< שופטים 14 >

וירד שמשון תמנתה וירא אשה בתמנתה מבנות פלשתים׃ 1
Da bi a na Samson wɔ Timna no, ohuu Filistini ababaa bi.
ויעל ויגד לאביו ולאמו ויאמר אשה ראיתי בתמנתה מבנות פלשתים ועתה קחו אותה לי לאשה׃ 2
Ɔsan kɔɔ fie no, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne na se, “Mahu Filistini ababaa bi wɔ Timna a mepɛ sɛ meware no.”
ויאמר לו אביו ואמו האין בבנות אחיך ובכל עמי אשה כי אתה הולך לקחת אשה מפלשתים הערלים ויאמר שמשון אל אביו אותה קח לי כי היא ישרה בעיני׃ 3
Nʼagya ne ne na ampene so kaa no anibere so se, “Enti yɛn abusua yi mu anaa Israelfo yi mu, ɔbea baako mpo nni mu a wutumi ware no? Adɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ Filistifo abosonsomfo mu kɔhwehwɛ ɔyere?” Nanso Samson ka kyerɛɛ nʼagya se, “Kɔyɛ ne ho ade ma me. Ɔno ara na mepɛ.”
ואביו ואמו לא ידעו כי מיהוה היא כי תאנה הוא מבקש מפלשתים ובעת ההיא פלשתים משלים בישראל׃ 4
Nʼagya ne ne na anhu sɛ Awurade na ɔreyɛ nʼadwuma, rehwehwɛ akwannya bi a ɔbɛfa so atia Filistifo a saa bere no na wodi Israelfo so.
וירד שמשון ואביו ואמו תמנתה ויבאו עד כרמי תמנתה והנה כפיר אריות שאג לקראתו׃ 5
Samson ne nʼawofo rekɔ Timna no, gyata ba bi tow hyɛɛ Samson so wɔ beae bi a ɛbɛn Timna bobe nturo.
ותצלח עליו רוח יהוה וישסעהו כשסע הגדי ומאומה אין בידו ולא הגיד לאביו ולאמו את אשר עשה׃ 6
Amono mu hɔ ara, Awurade Honhom baa ne so wɔ ahoɔden mu, na ɔde ne nsa hunu waee gyata no abogye. Ɔwaee te sɛ nea ɔrewae abirekyi ba bi abogye. Nanso wanka nea ɔyɛe yi ankyerɛ nʼawofo.
וירד וידבר לאשה ותישר בעיני שמשון׃ 7
Samson duu Timna no, ɔne ɔbea no kasae, na nʼani gyee ne ho.
וישב מימים לקחתה ויסר לראות את מפלת האריה והנה עדת דבורים בגוית האריה ודבש׃ 8
Akyiri no a ɔresan akɔ Timna akohyia ayeforo no, ɔman kɔhwɛɛ gyata no funu no. Ohuu sɛ nnowa kuw akɔyɛ ɛwo wɔ mu.
וירדהו אל כפיו וילך הלוך ואכל וילך אל אביו ואל אמו ויתן להם ויאכלו ולא הגיד להם כי מגוית האריה רדה הדבש׃ 9
Okotii ɛwo no bi dii wɔ kwan so. Ɔmaa nʼawofo no bi ma wodii. Nanso wanka ankyerɛ wɔn sɛ onyaa ɛwo no wɔ gyata funu no mu.
וירד אביהו אל האשה ויעש שם שמשון משתה כי כן יעשו הבחורים׃ 10
Afei, bere a nʼagya reyɛ ahoboa ama awaregye no, Samson too pon wɔ Timna, sɛnea amanne kyerɛ saa bere no.
ויהי כראותם אותו ויקחו שלשים מרעים ויהיו אתו׃ 11
Wɔtoo nsa frɛɛ mmerante aduasa a wofi kurow no mu sɛ wɔmmɛka ne ho.
ויאמר להם שמשון אחודה נא לכם חידה אם הגד תגידו אותה לי שבעת ימי המשתה ומצאתם ונתתי לכם שלשים סדינים ושלשים חלפת בגדים׃ 12
Samson ka kyerɛɛ wɔn se, “Momma menka aborɔme bi nkyerɛ mo. Sɛ nnanson aponto yi mu, mutumi yi ano a, mɛma mo sirikyitam ntade aduasa ne ntade ahorow bi nso aduasa.
