< תהילים 23 >

מזמור לדוד יהוה רעי לא אחסר׃ 1
Dawid dwom. Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me.
בנאות דשא ירביצני על מי מנחות ינהלני׃ 2
Ɔma meda wira frɔmfrɔm adidibea mu; ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho,
נפשי ישובב ינחני במעגלי צדק למען שמו׃ 3
ɔdwodwo me kra. Ɔde me fa akwantenenee so, ne din enti.
גם כי אלך בגיא צלמות לא אירא רע כי אתה עמדי שבטך ומשענתך המה ינחמני׃ 4
Sɛ menam owuo sum kabii mu mpo a, mensuro bɔne bi, ɛfiri sɛ, wo ne me na ɛwɔ hɔ; wʼabaa ne wo poma na ɛkyekyere me werɛ.
תערך לפני שלחן נגד צררי דשנת בשמן ראשי כוסי רויה׃ 5
Woto me ɛpono wɔ mʼatamfoɔ anim. Wode ngo afɔ me tirim; me kuruwa ayɛ ma abu so.
אך טוב וחסד ירדפוני כל ימי חיי ושבתי בבית יהוה לארך ימים׃ 6
Yie ne adɔeɛ nko na ɛbɛdi mʼakyi me nkwa nna nyinaa; na mɛtena Awurade fie daa.

< תהילים 23 >