< במדבר 33 >

אלה מסעי בני ישראל אשר יצאו מארץ מצרים לצבאתם ביד משה ואהרן׃ 1
Eyi ne akwantu nhyehyɛe a Israelfo dii so bere a Mose ne Aaron de wɔn fi Misraim no.
ויכתב משה את מוצאיהם למסעיהם על פי יהוה ואלה מסעיהם למוצאיהם׃ 2
Mose kyerɛw faako a wɔfaa nyinaa sɛnea Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Eyinom ne mmeae ahorow a wɔsoɛɛ wɔ wɔn akwantu no mu.
ויסעו מרעמסס בחדש הראשון בחמשה עשר יום לחדש הראשון ממחרת הפסח יצאו בני ישראל ביד רמה לעיני כל מצרים׃ 3
Wosii mu fii Rameses kuropɔn no mu wɔ Twam Afahyɛ a edi kan no akyi ɔsram edi kan da ɛto so dunum. Wɔde akokoduru fii hɔ a Misraimfo no rehwɛ wɔn.
ומצרים מקברים את אשר הכה יהוה בהם כל בכור ובאלהיהם עשה יהוה שפטים׃ 4
Saa bere no na Misraimfo no resie wɔn mmakan a Awurade kunkum wɔn anadwo a ade rebɛkye ama wɔatu kwan no, efisɛ na Awurade de atemmu aba wɔn anyame no nyinaa so.
ויסעו בני ישראל מרעמסס ויחנו בסכת׃ 5
Wofii Rameses no, wɔbɛbɔɔ atenae wɔ Sukot.
ויסעו מסכת ויחנו באתם אשר בקצה המדבר׃ 6
Wofii Sukot bɛbɔɔ atenae wɔ Etam, sare no ano.
ויסעו מאתם וישב על פי החירת אשר על פני בעל צפון ויחנו לפני מגדל׃ 7
Wofii Etam san wɔn akyi baa Pihahirot a ɛwɔ Baal-Sefon apuei fam, na wɔbɔɔ atenae bɛnee bepɔw Migdol.
ויסעו מפני החירת ויעברו בתוך הים המדברה וילכו דרך שלשת ימים במדבר אתם ויחנו במרה׃ 8
Wofi Pihahirot, na wotwaa Po Kɔkɔɔ no kɔɔ sare so. Wɔde nnansa nantew faa Etam sare so kɔbɔɔ atenae wɔ Mara.
ויסעו ממרה ויבאו אילמה ובאילם שתים עשרה עינת מים ושבעים תמרים ויחנו שם׃ 9
Wofii Mara no, wɔbaa Elim; baabi a na mmura dumien ne mmedua aduɔson wɔ hɔ.
ויסעו מאילם ויחנו על ים סוף׃ 10
Wofii Elim no, wɔbɔɔ atenae wɔ Po Kɔkɔɔ no ho.
ויסעו מים סוף ויחנו במדבר סין׃ 11
Wofii Po Kɔkɔɔ no ho, kɔbɔɔ atenae wɔ Sin nweatam so.
ויסעו ממדבר סין ויחנו בדפקה׃ 12
Wotu fii Sin sare so kɔbɔɔ atenae Dofka.
ויסעו מדפקה ויחנו באלוש׃ 13
Wofii Dofka kɔbɔɔ atenae wɔ Alus.
ויסעו מאלוש ויחנו ברפידם ולא היה שם מים לעם לשתות׃ 14
Wofii Alus kɔbɔɔ atenae wɔ Refidim, baabi a na wonnya nsu mma nnipa no nnom.
ויסעו מרפידם ויחנו במדבר סיני׃ 15
Wofii Refidim no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Sinai sare so.
ויסעו ממדבר סיני ויחנו בקברת התאוה׃ 16
Wofii Sinai sare so no, wɔkɔɔ atenae wɔ Kibrot-Hataawa.
ויסעו מקברת התאוה ויחנו בחצרת׃ 17
Wofii Kibrot-Hataawa no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Haserot.
