< תהילים 14 >

למנצח לדוד אמר נבל בלבו אין אלהים השחיתו התעיבו עלילה אין עשה טוב׃ 1
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Dawid dwom. Ɔkwasea ka wɔ nʼakoma mu sɛ, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔ, na wɔn nneyɛɛ yɛ fi na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.
יהוה משמים השקיף על בני אדם לראות היש משכיל דרש את אלהים׃ 2
Awurade firi ɔsoro hwɛ adasamma sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.
הכל סר יחדו נאלחו אין עשה טוב אין גם אחד׃ 3
Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.
הלא ידעו כל פעלי און אכלי עמי אכלו לחם יהוה לא קראו׃ 4
Enti nnebɔneyɛfoɔ rensua nyansa anaa? Wɔwe me nkurɔfoɔ te sɛ deɛ nnipa di aduane. Wɔnnsu mfrɛ Awurade?
שם פחדו פחד כי אלהים בדור צדיק׃ 5
Wɔn nie, ehu akyekyere wɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔtene mu.
עצת עני תבישו כי יהוה מחסהו׃ 6
Mo nnebɔneyɛfoɔ sɛe ahiafoɔ nhyehyɛeɛ, nanso, Awurade ne wɔn dwanekɔbea.
מי יתן מציון ישועת ישראל בשוב יהוה שבות עמו יגל יעקב ישמח ישראל׃ 7
Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra! Awurade bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn. Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!

< תהילים 14 >