< איוב 39 >

הידעת עת לדת יעלי סלע חלל אילות תשמר׃ 1
“Wonim ɛberɛ a bepɔ so mmirekyie wowoɔ? Woahwɛ, ahunu ɛberɛ a ɔforoteɛ nyinsɛn ne ba?
תספר ירחים תמלאנה וידעת עת לדתנה׃ 2
Woakane abosome dodoɔ a wɔde nyinsɛn? Wonim ɛberɛ a wɔwoɔ anaa?
תכרענה ילדיהן תפלחנה חבליהם תשלחנה׃ 3
Wɔkoto wowo wɔn mma; na wɔn awokoɔ yea to twa.
יחלמו בניהם ירבו בבר יצאו ולא שבו למו׃ 4
Wɔn mma nyini ahoɔden so wɔ wiram; na wɔgya wɔn awofoɔ hɔ a wɔnnsane nkɔ wɔn nkyɛn bio.
מי שלח פרא חפשי ומסרות ערוד מי פתח׃ 5
“Hwan na ɔma wiram afunumu fa ne ho die? Hwan na ɔsanee ne nhoma?
אשר שמתי ערבה ביתו ומשכנותיו מלחה׃ 6
Mede asase bonini maa no sɛ ne fie, ne nkyene asase tamaa sɛ nʼatenaeɛ.
ישחק להמון קריה תשאות נוגש לא ישמע׃ 7
Ɔsere kurom gyegyeegyeyɛ no; na ɔnte ɔkafoɔ nteateam.
יתור הרים מרעהו ואחר כל ירוק ידרוש׃ 8
Ɔkyinkyini mmepɔ no so sɛ nʼadidibea; ɛhɔ na ɔkyin hwehwɛ wira mono biara.
היאבה רים עבדך אם ילין על אבוסך׃ 9
“Ɛkoɔ bɛpene sɛ ɔbɛsom wo anaa? Ɔbɛtena wo mmoa adididaka nkyɛn anadwo anaa?
התקשר רים בתלם עבתו אם ישדד עמקים אחריך׃ 10
Wobɛtumi asa no wɔ fentemfidie so? Ɔbɛfentem mmɔnhwa a ɛda wʼakyi anaa?
התבטח בו כי רב כחו ותעזב אליו יגיעך׃ 11
Wobɛtumi de wo ho ato no so ɛsiane nʼahoɔden dodoɔ nti? Wobɛgya wʼadwuma a ɛyɛ den ama no anaa?
התאמין בו כי ישוב זרעך וגרנך יאסף׃ 12
Wogye di sɛ ɔde wʼaburo bɛba na waboa ano de akɔ ayuporobea anaa?
כנף רננים נעלסה אם אברה חסידה ונצה׃ 13
“Sohori bɔ nʼataban mu anigyeɛ so, nanso wɔntumi mfa ntoto asukɔnkɔn deɛ ho.
כי תעזב לארץ בציה ועל עפר תחמם׃ 14
Ɔto ne nkosua gu asase so ma mfuturo ka no hye,
ותשכח כי רגל תזורה וחית השדה תדושה׃ 15
ɛmfa ne ho sɛ ɛnan bi bɛpɛkyɛ no, sɛ wiram aboa bi bɛtiatia so.
הקשיח בניה ללא לה לריק יגיעה בלי פחד׃ 16
Ɔbɔ ne mma atirimuɔden sɛdeɛ wɔnnyɛ ne dea; ɛmfa ne ho sɛ nʼadwuma bɛyɛ kwa,
כי השה אלוה חכמה ולא חלק לה בבינה׃ 17
ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma no nyansa, wamma no nhunumu biara.
כעת במרום תמריא תשחק לסוס ולרכבו׃ 18
Nanso sɛ ɔtrɛ ne ntaban mu tu mmirika a, ɔsere ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ.
התתן לסוס גבורה התלביש צוארו רעמה׃ 19
“Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔden anaa wode ne kɔn mu nwi kuhaa no ma no?
התרעישנו כארבה הוד נחרו אימה׃ 20
Wo na woma no huri te sɛ ntutummɛ, na ɔde ne nkorɔmo hunahuna anaa?
יחפרו בעמק וישיש בכח יצא לקראת נשק׃ 21
Ɔde ne nan tintim fam denden, na nʼani gye nʼahoɔden mu, na afei ɔbɔ wura ɔko mu.
ישחק לפחד ולא יחת ולא ישוב מפני חרב׃ 22
Ɔmmɔ hu, na ɔnsuro biribiara; ɔhunu akofena a ɔnnwane.
עליו תרנה אשפה להב חנית וכידון׃ 23
Bɛmma woso wɔ ne nkyɛn mu bɔha mu, na pea ne pɛmɛ nso di ahim wɔ ne ho.
ברעש ורגז יגמא ארץ ולא יאמין כי קול שופר׃ 24
Ɔfiri ahopereɛ mu de nʼano sisi fam; na sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a, ɔntumi nnyina faako.
בדי שפר יאמר האח ומרחוק יריח מלחמה רעם שרים ותרועה׃ 25
Sɛ totorobɛnto hyɛne a ɔka sɛ, ‘Wiɛɛ!’ ɔte ɔko ho hwa firi akyirikyiri, ɔsahene no nteamu ne ɔko mu osebɔ.
המבינתך יאבר נץ יפרש כנפו לתימן׃ 26
“Wo nyansa na ɛma akorɔma tuo na ɔtrɛ ne ntaban mu fa anafoɔ?
אם על פיך יגביה נשר וכי ירים קנו׃ 27
Wo na wohyɛ ɔkɔdeɛ ma no tu kɔ sorosoro kɔyɛ ne pirebuo wɔ hɔ?
סלע ישכן ויתלנן על שן סלע ומצודה׃ 28
Ɔbotan mu na ɔteɛ na ɛhɔ na ɔda; ɔbotan sorɔnsorɔn yɛ nʼabandenden.
משם חפר אכל למרחוק עיניו יביטו׃ 29
Ɛhɔ na ɔfiri kɔpɛ nʼaduane; nʼani hunu adeɛ a ɛwɔ akyirikyiri.
ואפרחו יעלעו דם ובאשר חללים שם הוא׃ 30
Mogya yɛ ne mma aduane, na baabi a atɔfoɔ wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.”

< איוב 39 >