< מתיו 19 >
ויהי ככלות ישוע לדבר את הדברים האלה ויסע מן הגליל ויבא אל גבול יהודה בעבר הירדן׃ | 1 |
Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔkɔɔ Galilea. Ofi Galilea no, otwaa Asubɔnten Yordan baa Yudea.
וילכו אחריו המון עם רב וירפאם שם׃ | 2 |
Nnipadɔm tu dii nʼakyi, ma ɔsaa wɔn yare.
ויגשו אליו הפרושים לנסותו לאמר היוכל איש לשלח את אשתו על כל דבר׃ | 3 |
Farisifo bi ba bebisaa no nsɛm bi pɛɛ sɛ wɔnam wɔn nsɛmmisa no so ma ɔka asɛm bi a ɛde no bɛkɔ sɔhwɛ mu. Wobisaa no se, “Wopene awaregyae so ana?”
ויען ויאמר אליהם הלא קראתם כי עשה בראשית זכר ונקבה עשה אתם׃ | 4 |
Yesu nso bisaa wɔn se, “Gyama monkenkan Kyerɛw Kronkron no? Wɔakyerɛw wɔ mu se, ‘Mfiase no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea.
ואמר על כן יעזב איש את אביו ואת אמו ודבק באשתו והיו שניהם לבשר אחד׃ | 5 |
Eyi nti na ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na hɔ de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no.’
אם כן אינם עוד שנים כי אם בשר אחד לכן את אשר חבר האלהים אל יפרידנו האדם׃ | 6 |
Enti na wɔnyɛ baanu bio, na mmom wɔabɛyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abɔ mu no, ɛnsɛ sɛ obiara tetew mu.”
ויאמרו אליו ולמה זה צוה משה לתת לה ספר כריתת ולשלחה׃ | 7 |
Farisifo no kɔɔ so bisaa no se, “Adɛn nti na Mose kae se, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ogyaa ne yere a otumi kyerɛw no krataa kɛkɛ, de gyaa no?”
ויאמר אליהם בעבור קשי לבבכם הניח לכם משה לשלח את נשיכם אך מראש לא היתה ככה׃ | 8 |
Yesu buaa wɔn se, “Esiane sɛ na mo koma apirim no nti na Mose maa awaregyae ho kwan, na ɛnyɛ ade a Onyankopɔn hyehyɛe.
ואני אמר לכם המשלח את אשתו בלתי על דבר זנות ולקח לו אחרת נאף הוא והלקח את הגרושה נאף הוא׃ | 9 |
Na mereka akyerɛ mo se, obiara a obegyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbea no abɔ aguaman, na ɔbɛsan aware ɔbea foforo no asɛe aware.”
ויאמרו אליו התלמידים אם ככה הוא ענין איש ואשתו לא טוב לקחת אשה׃ | 10 |
Yesu asuafo no kae se, “Sɛ saa na ɛte de a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware.”
ויאמר אליהם לא יוכל כל אדם קבל את הדבר הזה כי אם אלה אשר נתן להם להבין׃ | 11 |
Yesu buaa wɔn se, “Ɛnyɛ obiara na obetumi agye asɛm yi ato mu, gye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara.
יש סריסים אשר נולדו כן מבטן אמם ויש סריסים המסרסים על ידי אדם ויש סריסים אשר סרסו את עצמם למען מלכות השמים מי שיוכל לקבל יקבל׃ | 12 |
Nnipa bi wɔ hɔ a wonni mmarimayɛ mu ahoɔden fi awo mu, ebinom nso wɔ hɔ a nnipa na wɔyɛɛ wɔn saa; ebinom nso ɔsoro Ahenni no nti, wɔpo aware. Obiara a obetumi no, nni mʼasɛm a maka yi so.”
אז יביאו אליו ילדים למען ישים עליהם את ידיו ויתפלל עליהם ויגערו בם התלמידים׃ | 13 |
Wɔde mmofra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpae mma wɔn. Nanso asuafo no kaa wɔn anim.
והוא ישוע אמר הניחו לילדים ואל תמנעום מבוא אלי כי לאלה מלכות השמים׃ | 14 |
Yesu kae se, “Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.”
וישם את ידיו עליהם ויעבר משם׃ | 15 |
Na ɔde ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn ansa na ɔrefi hɔ akɔ.
