< ויקרא 5 >

ונפש כי תחטא ושמעה קול אלה והוא עד או ראה או ידע אם לוא יגיד ונשא עונו׃ 1
“‘Obiara a ɔnka bɔne bi a ɔnim ho biribi ho hwee no di ho fɔ.
או נפש אשר תגע בכל דבר טמא או בנבלת חיה טמאה או בנבלת בהמה טמאה או בנבלת שרץ טמא ונעלם ממנו והוא טמא ואשם׃ 2
“‘Obiara a ɔde ne nsa ka adeɛ bi a amanneɛ kwan so, ɛho nte, te sɛ aboa bi a ne ho nteɛ no funu, sɛ ɔyɛ wiram aboa, sɛ ɔyɛ afieboa anaa aboa a ɔwea fam no, mpo sɛ wɔnnim sɛ wɔn ho agu fi a, wɔbɛfa no sɛ wɔn ho nte na wɔdi fɔ.
או כי יגע בטמאת אדם לכל טמאתו אשר יטמא בה ונעלם ממנו והוא ידע ואשם׃ 3
Sɛ obi anhyɛ da na ɔde ne nsa ka biribi a ɛfiri onipa mu a ɛho nte na ɔte ne ho ase sɛ wayɛ saa adeɛ no a, ɔdi ho fɔ.
או נפש כי תשבע לבטא בשפתים להרע או להיטיב לכל אשר יבטא האדם בשבעה ונעלם ממנו והוא ידע ואשם לאחת מאלה׃ 4
Sɛ obi ka ntam a, sɛ ntam no yɛ anaa ɛyɛ ntanhunu no, sɛ ɔhunu sɛ ɛyɛ ntanhunu a, ɔdi ho fɔ.
והיה כי יאשם לאחת מאלה והתודה אשר חטא עליה׃ 5
Sɛ obi di yeinom bi ho fɔ a, ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne no mu nokorɛ
והביא את אשמו ליהוה על חטאתו אשר חטא נקבה מן הצאן כשבה או שעירת עזים לחטאת וכפר עליו הכהן מחטאתו׃ 6
na ɔde odwanbereɛ anaa abirekyibereɛ bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔsɔfoɔ na ɔbɛbɔ onipa ko no bɔne no ho afɔdeɛ ama no. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama no.
ואם לא תגיע ידו די שה והביא את אשמו אשר חטא שתי תרים או שני בני יונה ליהוה אחד לחטאת ואחד לעלה׃ 7
“‘Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya odwammaa mfa mma Awurade a, ɔmfa nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra sɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Nnomaa no mu baako bɛyɛ ne bɔne no afɔrebɔdeɛ na ɔbaako ayɛ ne hyeɛ afɔrebɔdeɛ.
והביא אתם אל הכהן והקריב את אשר לחטאת ראשונה ומלק את ראשו ממול ערפו ולא יבדיל׃ 8
Ɔde bɛma ɔsɔfoɔ no na ɔde anomaa a ɔdi ɛkan no abɔ bɔne afɔdeɛ no. Ɔbɛkyinsa aboa no kɔn nanso ɔrente ne ti mfiri so,
והזה מדם החטאת על קיר המזבח והנשאר בדם ימצה אל יסוד המזבח חטאת הוא׃ 9
na wapete ne mogya no bi agu afɔrebukyia no ho. Mogya no nkaeɛ no, ɔbɛhwie agu afɔrebukyia no ase. Yei ne afɔrebɔ kwan a ɛpepa bɔne.
ואת השני יעשה עלה כמשפט וכפר עליו הכהן מחטאתו אשר חטא ונסלח לו׃ 10
Ɔde anomaa a ɔtɔ so mmienu no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ ɔbɔɔ afɔdeɛ a ɛdi ɛkan no ara pɛ. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama deɛ wayɛ bɔne no, na ɛnam so ma wɔde ne bɔne akyɛ no.
ואם לא תשיג ידו לשתי תרים או לשני בני יונה והביא את קרבנו אשר חטא עשירת האפה סלת לחטאת לא ישים עליה שמן ולא יתן עליה לבנה כי חטאת היא׃ 11
“‘Sɛ ɔyɛ ohiani buruburo a ɔrentumi mfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma mmɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ a, ɔde asikyiresiam papa lita mmienu ne fa bɛba sɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔde ɔsra ngo fra. Ɛnsɛ sɛ ɔde aduhwam nso gu so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ bɔne afɔdeɛ.
והביאה אל הכהן וקמץ הכהן ממנה מלוא קמצו את אזכרתה והקטיר המזבחה על אשי יהוה חטאת הוא׃ 12
Ɔde bɛma ɔsɔfoɔ no. Na ɔsɔfoɔ no asa ne nsabuo ma de asi ne nyinaa anan na wahye no afɔrebukyia no so ama Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ biara. Yei bɛyɛ ne bɔne ho afɔrebɔ.
וכפר עליו הכהן על חטאתו אשר חטא מאחת מאלה ונסלח לו והיתה לכהן כמנחה׃ 13
Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa no na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no. Asikyiresiam a aka no, wɔde bɛma ɔsɔfoɔ no te sɛ afudeɛ afɔrebɔdeɛ no ara pɛ.’”
וידבר יהוה אל משה לאמר׃ 14
Awurade hyɛɛ mmara maa Mose sɛ,
נפש כי תמעל מעל וחטאה בשגגה מקדשי יהוה והביא את אשמו ליהוה איל תמים מן הצאן בערכך כסף שקלים בשקל הקדש לאשם׃ 15
“Sɛ obi anhyɛ da na ɔgu ade kronkron ho fi a, ɔde odwennini a ne ho nni dɛm a ɔfata sɛ mpatadeɛ wɔ ne fɔ no ho bɛba abɛbɔ Awurade afɔdeɛ.
ואת אשר חטא מן הקדש ישלם ואת חמישתו יוסף עליו ונתן אתו לכהן והכהן יכפר עליו באיל האשם ונסלח לו׃ 16
Ade kronkron a onipa no guu ho fi no nso, ɔde foforɔ bɛsi anan na watua dekodeɛ no boɔ ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho sɛ asotwe. Ɔde ne nyinaa bɛma ɔsɔfoɔ na ɔde odwennini no abɔ bɔne afɔdeɛ no na wɔde ne bɔne akyɛ no.
ואם נפש כי תחטא ועשתה אחת מכל מצות יהוה אשר לא תעשינה ולא ידע ואשם ונשא עונו׃ 17
“Sɛ obi anhyɛ da na ɔbu Awurade mmara no bi so a, ɔdi fɔ enti ɛsɛ sɛ ɔtua afɔbudeɛ a Mose bɛhyɛ no.
והביא איל תמים מן הצאן בערכך לאשם אל הכהן וכפר עליו הכהן על שגגתו אשר שגג והוא לא ידע ונסלח לו׃ 18
Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini anaa ɔpapo a ɔnni dɛm brɛ ɔsɔfoɔ sɛ ne bɔne no ho afɔrebɔdeɛ. Na ɔsɔfoɔ no de ayɛ mpatadeɛ ama no sɛdeɛ bɔne biara a ɔyɛeɛ a wanhyɛ da no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.
אשם הוא אשם אשם ליהוה׃ 19
Ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa afɔdeɛ no sɛ afɔdie afɔrebɔ, ɛfiri sɛ, ɔdi fɔ pefee wɔ Awurade anim.”

< ויקרא 5 >