< תהילים 16 >

מכתם לדוד שמרני אל כי חסיתי בך׃ 1
Dawid mpaebɔ. Bɔ me ho ban, me Nyankopɔn, na wo mu na minya guankɔbea.
אמרת ליהוה אדני אתה טובתי בל עליך׃ 2
Meka kyerɛɛ Awurade se, “MʼAwurade ne wo; minni ade pa biara ka wo ho.”
לקדושים אשר בארץ המה ואדירי כל חפצי בם׃ 3
Ahotefo a wɔwɔ asase no so de, wɔne anuonyamfo a mʼanigye wɔ wɔn mu.
ירבו עצבותם אחר מהרו בל אסיך נסכיהם מדם ובל אשא את שמותם על שפתי׃ 4
Wɔn a wodi anyame afoforo akyi no, wɔn awerɛhow bɛdɔɔso. Merengu mogya nsa mma saa anyame no na meremfa mʼano mmɔ wɔn din.
יהוה מנת חלקי וכוסי אתה תומיך גורלי׃ 5
Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me; woama me kyɛfa anya bammɔ.
חבלים נפלו לי בנעמים אף נחלת שפרה עלי׃ 6
Mʼahye akɔdeda mmeae a eye ama me; ampa ara mewɔ agyapade a ho yɛ anigye.
אברך את יהוה אשר יעצני אף לילות יסרוני כליותי׃ 7
Mɛkamfo Awurade a otu me fo; na anadwo mpo, me koma kyerɛkyerɛ me.
שויתי יהוה לנגדי תמיד כי מימיני בל אמוט׃ 8
Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa. Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti, merenhinhim da.
לכן שמח לבי ויגל כבודי אף בשרי ישכן לבטח׃ 9
Ɛno nti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurusi; me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu,
כי לא תעזב נפשי לשאול לא תתן חסידך לראות שחת׃ (Sheol h7585) 10
efisɛ, worennyaw me awufo mu. Na woremma wo Kronkronni no mporɔw. (Sheol h7585)
תודיעני ארח חיים שבע שמחות את פניך נעמות בימינך נצח׃ 11
Woakyerɛ me nkwagye kwan, na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim, na anigye a ɛrensa da wɔ wo nifa so.

< תהילים 16 >