ויסעו מחצרת ויחנו ברתמה׃ 18
Wofii Haserot kɔbɔɔ atenae wɔ Ritma.
ויסעו מרתמה ויחנו ברמן פרץ׃ 19
Wofii Ritma kɔbɔɔ atenae wɔ Rimon Peres.
ויסעו מרמן פרץ ויחנו בלבנה׃ 20
Wofii Rimon Peres kɔbɔɔ atenae wɔ Libna.
ויסעו מלבנה ויחנו ברסה׃ 21
Wofii Libna kɔbɔɔ atenae wɔ Risa.
ויסעו מרסה ויחנו בקהלתה׃ 22
Wofii Risa kɔbɔɔ atenae wɔ Kahelata.
ויסעו מקהלתה ויחנו בהר שפר׃ 23
Wofii Kahelata kɔbɔɔ atenae wɔ Sefer Bepɔw so.
ויסעו מהר שפר ויחנו בחרדה׃ 24
Wofii Sefer Bepɔw so kɔbɔɔ atenae wɔ Harada.
ויסעו מחרדה ויחנו במקהלת׃ 25
Wofii Harada kɔbɔɔ atenae wɔ Makhelot.
ויסעו ממקהלת ויחנו בתחת׃ 26
Wofii Makhelot kɔbɔɔ atenae wɔ Tahat.
ויסעו מתחת ויחנו בתרח׃ 27
Wofii Tahat kɔbɔɔ atenae wɔ Tera.
ויסעו מתרח ויחנו במתקה׃ 28
Wofii Tera kɔbɔɔ atenae wɔ Mitka.
ויסעו ממתקה ויחנו בחשמנה׃ 29
Wofii Mitka kɔbɔɔ atenae wɔ Hasmona.
ויסעו מחשמנה ויחנו במסרות׃ 30
Wofii Hasmona kɔbɔɔ atenae wɔ Moserot.
ויסעו ממסרות ויחנו בבני יעקן׃ 31
Wofii Moserot kɔbɔɔ atenae wɔ Beneyaakan.
ויסעו מבני יעקן ויחנו בחר הגדגד׃ 32
Wofii Beneyaakan kɔbɔɔ atenae wɔ Horhagidgad.
ויסעו מחר הגדגד ויחנו ביטבתה׃ 33
Wofii Horhagidgad kɔbɔɔ atenae wɔ Yotbata.
ויסעו מיטבתה ויחנו בעברנה׃ 34
Wofii Yotbata kɔbɔɔ atenae wɔ Abrona.
ויסעו מעברנה ויחנו בעציון גבר׃ 35
Wofii Abrona kɔbɔɔ atenae wɔ Esion-Geber.
ויסעו מעציון גבר ויחנו במדבר צן הוא קדש׃ 36
Wofii Esion-Geber kɔbɔɔ atenae wɔ Kades, wɔ Sin sare so.
ויסעו מקדש ויחנו בהר ההר בקצה ארץ אדום׃ 37
Wofii Kades kɔbɔɔ atenae wɔ Bepɔw Hor so, wɔ Edom hye ano.
ויעל אהרן הכהן אל הר ההר על פי יהוה וימת שם בשנת הארבעים לצאת בני ישראל מארץ מצרים בחדש החמישי באחד לחדש׃ 38
Bere a woduu Bepɔw Hor ase no, Awurade ka kyerɛɛ ɔsɔfo Aaron se ɔnkɔ bepɔw no atifi, na ɛhɔ na okowui. Asɛm yi sii mfe aduanan so a Israelfo tu fii Misraim no.
ואהרן בן שלש ועשרים ומאת שנה במתו בהר ההר׃ 39
Aaron dii mfe ɔha aduonu abiɛsa, bere a owuu wɔ Bepɔw Hor so no.
וישמע הכנעני מלך ערד והוא ישב בנגב בארץ כנען בבא בני ישראל׃ 40
Saa bere no ara mu na Kanaanhene Arad a ɔtenaa Negeb wɔ Kanaan asase so no tee sɛ Israelfo no reba nʼasase so.