והנה איש נגש אליו ויאמר רבי הטוב אי זה הטוב אשר אעשנו לקנות חיי עולמים׃ (aiōnios ) | 16 |
Ɛno mu na ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɔkyerɛkyerɛfo, ade pa bɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?” (aiōnios )
ויאמר אליו מה תקראני טוב אין טוב כי אם אחד האלהים ואם חפצך לבוא אל החיים שמר את המצות׃ | 17 |
Yesu buaa no se, “Adɛn nti na wubisa me nea ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako pɛ na ɔyɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu de a, di mmara nsɛm no so.”
ויאמר אליו מה הנה ויאמר ישוע אלה הן לא תרצח לא תנאף לא תגנב לא תענה עד שקר׃ | 18 |
Aberante no nso bisaa no se, “Mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he?” Yesu buaa no se, “Nni awu. Nsɛe aware. Mmɔ korɔn. Nni atoro.
כבד את אביך ואת אמך ואהבת לרעך כמוך׃ | 19 |
Di wʼagya ne wo na ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”
ויאמר אליו הבחור את כל אלה שמרתי מנעורי ומה חסרתי עוד׃ | 20 |
Aberante no nso kae se, “Midi eyinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei menyɛ dɛn?”
ויאמר ישוע אליו אם חפצך להיות שלם לך מכר את רכשך ותן לעניים והיה לך אוצר בשמים ושוב הלם ולך אחרי׃ | 21 |
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wubenya afi mu no ma ahiafo. Ɛno ansa na wubenya ademude wɔ ɔsoro. Afei bedi mʼakyi.”
ויהי כשמע הבחור את הדבר הזה וילך משם נעצב כי היו לו נכסים רבים׃ | 22 |
Esiane sɛ na saa aberante yi wɔ ahonyade bebree nti, ɔtee saa nsɛm no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhow fii hɔ kɔe.
ויאמר ישוע אל תלמידיו אמן אמר אני לכם קשה לעשיר לבוא אל מלכות השמים׃ | 23 |
Afei Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Meka mo nokware se ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahenni no mu.
ועוד אני אמר לכם כי נקל לגמל לעבר דרך נקב המחט מבא עשיר אל מלכות האלהים׃ | 24 |
Meka ti mu se, ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bewura pane aniwa mu sen sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu!”
והתלמידים כשמעם זאת השתוממו מאד ויאמרו מי אפוא יוכל להושע׃ | 25 |
Asuafo no tee saa asɛm no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn naa. Wobisae se, “Na ɛno de, hena na wiase mu ha wobegye no nkwa?”
ויבט בן ישוע ויאמר להם מבני אדם יפלא הדבר אבל מהאלהים לא יפלא כל דבר׃ | 26 |
Yesu hwɛɛ wɔn buae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”
ויען פטרוס ויאמר אליו הן אנחנו עזבנו את הכל ונלך אחריך מה יהיה לנו׃ | 27 |
Petro nso kae se, “Yagyaw biribiara hɔ abedi wʼakyi; na mfaso bɛn na yebenya afi wʼakyidi no mu?”
ויאמר ישוע אליהם אמן אמר אני לכם אתם ההלכים אחרי בהתחדש הבריאה כאשר ישב בן האדם על כסא כבודו תשבו גם אתם על שנים עשר כסאות לשפט את שנים עשר שבטי ישראל׃ | 28 |
Yesu buae se, “Me, Agyenkwa no, sɛ metena mʼanuonyam ahengua no so a, nokware, mo mʼasuafo yi nso bɛtena ahengua dumien no so na moabu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.
וכל איש אשר עזב את בתיו ואת אחיו ואת אחיותיו ואת אביו ואת אמו ואת אשתו ואת בניו ואת שדותיו למען שמי הוא יקח מאה שערים וחיי עולמים יירש׃ (aiōnios ) | 29 |
Na obiara a obegyaw ne fi, ne nuabarimanom, ne nuabeanom, nʼagya, ne na, ne yere, ne mma anaa nʼagyapade abedi mʼakyi no, obenya no ho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a enni awiei nso. (aiōnios )
ואולם רבים מן הראשונים אשר יהיו אחרונים ומן האחרונים יהיו ראשונים׃ | 30 |
Na wɔn a wɔadi kan no mu pii bedi akyi, na wɔn a wodi akyi no nso mu bi abedi kan.”