< תהילים 43 >

שפטני אלהים וריבה ריבי מגוי לא חסיד מאיש מרמה ועולה תפלטני׃ 1
Ao Onyankopɔn, bu me bem, na ka mʼasɛm a ɛtia ɔman a wɔnnsuro wo no ma me; gye me firi nnaadaafoɔ ne amumuyɛfoɔ nsam.
כי אתה אלהי מעוזי למה זנחתני למה קדר אתהלך בלחץ אויב׃ 2
Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandenden. Adɛn enti na woapo me? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?
שלח אורך ואמתך המה ינחוני יביאוני אל הר קדשך ואל משכנותיך׃ 3
Soma wo hann ne wo nokorɛ ma wɔn nkyerɛ me ɛkwan; ma wɔmmfa me mmra wo Bepɔ Kronkron no so, faako a woteɛ hɔ.
ואבואה אל מזבח אלהים אל אל שמחת גילי ואודך בכנור אלהים אלהי׃ 4
Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔrebukyia anim mʼanigyeɛ ne mʼahosɛpɛ Onyankopɔn nkyɛn. Mede sankuo bɛyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn, me Onyankopɔn.
מה תשתוחחי נפשי ומה תהמי עלי הוחילי לאלהים כי עוד אודנו ישועת פני ואלהי׃ 5
Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn. Dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

< תהילים 43 >