< תהילים 18 >

למנצח לעבד יהוה לדוד אשר דבר ליהוה את דברי השירה הזאת ביום הציל יהוה אותו מכף כל איביו ומיד שאול ויאמר ארחמך יהוה חזקי׃ 1
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Awurade akoa Dawid dwom. Ɔtoo saa dwom yi maa Awurade, ɛberɛ a ɔgyee no firii nʼatamfoɔ nyinaa ne Saulo nsam no. Medɔ wo, Ao Awurade, mʼahoɔden.
יהוה סלעי ומצודתי ומפלטי אלי צורי אחסה בו מגני וקרן ישעי משגבי׃ 2
Awurade ne me botantim; mʼaban ne me gyefoɔ; me Onyankopɔn ne me botan Ne mu na menya me hintabea. Ɔyɛ mʼakokyɛm, me nkwagyeɛ abɛn ne mʼabandenden.
מהלל אקרא יהוה ומן איבי אושע׃ 3
Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no, ɛfiri sɛ ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.
אפפוני חבלי מות ונחלי בליעל יבעתוני׃ 4
Owuo nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree me; na ɔsɛeɛ asorɔkye bu faa me so.
חבלי שאול סבבוני קדמוני מוקשי מות׃ (Sheol h7585) 5
Damena nhoma kyekyeree me; owuo ankasa too me anihaa. (Sheol h7585)
בצר לי אקרא יהוה ואל אלהי אשוע ישמע מהיכלו קולי ושועתי לפניו תבוא באזניו׃ 6
Mʼahohia mu, mesu mefrɛɛ Awurade. Mesu mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔfiri nʼasɔrefie hɔ tee me nne; me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom.
ותגעש ותרעש הארץ ומוסדי הרים ירגזו ויתגעשו כי חרה לו׃ 7
Asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ, na mmepɔ fapem wosoeɛ wɔsuroeɛ ɛfiri sɛ na ne bo afu.
עלה עשן באפו ואש מפיו תאכל גחלים בערו ממנו׃ 8
Wisie firii ne hwene mu; ogyaframa firii nʼanom, na egyasramma dɛre firii mu.
ויט שמים וירד וערפל תחת רגליו׃ 9
Ɔfirii ɔsoro baa fam; na omununkum kabii duruu ne nan ase.
וירכב על כרוב ויעף וידא על כנפי רוח׃ 10
Ɔte Kerubim so tu kɔɔ soro; gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.
ישת חשך סתרו סביבותיו סכתו חשכת מים עבי שחקים׃ 11
Ɔde sum kataa ne ho, osu a amuna tumm atwa ne ho ahyia.
מנגה נגדו עביו עברו ברד וגחלי אש׃ 12
Hann kɛseɛ hyerɛn wɔ nʼanim, na omununkum a asukɔtweaa ne anyinam wɔ mu firii ne ho hyerɛn mu baeɛ.
וירעם בשמים יהוה ועליון יתן קלו ברד וגחלי אש׃ 13
Awurade bobɔɔ mu firii soro; Ɔsorosoroni no nne gyegyeeɛ bio.
וישלח חציו ויפיצם וברקים רב ויהמם׃ 14
Ɔtoo ne bɛmma no de bɔɔ atamfoɔ no hweteeɛ, ɔde anyinam a ano yɛn den pamoo wɔn.
ויראו אפיקי מים ויגלו מוסדות תבל מגערתך יהוה מנשמת רוח אפך׃ 15
Ɛpo mu mmɔnka ho yiyiiɛ na asase nnyinasoɔ ho daa hɔ, ɛsiane wʼanimka ne ahomeguo a ɛfiri wo hwene mu no enti, Ao Awurade.
ישלח ממרום יקחני ימשני ממים רבים׃ 16
Ɔfiri ɔsoro baa ɛfam bɛsɔɔ me mu; ɔtwee me firii nsuo a emu dɔ mu.
יצילני מאיבי עז ומשנאי כי אמצו ממני׃ 17
Ɔgyee me firii me ɔtamfoɔ hoɔdenfoɔ nsam, wɔn a wɔn ani sa me, na wɔn ho yɛ den dodo ma me no.
יקדמוני ביום אידי ויהי יהוה למשען לי׃ 18
Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu, nanso Awurade pagyaa me.
ויוציאני למרחב יחלצני כי חפץ בי׃ 19
Ɔde me baa baabi a ɛhɔ trɛ; ɔgyee me, ɛfiri sɛ nʼani sɔɔ me.
יגמלני יהוה כצדקי כבר ידי ישיב לי׃ 20
Awurade ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ; wahwɛ me nsa a ɛho teɛ so atua me ka.
כי שמרתי דרכי יהוה ולא רשעתי מאלהי׃ 21
Manante Awurade akwan so. Mentwee me ho mfirii me Onyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne.
כי כל משפטיו לנגדי וחקתיו לא אסיר מני׃ 22
Madi ne mmara nyinaa so: memmuu nʼahyɛdeɛ so.
ואהי תמים עמו ואשתמר מעוני׃ 23
Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim, na matwe me ho afiri bɔne ho.