ויסעו מהר ההר ויחנו בצלמנה׃ 41
Israelfo no toaa wɔn akwantu no so fi Bepɔw Hor so kɔbɔɔ atenae wɔ Salmona.
ויסעו מצלמנה ויחנו בפונן׃ 42
Wofii Salmona kɔtenaa Punon.
ויסעו מפונן ויחנו באבת׃ 43
Wofii Punon kɔtenaa Obot.
ויסעו מאבת ויחנו בעיי העברים בגבול מואב׃ 44
Wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim, Moab hye so kɔtenaa hɔ.
ויסעו מעיים ויחנו בדיבן גד׃ 45
Wofii hɔ no, wɔkɔtenaa Dibon Gad.
ויסעו מדיבן גד ויחנו בעלמן דבלתימה׃ 46
Wofii Dibon Gad kɔtenaa Almon Diblataim.
ויסעו מעלמן דבלתימה ויחנו בהרי העברים לפני נבו׃ 47
Wofii Almon Diblataim kɔtenaa Abarim mmepɔw a ɛbɛn Nebo no so.
ויסעו מהרי העברים ויחנו בערבת מואב על ירדן ירחו׃ 48
Akyiri no, wotutu fii hɔ twaa mu wɔ Yeriko kɔbɔɔ atenae wɔ Moab tataw so wɔ Asubɔnten Yordan ho.
ויחנו על הירדן מבית הישמת עד אבל השטים בערבת מואב׃ 49
Wɔwɔ saa beae hɔ no, wɔtenaa mmeae bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan ho—efi Bet-Yesimot kosi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tataw so no.
וידבר יהוה אל משה בערבת מואב על ירדן ירחו לאמר׃ 50
Bere a wɔabɔ atenase wɔ hɔ no na Awurade nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfo no se,
דבר אל בני ישראל ואמרת אלהם כי אתם עברים את הירדן אל ארץ כנען׃ 51
“Sɛ mutwa Asubɔnten Yordan kodu Kanaan asase so a,
והורשתם את כל ישבי הארץ מפניכם ואבדתם את כל משכיתם ואת כל צלמי מסכתם תאבדו ואת כל במתם תשמידו׃ 52
mompam nnipa a wɔte hɔ no nyinaa na monsɛe wɔn abosom ne ahoni a wɔde abo ayɛ ne nsɔree a wɔasisi no petee mu wɔ mmepɔw so ne mmeae a wɔsom wɔn ahoni no nyinaa.
והורשתם את הארץ וישבתם בה כי לכם נתתי את הארץ לרשת אתה׃ 53
Mede asase no ama mo. Momfa na montena so.
והתנחלתם את הארץ בגורל למשפחתיכם לרב תרבו את נחלתו ולמעט תמעיט את נחלתו אל אשר יצא לו שמה הגורל לו יהיה למטות אבתיכם תתנחלו׃ 54
Munnyina ntontobɔ so nkyekyɛ asase no, sɛnea mo mmusua no te. Wɔn a wɔdɔɔso no, wɔbɛma wɔn asase kɛse na wɔn a wosua no nso benya asase ketewa. Sɛnea ntonto no besi abɔ biara no na ɛbɛyɛ wɔn de. Monhwɛ mo agyanom mmusua so mfa nkyekyɛ.
ואם לא תורישו את ישבי הארץ מפניכם והיה אשר תותירו מהם לשכים בעיניכם ולצנינם בצדיכם וצררו אתכם על הארץ אשר אתם ישבים בה׃ 55
“Sɛ moampam nnipa a wɔte hɔ no a, wɔbɛyɛ mo ani ase mpe ne mo honam mu nsɔe. Wɔbɛhaw mo wɔ asase a mobɛtena so no so.
והיה כאשר דמיתי לעשות להם אעשה לכם׃ 56
Na mede nea masusuw sɛ mɛyɛ wɔn no, bɛyɛ mo.”

< במדבר 33 >