< תהילים 106 >

הללויה הודו ליהוה כי טוב כי לעולם חסדו׃ 1
Monkamfo Awurade! Monna Awurade ase na ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
מי ימלל גבורות יהוה ישמיע כל תהלתו׃ 2
Hwan na ɔbɛtumi aka nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ? Anaasɛ ɔbɛtumi aka ne nkamfo awie?
אשרי שמרי משפט עשה צדקה בכל עת׃ 3
Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntenenee, na daa wɔyɛ deɛ ɛyɛ.
זכרני יהוה ברצון עמך פקדני בישועתך׃ 4
Ao Awurade, sɛ wohunu wo nkurɔfoɔ mmɔbɔ a kae me. Sɛ wogye wɔn nkwa a, boa me,
לראות בטובת בחיריך לשמח בשמחת גויך להתהלל עם נחלתך׃ 5
na manya wɔn a wapa wɔn no yiedie mu kyɛfa, na manya wo manfoɔ anigyeɛ no mu kyɛfa na me ne wʼagyapadeɛ no abɔ mu de nkamfo ama wo.
חטאנו עם אבותינו העוינו הרשענו׃ 6
Yɛayɛ bɔne sɛdeɛ yɛn nananom yɛeɛ no; yɛayɛ mfomsoɔ na yɛadi atirimuɔdensɛm.
אבותינו במצרים לא השכילו נפלאותיך לא זכרו את רב חסדיך וימרו על ים בים סוף׃ 7
Ɛberɛ a yɛn nananom wɔ Misraim no, wɔannwene wo nsɛnkyerɛnneɛ ho; wɔankae wʼadɔeɛ bebrebe no, na wɔtee atua wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.
ויושיעם למען שמו להודיע את גבורתו׃ 8
Nanso, ne din enti ɔgyee wɔn nkwa, sɛdeɛ ɔbɛda ne tumi kɛseɛ no adi.
ויגער בים סוף ויחרב ויוליכם בתהמות כמדבר׃ 9
Ɔteaa Ɛpo Kɔkɔɔ no ma ɛwee; ɔde wɔn faa abunu mu te sɛ ɛserɛ so.
ויושיעם מיד שונא ויגאלם מיד אויב׃ 10
Ɔgyee wɔn firii ɔtamfoɔ no nsam; deɛ ɔtane wɔn nsam na ɔyii wɔn firiiɛ.
ויכסו מים צריהם אחד מהם לא נותר׃ 11
Nsuo kataa wɔn atamfoɔ so; na ɔbaako mpo annya nkwa.
ויאמינו בדבריו ישירו תהלתו׃ 12
Afei wɔgyee ne bɔhyɛ no diiɛ na wɔtoo nʼayɛyie dwom.
מהרו שכחו מעשיו לא חכו לעצתו׃ 13
Nanso, ntɛm so, wɔn werɛ firii deɛ wayɛ na wɔantwɛn nʼagyinatuo.
ויתאוו תאוה במדבר וינסו אל בישימון׃ 14
Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ ɛserɛ so hɔ, na wɔ asase paradada no so, wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ,
ויתן להם שאלתם וישלח רזון בנפשם׃ 15
enti ɔmaa wɔn deɛ wɔbisaeɛ, nanso, ɔde ɔfɔn yadeɛ baa wɔn so.
ויקנאו למשה במחנה לאהרן קדוש יהוה׃ 16
Na nsraban mu hɔ wɔn ani beree Mose ne Aaron a Awurade ate ne ho no.
תפתח ארץ ותבלע דתן ותכס על עדת אבירם׃ 17
Asase mu buee na ɛmenee Datan na ɛsiee Abiram asafo no.
ותבער אש בעדתם להבה תלהט רשעים׃ 18
Egya tɔɔ wɔn akyidifoɔ no mu; ogyaframa hyee amumuyɛfoɔ no.
יעשו עגל בחרב וישתחוו למסכה׃ 19
Wɔyɛɛ nantwie ba wɔ Horeb na wɔkotoo ohoni a wɔde fagudeɛ ayɛ.
וימירו את כבודם בתבנית שור אכל עשב׃ 20
Wɔsesaa wɔn Animuonyam. Wɔde nantwinini, a ɔwe ɛserɛ nsɛsodeɛ.
שכחו אל מושיעם עשה גדלות במצרים׃ 21
Wɔn werɛ firii Onyankopɔn a ɔgyee wɔn nkwa, deɛ ɔyɛɛ nneɛma akɛseɛ wɔ Misraim no,
נפלאות בארץ חם נוראות על ים סוף׃ 22
nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ wɔ Ham asase so ne nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ ho no.
ויאמר להשמידם לולי משה בחירו עמד בפרץ לפניו להשיב חמתו מהשחית׃ 23
Enti ɔkaa sɛ ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a ɔyɛ deɛ wapa noɔ no sɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam; ɔsrɛɛ no, dwodwoo nʼabufuo no ano sɛdeɛ ɔrensɛe wɔn.
