teɛ; wʼahummɔborɔ kɛseɛ no enti, pepa me mmarato.
הרבה כבסני מעוני ומחטאתי טהרני׃ | 2 |
Hohoro mʼamumuyɛ nyinaa na te me ho firi me bɔne mu!
כי פשעי אני אדע וחטאתי נגדי תמיד׃ | 3 |
Na mahunu me mmarato, na mekae me bɔne daa.
לך לבדך חטאתי והרע בעיניך עשיתי למען תצדק בדברך תזכה בשפטך׃ | 4 |
Mayɛ mfomsoɔ atia wo; atia wo nko ara na mayɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so, enti, wodi bem wɔ wo kasa mu na wotene wɔ wʼatemmuo mu.
הן בעוון חוללתי ובחטא יחמתני אמי׃ | 5 |
Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu, na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me.
הן אמת חפצת בטחות ובסתם חכמה תודיעני׃ | 6 |
Ampa ara nokorɛ na wohwehwɛ wɔ me mu. Wokyerɛ me nyansa a emu dɔ.
תחטאני באזוב ואטהר תכבסני ומשלג אלבין׃ | 7 |
Fa hisope hohoro me ho, na me ho bɛte; dware me, na mɛhoa asene sukyerɛmma.
תשמיעני ששון ושמחה תגלנה עצמות דכית׃ | 8 |
Ma mente ahosɛpɛ ne anigyeɛ nka; na ma nnompe a woabubuo no nni ahurisie.
הסתר פניך מחטאי וכל עונתי מחה׃ | 9 |
Kata wʼani wɔ me bɔne ho na pepa mʼamumuyɛ nyinaa.
לב טהור ברא לי אלהים ורוח נכון חדש בקרבי׃ | 10 |
Ao Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ wɔ me mu, na ma me honhom foforɔ a ɛdi wo nokorɛ.
אל תשליכני מלפניך ורוח קדשך אל תקח ממני׃ | 11 |
Mpamo me mfiri wʼanim na ɛnyi wo Honhom Kronkron mfiri me mu.
השיבה לי ששון ישעך ורוח נדיבה תסמכני׃ | 12 |
Fa wo nkwagyeɛ mu anigyeɛ no ma me bio na ma me ɔsetie honhom a ɛbɛkura me.
אלמדה פשעים דרכיך וחטאים אליך ישובו׃ | 13 |
Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ wʼakwan, na amumuyɛfoɔ bɛsane aba wo nkyɛn.
הצילני מדמים אלהים אלהי תשועתי תרנן לשוני צדקתך׃ | 14 |
Ao Onyankopɔn, gye me firi mogya ho afɔdie mu. Onyame a wogye me nkwa, na me tɛkrɛma bɛto wo tenenee ho dwom.
אדני שפתי תפתח ופי יגיד תהלתך׃ | 15 |
Ao Awurade, bue mʼano fafa, na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayɛyie.
כי לא תחפץ זבח ואתנה עולה לא תרצה׃ | 16 |
Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ; wʼani nnye ɔhyeɛ afɔdeɛ ho.
זבחי אלהים רוח נשברה לב נשבר ונדכה אלהים לא תבזה׃ | 17 |
Onyankopɔn afɔdeɛ a ɔpɛ yɛ honhom a abotoɔ. Ao Onyankopɔn, worempo ahonu ne ahobrɛaseɛ akoma.
היטיבה ברצונך את ציון תבנה חומות ירושלם׃ | 18 |
Ao Onyankopɔn, ma Sion nya nkɔsoɔ wɔ wʼanigyeɛ mu; na to Yerusalem afasuo.
אז תחפץ זבחי צדק עולה וכליל אז יעלו על מזבחך פרים׃ | 19 |
Afei afɔrebɔ a ɛho teɛ bɛba, ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛdi mu a ɛbɛsɔ wʼani; na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔdeɛ wʼafɔrebukyia so.