ואם לא תוכלו להגיד לי ונתתם אתם לי שלשים סדינים ושלשים חליפות בגדים ויאמרו לו חודה חידתך ונשמענה׃ 13
Sɛ moantumi anyi ano nso a, mo nso mobɛma me sirikyitam ntade aduasa ne ntade ahorow bi nso aduasa.” Wɔka kyerɛɛ no se, “Ka aborɔme no ma yentie.”
ויאמר להם מהאכל יצא מאכל ומעז יצא מתוק ולא יכלו להגיד החידה שלשת ימים׃ 14
Ɔkaa no se, “Nea odidi mu na wonya biribi a wodi; ɔhoɔdenfo mu na ade dɛɛdɛ fi ba.” Nnansa akyi no, na wontumi nyii ano.
ויהי ביום השביעי ויאמרו לאשת שמשון פתי את אישך ויגד לנו את החידה פן נשרף אותך ואת בית אביך באש הלירשנו קראתם לנו הלא׃ 15
Ne nnaanan so no, wɔkɔka kyerɛɛ Samson yere se, “Gye aborɔme no mmuae fi wo kunu hɔ ma yɛn, anyɛ saa a, yɛbɛhyew wo ne wʼagya fi ama wɔawu. Motoo nsa frɛɛ yɛn wɔ ha sɛ morebesisi yɛn ana?”
ותבך אשת שמשון עליו ותאמר רק שנאתני ולא אהבתני החידה חדת לבני עמי ולי לא הגדתה ויאמר לה הנה לאבי ולאמי לא הגדתי ולך אגיד׃ 16
Enti Samson yere de su baa ne nkyɛn bɛkae se, “Wonnɔ me. Wotan me! Woaka aborɔme bi akyerɛ me nkurɔfo, nanso wonkyerɛɛ me ase.” Samson buaa ne yere no se, “Saa ara na mʼagya ne me na nso menkyerɛɛ wɔn ase ɛ. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo?”
ותבך עליו שבעת הימים אשר היה להם המשתה ויהי ביום השביעי ויגד לה כי הציקתהו ותגד החידה לבני עמה׃ 17
Enti osu guu ne so bere biara a ɔne no wɔ hɔ. Ɔkɔɔ so saa ara nna a aka na aponto no aba nʼawie nyinaa. Nnanson so no, esiane haw a ɔhaw no nti, ɔkyerɛɛ no ase. Ɔno nso kaa aborɔme nkyerɛase no kyerɛɛ mmerante no.
ויאמרו לו אנשי העיר ביום השביעי בטרם יבא החרסה מה מתוק מדבש ומה עז מארי ויאמר להם לולא חרשתם בעגלתי לא מצאתם חידתי׃ 18
Na nnanson so, ansa na owia rebɛtɔ no, kurow no mu mmarima baa Samson nkyɛn bɛkyerɛɛ no ase se, “Dɛn na ɛyɛ dɛ sen ɛwo? Dɛn na ɛwɔ ahoɔden sen gyata?” Samson buaa wɔn se, “Sɛ mo ne ɔfatwafo no antu agyina a, anka morennya aborɔme no nkyerɛase.”
ותצלח עליו רוח יהוה וירד אשקלון ויך מהם שלשים איש ויקח את חליצותם ויתן החליפות למגידי החידה ויחר אפו ויעל בית אביהו׃ 19
Afei, Awurade Honhom de ahoɔden kɛse bi baa ne so. Ɔkɔɔ Askelon kurow mu. Okunkum mmarima aduasa faa wɔn agyapade nyinaa. Ɔde wɔn ntade maa mmarima a woyii aborɔme no ano no. Na Samson bo annwo nea ɛbae no ho yiye nti ɔkɔɔ ne fi na ɔne nʼawofo kɔtenae.
ותהי אשת שמשון למרעהו אשר רעה לו׃ 20
Enti wɔde ne yere no maa ɔbarima a na odi Samson nan ase wɔ wɔn ayeforohyia mu no aware.

< שופטים 14 >