< תהילים 51 >
למנצח מזמור לדוד בבוא אליו נתן הנביא כאשר בא אל בת שבע חנני אלהים כחסדך כרב רחמיך מחה פשעי׃ | 1 |
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom a ɔtoo no bere a ɔde ne ho kaa Batseba na odiyifo Natan kɔɔ ne nkyɛn no. Ao, Onyankopɔn hu me mmɔbɔ, sɛnea wʼadɔe a ɛnsa da no te; wʼahummɔbɔ kɛse no nti, pepa me mmarato.
הרבה כבסני מעוני ומחטאתי טהרני׃ | 2 |
Hohoro mʼamumɔyɛ nyinaa na tew me ho fi me bɔne mu!
כי פשעי אני אדע וחטאתי נגדי תמיד׃ | 3 |
Na mahu me mmarato, na mekae me bɔne daa.
לך לבדך חטאתי והרע בעיניך עשיתי למען תצדק בדברך תזכה בשפטך׃ | 4 |
Mayɛ mfomso atia wo; atia wo nko ara na mayɛ nea ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so, enti wudi bem wɔ wʼatemmu mu na woteɛ wɔ wʼatemmu mu.
הן בעוון חוללתי ובחטא יחמתני אמי׃ | 5 |
Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu, na bɔne mu na me na nyinsɛn me.
הן אמת חפצת בטחות ובסתם חכמה תודיעני׃ | 6 |
Ampa ara nokware na wohwehwɛ wɔ me mu. Wokyerɛ me nyansa a mu dɔ.
תחטאני באזוב ואטהר תכבסני ומשלג אלבין׃ | 7 |
Fa adwerɛ hohoro me ho, na me ho afi; guare me, na mɛhoa asen sukyerɛmma.
תשמיעני ששון ושמחה תגלנה עצמות דכית׃ | 8 |
Ma mente ahosɛpɛw ne anigye nka; na ma nnompe a woabubu no nni ahurusi.
הסתר פניך מחטאי וכל עונתי מחה׃ | 9 |
Kata wʼani wɔ me bɔne ho na pepa mʼamumɔyɛ nyinaa.
לב טהור ברא לי אלהים ורוח נכון חדש בקרבי׃ | 10 |
Ao, Onyankopɔn, bɔ koma a mu tew wɔ me mu, na yɛ honhom a atim no foforo wɔ me mu.
אל תשליכני מלפניך ורוח קדשך אל תקח ממני׃ | 11 |
Mpam me mfi wʼanim, na nyi wo Honhom Kronkron mfi me mu.
השיבה לי ששון ישעך ורוח נדיבה תסמכני׃ | 12 |
Fa wo nkwagye mu anigye no ma me bio, na ma me ɔpɛ honhom a ɛbɛma magyina.
אלמדה פשעים דרכיך וחטאים אליך ישובו׃ | 13 |
Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfo wʼakwan, na amumɔyɛfo bɛsan aba wo nkyɛn.
הצילני מדמים אלהים אלהי תשועתי תרנן לשוני צדקתך׃ | 14 |
Ao, Onyankopɔn, gye me fi mogya ho afɔdi mu. Onyame a wugye me nkwa, na me tɛkrɛma bɛto wo trenee ho dwom.
אדני שפתי תפתח ופי יגיד תהלתך׃ | 15 |
Awurade, bue mʼano fafa, na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayeyi.
כי לא תחפץ זבח ואתנה עולה לא תרצה׃ | 16 |
Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ; wʼani nnye ɔhyew afɔre ho.
זבחי אלהים רוח נשברה לב נשבר ונדכה אלהים לא תבזה׃ | 17 |
Onyankopɔn afɔre yɛ honhom a abotow, Onyankopɔn, worempo ahonu ne ahobrɛase koma.
היטיבה ברצונך את ציון תבנה חומות ירושלם׃ | 18 |
Ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wobɛma Sion anya nkɔso wɔ wʼanigye mu; na woasi Yerusalem afasu.
אז תחפץ זבחי צדק עולה וכליל אז יעלו על מזבחך פרים׃ | 19 |
Afei wʼani begye ɔtreneeni afɔrebɔ ho, ɔhyew afɔre a edi mu; na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔre wʼafɔremuka so.