וישב יהוה לי כצדקי כבר ידי לנגד עיניו׃ 24
Awurade agyina me teneneeyɛ ne me nsa a ɛho teɛ wɔ nʼanim so atua me ka.
עם חסיד תתחסד עם גבר תמים תתמם׃ 25
Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ, wɔn a wɔdi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu.
עם נבר תתברר ועם עקש תתפתל׃ 26
Woyɛ kronn ma wɔn a wɔyɛ kronn, na amumuyɛfoɔ deɛ, wokyiri wɔn.
כי אתה עם עני תושיע ועינים רמות תשפיל׃ 27
Wogye ahobrɛasefoɔ nkwa, na wobrɛ ahantanfoɔ ase.
כי אתה תאיר נרי יהוה אלהי יגיה חשכי׃ 28
Ao Awurade, woyɛ me kanea. Aane, woma me sum dane hann.
כי בך ארץ גדוד ובאלהי אדלג שור׃ 29
Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu; me Onyankopɔn enti, metumi foro ɔfasuo.
האל תמים דרכו אמרת יהוה צרופה מגן הוא לכל החסים בו׃ 30
Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ akokyɛm ma wɔn a wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu.
כי מי אלוה מבלעדי יהוה ומי צור זולתי אלהינו׃ 31
Na hwan na ɔyɛ Onyankopɔn ka Awurade ho? Na hwan na ɔyɛ Ɔbotan no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn no.
האל המאזרני חיל ויתן תמים דרכי׃ 32
Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma me ahoɔden, na ɔma me kwan yɛ pɛ.
משוה רגלי כאילות ועל במתי יעמידני׃ 33
Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforoteɛ deɛ. Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.
מלמד ידי למלחמה ונחתה קשת נחושה זרועתי׃ 34
Ɔsiesie me ma ɔko, na mʼabasa tumi kuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua.
ותתן לי מגן ישעך וימינך תסעדני וענותך תרבני׃ 35
Wode wo nkonimdie akokyɛm ma me, na wo nsa nifa kura me. Wobrɛ wo ho ase ma meyɛ kɛseɛ.
תרחיב צעדי תחתי ולא מעדו קרסלי׃ 36
Woabɔ ɛkwan tɛtrɛɛ ama me nan sɛdeɛ ɛrenwatiri.
ארדוף אויבי ואשיגם ולא אשוב עד כלותם׃ 37
Metaa mʼatamfoɔ kɔtoo wɔn; mansane mʼakyi kɔsii sɛ mesɛee wɔn.
אמחצם ולא יכלו קום יפלו תחת רגלי׃ 38
Mɛdwerɛ wɔn, na wɔantumi ansɔre, wɔhwehwee ase wɔ me nan ase.
ותאזרני חיל למלחמה תכריע קמי תחתי׃ 39
Wode akodie ahoɔden maa me; womaa mʼatamfoɔ bɔɔ wɔn mu ase wɔ me nan ase.
ואיבי נתתה לי ערף ומשנאי אצמיתם׃ 40
Womaa mʼatamfoɔ danee wɔn ho dwaneeɛ, na mesɛe wɔn a wɔtan me.
ישועו ואין מושיע על יהוה ולא ענם׃ 41
Wɔsu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammɛgye wɔn, wɔfrɛɛ Awurade, nanso wammua.
ואשחקם כעפר על פני רוח כטיט חוצות אריקם׃ 42
Meyamoo wɔn sɛ mfuturo a mframa bɔ guo; me hwiee wɔn guiɛ sɛ mmɔntene so atɛkyɛ.
תפלטני מריבי עם תשימני לראש גוים עם לא ידעתי יעבדוני׃ 43
Woagye me afiri nnipa no ntohyɛsoɔ mu, woayɛ me amanaman no ti; nnipa a mennim wɔn abɛyɛ mʼasomfoɔ.
לשמע אזן ישמעו לי בני נכר יכחשו לי׃ 44
Wɔte me nka pɛ a, wɔyɛ ɔsetie ma me; ananafoɔ koto mʼanim.
בני נכר יבלו ויחרגו ממסגרותיהם׃ 45
Wɔn nyinaa botoboto; wɔfiri wɔn abandenden mu ba ahopopoɔ so.
חי יהוה וברוך צורי וירום אלוהי ישעי׃ 46
Awurade te ase! Ayɛyi nka me Botan! Wɔmma Onyankopɔn me Gyefoɔ no din so!
האל הנותן נקמות לי וידבר עמים תחתי׃ 47
Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ awere ma me, ɔno na ɔka amanaman hyɛ mʼase,
מפלטי מאיבי אף מן קמי תרוממני מאיש חמס תצילני׃ 48
ɔno na ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam. Wopagyaa me sii mʼatamfoɔ so, wogyee me firii basabasayɛfoɔ nsam.
על כן אודך בגוים יהוה ולשמך אזמרה׃ 49
Ɛno enti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao Awurade. Mɛto ayɛyie dwom ama wo din.
מגדל ישועות מלכו ועשה חסד למשיחו לדוד ולזרעו עד עולם׃ 50
Wode nkonimdie akɛseɛ ama wo ɔhene; woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ deɛ woasra no ngo, wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefoɔ afebɔɔ.

< תהילים 18 >