וימאסו בארץ חמדה לא האמינו לדברו׃ 24
Afei, wɔn ani ansɔ asase fɛfɛ no; na wɔannye ne bɔhyɛ anni.
וירגנו באהליהם לא שמעו בקול יהוה׃ 25
Wɔnwiinwii wɔ wɔn ntomadan mu na wɔannyɛ ɔsetie amma Awurade.
וישא ידו להם להפיל אותם במדבר׃ 26
Enti ɔmaa ne nsa so kaa ntam kyerɛɛ wɔn sɛ ɔbɛma wɔn atotɔ wɔ ɛserɛ no so,
ולהפיל זרעם בגוים ולזרותם בארצות׃ 27
ɔbɛma wɔn asefoɔ atotɔ wɔ amanaman mu na wabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so.
ויצמדו לבעל פעור ויאכלו זבחי מתים׃ 28
Wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho na wɔdii afɔrebɔdeɛ a wɔde ama anyame a wɔnni nkwa;
ויכעיסו במעלליהם ותפרץ בם מגפה׃ 29
wɔde wɔn atirimuɔdensɛm hyɛɛ Awurade abufuo na ɔyaredɔm sii wɔn mu.
ויעמד פינחס ויפלל ותעצר המגפה׃ 30
Na Pinehas sɔre dii agyinamu, na Awurade sii ɔyaredɔm no ano.
ותחשב לו לצדקה לדר ודר עד עולם׃ 31
Wɔde yei yɛɛ tenenee maa Pinehas wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛnni awieeɛ a ɛbɛba no mu.
ויקציפו על מי מריבה וירע למשה בעבורם׃ 32
Meriba nsuo ho nso, wɔhyɛɛ Awurade abufuo, na wɔn enti, ɔhaw baa Mose so,
כי המרו את רוחו ויבטא בשפתיו׃ 33
ɛfiri sɛ wɔtee Onyankopɔn Honhom anim atua, na asɛm a wannwene ho firii Mose anomu.
לא השמידו את העמים אשר אמר יהוה להם׃ 34
Wɔansɛe nnipa no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no,
ויתערבו בגוים וילמדו מעשיהם׃ 35
nanso wɔde wɔn ho frafraa amanaman no yɛɛ nneɛma a wɔyɛ no bi.
ויעבדו את עצביהם ויהיו להם למוקש׃ 36
Wɔsomm wɔn ahoni na ɛbɛyɛɛ afidie maa wɔn.
ויזבחו את בניהם ואת בנותיהם לשדים׃ 37
Wɔde wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa abosom.
וישפכו דם נקי דם בניהם ובנותיהם אשר זבחו לעצבי כנען ותחנף הארץ בדמים׃ 38
Wɔkaa mogya a ɛdi bem guiɛ; wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa mogya a wɔde bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaan ahoni no maa asase no ho guu fi.
ויטמאו במעשיהם ויזנו במעלליהם׃ 39
Wɔde deɛ wɔyɛeɛ no guu wɔn ankasa ho fi; wɔnam deɛ wɔyɛeɛ no so bɔɔ adwaman.
ויחר אף יהוה בעמו ויתעב את נחלתו׃ 40
Enti, Awurade bo fuu ne nkurɔfoɔ; na ɔkyirii nʼagyapadeɛ.
ויתנם ביד גוים וימשלו בהם שנאיהם׃ 41
Ɔdanee wɔn maa amanaman no, na wɔn atamfoɔ dii wɔn so.
וילחצום אויביהם ויכנעו תחת ידם׃ 42
Wɔn atamfoɔ hyɛɛ wɔn so na wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase.
פעמים רבות יצילם והמה ימרו בעצתם וימכו בעונם׃ 43
Mpɛn bebree, Awurade gyee wɔn, nanso wɔkɔɔ so tee atua na wɔsɛe wɔ wɔn bɔne mu.
וירא בצר להם בשמעו את רנתם׃ 44
Nanso ɔhunuu wɔn ahohiahia ɛberɛ a wɔsu frɛɛ noɔ no;
ויזכר להם בריתו וינחם כרב חסדו׃ 45
Wɔn enti, ɔkaee nʼapam no na ɔfirii nʼadɔeɛ kɛseɛ no mu hunuu wɔn mmɔbɔ.
ויתן אותם לרחמים לפני כל שוביהם׃ 46
Ɔmaa sodifoɔ a wɔafa wɔn nnommum no nyaa ahummɔborɔ maa wɔn.
הושיענו יהוה אלהינו וקבצנו מן הגוים להדות לשם קדשך להשתבח בתהלתך׃ 47
Gye yɛn, Ao Awurade yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn, na boaboa yɛn ano firi amanaman so, na yɛada wo din kronkron no ase, na yɛde nkamfo ahyɛ wo animuonyam.
ברוך יהוה אלהי ישראל מן העולם ועד העולם ואמר כל העם אמן הללו יה׃ 48
Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn, ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten. Momma nnipa no nyinaa nka sɛ, “Amen!” Monkamfo Awurade.

< תהילים 106 >