< תהילים 125 >
שיר המעלות הבטחים ביהוה כהר ציון לא ימוט לעולם ישב׃ | 1 |
Ɔsoroforɔ dwom. Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔ Sion, a ɛnwosoɔ na ɛtim hɔ daa.
ירושלם הרים סביב לה ויהוה סביב לעמו מעתה ועד עולם׃ | 2 |
Sɛdeɛ mmepɔ atwa Yerusalem ho ahyia no, saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfoɔ ho ahyia seesei ne daa.
כי לא ינוח שבט הרשע על גורל הצדיקים למען לא ישלחו הצדיקים בעולתה ידיהם׃ | 3 |
Amumuyɛfoɔ ahempoma renka asase a wɔde ama teneneefoɔ so. Sɛ ɛba saa a, teneneefoɔ nam wɔn so bɛyɛ bɔne.
היטיבה יהוה לטובים ולישרים בלבותם׃ | 4 |
Ao Awurade, wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa, wɔn a wɔtene wɔ akoma mu no, yɛ wɔn papa.
והמטים עקלקלותם יוליכם יהוה את פעלי האון שלום על ישראל׃ | 5 |
Na wɔn a wɔmane fa akwan kɔntɔnkye so no deɛ, Awurade bɛpamo wɔn ne nnebɔneyɛfoɔ. Asomdwoeɛ nka Israel.