< תהילים 104 >
ברכי נפשי את יהוה יהוה אלהי גדלת מאד הוד והדר לבשת׃ | 1 |
Ao me ɔkra, kamfo Awurade! Ao Awurade me Onyankopɔn, woyɛ ɔkɛseɛ! Wɔafira tumi ne animuonyam.
עטה אור כשלמה נוטה שמים כיריעה׃ | 2 |
Ɔde hann akata ne ho sɛ atadeɛ; ɔtrɛ ɔsoro mu te sɛ ntomadan,
המקרה במים עליותיו השם עבים רכובו המהלך על כנפי רוח׃ | 3 |
na ɔde ne mpia mpunan sisi nsuo so. Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnam na ɔde nante mframa ntaban so.
עשה מלאכיו רוחות משרתיו אש להט׃ | 4 |
Ɔsoma nʼabɔfoɔ sɛ mframa, na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ ogyadɛreɛ.
יסד ארץ על מכוניה בל תמוט עולם ועד׃ | 5 |
Ɔde asase asi ne fapem so na ɛrenhinhim da.
תהום כלבוש כסיתו על הרים יעמדו מים׃ | 6 |
Wode ebunu kataa so sɛ atadeɛ na nsuo gyinaa mmepɔ no so.
מן גערתך ינוסון מן קול רעמך יחפזון׃ | 7 |
Nanso wʼanimka maa nsuo no dwaneeɛ, wʼaprannaa nnyegyeeɛ ma wɔdwaneeɛ;
יעלו הרים ירדו בקעות אל מקום זה יסדת להם׃ | 8 |
Wɔtenetenee faa mmepɔ so, kɔɔ mmɔnhwa mu tɔnn, kɔguu baabi a wode ama wɔn no.
גבול שמת בל יעברון בל ישובון לכסות הארץ׃ | 9 |
Wotoo ɔhyeɛ a wɔrentumi ntra; na wɔammɛkata asase so bio.
המשלח מעינים בנחלים בין הרים יהלכון׃ | 10 |
Ɔma nsuwa tene fa abɔn mu; ɛtene fa mmepɔ ntam.
ישקו כל חיתו שדי ישברו פראים צמאם׃ | 11 |
Ɔma wiram mmoa nyinaa nsuo nom; ɔma afunumu nsuo de kum wɔn sukɔm.
עליהם עוף השמים ישכון מבין עפאים יתנו קול׃ | 12 |
Ewiem nnomaa nwene wɔn pirebuo wɔ nsuo no ho; na wɔto nnwom wɔ nnua no mman so.
משקה הרים מעליותיו מפרי מעשיך תשבע הארץ׃ | 13 |
Ɔfiri ne soro mpia mu tɔ nsuo gugu mmepɔ so; Awurade nnwuma so aba mee asase.
מצמיח חציר לבהמה ועשב לעבדת האדם להוציא לחם מן הארץ׃ | 14 |
Ɔma ɛserɛ fifiri ma anantwie, na ɔbɔɔ nnua maa onipa sɛ ɔnnua na ɛmma aduane mfiri asase mu:
ויין ישמח לבב אנוש להצהיל פנים משמן ולחם לבב אנוש יסעד׃ | 15 |
na onipa anya nsã ama nʼakoma atɔ ne yam, na onipa anya ngo ama nʼanim atɔ so, na aduane nso akura onipa akoma.
ישבעו עצי יהוה ארזי לבנון אשר נטע׃ | 16 |
Wɔgugu Awurade nnua no so yie, Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no.
אשר שם צפרים יקננו חסידה ברושים ביתה׃ | 17 |
Ɛso na nnomaa yɛ wɔn mpirebuo na asukɔnkɔn nso yɛ nʼatenaeɛ wɔ pepeaa nnua no mu.
הרים הגבהים ליעלים סלעים מחסה לשפנים׃ | 18 |
Mmepɔ atentene no yɛ wiram mpɔnkye dea; na abotan yɛ dwanekɔbea ma amoakua.
עשה ירח למועדים שמש ידע מבואו׃ | 19 |
Ɔsrane kyerɛ ɛberɛ nkyekyɛmu, na owia nim ɛberɛ a ɔkɔtɔ.
תשת חשך ויהי לילה בו תרמש כל חיתו יער׃ | 20 |
Wode esum ba ma ɛyɛ adesaeɛ na kwaeɛ mu mmoa nyinaa kɔ ahayɔ.
הכפירים שאגים לטרף ולבקש מאל אכלם׃ | 21 |
Gyata bobom pɛ wɔn ahaboa wɔhwehwɛ wɔn aduane firi Onyankopɔn hɔ.
תזרח השמש יאספון ואל מעונתם ירבצון׃ | 22 |
Owia pue ma wɔsane wɔn akyi; wɔsane kɔdeda wɔn atuo mu.
יצא אדם לפעלו ולעבדתו עדי ערב׃ | 23 |
Afei, onipa kɔ nʼadwuma so kɔyɛ adwuma ara kɔsi anwummerɛ.
מה רבו מעשיך יהוה כלם בחכמה עשית מלאה הארץ קנינך׃ | 24 |
Ao Awurade, wo nnwuma dɔɔso! Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa; wʼabɔdeɛ ahyɛ asase so ma.
זה הים גדול ורחב ידים שם רמש ואין מספר חיות קטנות עם גדלות׃ | 25 |
Ɛpo na ɛda hɔ tɛtrɛɛ hahanaa yi, a abɔdeɛ bebree a ɛnni ano, akɛseɛ ne nketewa ahyɛ no ma.
שם אניות יהלכון לויתן זה יצרת לשחק בו׃ | 26 |
Ɛso na ahyɛn di akɔneaba, na dɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agorɔ.
כלם אליך ישברון לתת אכלם בעתו׃ | 27 |
Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan sɛ wobɛma wɔn wɔn aduane wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu.
תתן להם ילקטון תפתח ידך ישבעון טוב׃ | 28 |
Wodema wɔn a, wɔtase; wobue wo nsam a, nnepa mee wɔn.
תסתיר פניך יבהלון תסף רוחם יגועון ואל עפרם ישובון׃ | 29 |
Wode wʼanim hinta wɔn a, wɔbɔ hu; sɛ wogye wɔn ahomeɛ a, wɔwuwu na wɔsane kɔ mfuturo mu.
תשלח רוחך יבראון ותחדש פני אדמה׃ | 30 |
Sɛ wode wo Honhom no ma wɔn a na wɔabɔ wɔn, na woyɛ asase ani foforɔ.
יהי כבוד יהוה לעולם ישמח יהוה במעשיו׃ | 31 |
Ma Awurade animuonyam ntena hɔ daa; ma Awurade ani nnye ne nnwuma ho,
המביט לארץ ותרעד יגע בהרים ויעשנו׃ | 32 |
deɛ ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ, na ɔde ne nsa ka mmepɔ a wisie firi mu ba.
אשירה ליהוה בחיי אזמרה לאלהי בעודי׃ | 33 |
Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa; sɛ mete ase yi, mɛto ayɛyie dwom ama me Onyankopɔn.
יערב עליו שיחי אנכי אשמח ביהוה׃ | 34 |
Ɔmma mʼakoma mu mpaeɛbɔ nsɔ nʼani ɛberɛ a meregye mʼani wɔ Awurade mu yi.
יתמו חטאים מן הארץ ורשעים עוד אינם ברכי נפשי את יהוה הללו יה׃ | 35 |
Ma nnebɔneyɛfoɔ nyera wɔ asase so; na amumuyɛfoɔ ase nhye. Ao me ɔkra, kamfo Awurade. Kamfo Awurade.