< תהילים 110 >
לדוד מזמור נאם יהוה לאדני שב לימיני עד אשית איביך הדם לרגליך׃ | 1 |
Dawid dwom. Awurade ka kyerɛɛ me Wura se, “Tena me nifa so kosi sɛ mede wʼatamfo bɛyɛ wʼanan ase ntiaso.”
מטה עזך ישלח יהוה מציון רדה בקרב איביך׃ | 2 |
Awurade bɛterɛw wʼahempema dennen mu afi Sion; na wubedi hene wɔ wʼatamfo so.
עמך נדבת ביום חילך בהדרי קדש מרחם משחר לך טל ילדתיך׃ | 3 |
Wʼasraafo beyi wɔn koma mu da a wobɛkɔ ɔsa. Tumi kronkron bɛyɛ wʼadurade na wo mmabun bɛba wo nkyɛn sɛnea obosu gugu anɔpahema.
נשבע יהוה ולא ינחם אתה כהן לעולם על דברתי מלכי צדק׃ | 4 |
Awurade aka ntam na ɔrensesa nʼadwene: “Woyɛ daapem sɔfo sɛ Melkisedek sɛso.”
אדני על ימינך מחץ ביום אפו מלכים׃ | 5 |
Awurade wɔ wo nifa so; ɔbɛdwerɛw ahemfo wɔ nʼabufuwhyew da no.
ידין בגוים מלא גויות מחץ ראש על ארץ רבה׃ | 6 |
Obebu amanaman atɛn aboaboa awufo ano; na wadwerɛw asodifo a wɔwɔ asase so nyinaa.
מנחל בדרך ישתה על כן ירים ראש׃ | 7 |
Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu enti obedi nkonim. Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu, na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdi mu.