< תהילים 137 >
על נהרות בבל שם ישבנו גם בכינו בזכרנו את ציון׃ | 1 |
Babilonia nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtena suiɛ ɛberɛ a yɛkaee Sion no.
על ערבים בתוכה תלינו כנרותינו׃ | 2 |
Ɛhɔ nsukakye nnua so na yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ,
כי שם שאלונו שובינו דברי שיר ותוללינו שמחה שירו לנו משיר ציון׃ | 3 |
ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom, yɛn ahohiahiafoɔ pɛɛ yɛn hɔ ahurisie nnwom; wɔkaa sɛ, “Monto Sion nnwom baako mma yɛn!”
איך נשיר את שיר יהוה על אדמת נכר׃ | 4 |
Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato Awurade nnwom ɛberɛ a yɛwɔ ananafoɔ asase so?
אם אשכחך ירושלם תשכח ימיני׃ | 5 |
Ao Yerusalem, sɛ mewerɛ firi wo a ma me nsa nifa werɛ mfiri sankubɔ.
תדבק לשוני לחכי אם לא אזכרכי אם לא אעלה את ירושלם על ראש שמחתי׃ | 6 |
Sɛ mankae wo sɛ mʼanigyedeɛ kɛseɛ pa ara a, ma me tɛkrɛma nka mfam mʼanomu.
זכר יהוה לבני אדום את יום ירושלם האמרים ערו ערו עד היסוד בה׃ | 7 |
Ao Awurade, kae deɛ Edomfoɔ yɛeɛ wɔ ɛda a Yerusalem hwee ase no. Wɔteam sɛ, “Monnwiri, monnwiri ngu fam nkɔka nʼafapem!”
בת בבל השדודה אשרי שישלם לך את גמולך שגמלת לנו׃ | 8 |
Ao Babilonia babaa a wɔahyɛ sɛ wɔbɛsɛe wo, nhyira nka deɛ ɔtua wo ka wɔ deɛ wode ayɛ yɛn so.
אשרי שיאחז ונפץ את עלליך אל הסלע׃ | 9 |
Nhyira nka deɛ ɔkyekyee wo nkokoaa de wɔn bobɔɔ abotan so.