< ירמיה 14 >

אשר היה דבר יהוה אל ירמיהו על דברי הבצרות׃ 1
Yei ne Awurade asɛm a ɔde maa Yeremia a ɛfa nsuweɛ ho:
אבלה יהודה ושעריה אמללו קדרו לארץ וצוחת ירושלם עלתה׃ 2
“Yuda di awerɛhoɔ ne nkuropɔn hunu amane. Wɔbɔ asase no ho abubuo, na wɔsu wɔ Yerusalem.
ואדריהם שלחו צעוריהם למים באו על גבים לא מצאו מים שבו כליהם ריקם בשו והכלמו וחפו ראשם׃ 3
Mmapɔmma soma wɔn asomfoɔ ma wɔkɔpɛ nsuo; wɔkɔhwɛ ankorɛ mu nanso wɔnnya nsuo. Wɔde wɔn nsuhina sane ba a hwee nni mu; wɔkatakata wɔn tiri so wɔ abotuo ne abasamutuo mu.
בעבור האדמה חתה כי לא היה גשם בארץ בשו אכרים חפו ראשם׃ 4
Asase no apaapae ɛfiri sɛ osuo ntɔ wɔ asase no so; akuafoɔ no bo atu na wɔkata wɔn tiri so.
כי גם אילת בשדה ילדה ועזוב כי לא היה דשא׃ 5
Mpo ɔforotebereɛ a ɔwɔ ɛserɛ so gya ne ba a wawo no foforɔ ɛfiri sɛ ɛserɛ biara nni hɔ.
ופראים עמדו על שפים שאפו רוח כתנים כלו עיניהם כי אין עשב׃ 6
Ɛsrɛ so mfunumu gyinagyina nkokoɔ wesee no so home sɛ sakraman; wɔkenakena wɔn ani hwehwɛ adidibea nanso wɔnhunu bi.”
אם עונינו ענו בנו יהוה עשה למען שמך כי רבו משובתינו לך חטאנו׃ 7
Ɛwom sɛ yɛn amumuyɛ di adanseɛ tia yɛn deɛ, nanso Ao Awurade, wo din enti yɛ ho biribi. Yɛn akyirisane dɔɔso; na yɛayɛ bɔne atia wo.
מקוה ישראל מושיעו בעת צרה למה תהיה כגר בארץ וכארח נטה ללון׃ 8
Ao, Israel Anidasoɔ, yɛn Agyenkwa wɔ amanehunu mmerɛ mu, adɛn enti na woayɛ sɛ ɔhɔhoɔ wɔ asase no so, te sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo pɛ?
למה תהיה כאיש נדהם כגבור לא יוכל להושיע ואתה בקרבנו יהוה ושמך עלינו נקרא אל תנחנו׃ 9
Adɛn enti na woayɛ sɛ obi a adeɛ afu ne mu yi, te sɛ ɔkofoɔ a ɔnni ahoɔden a ɔde boa? Wowɔ yɛn ntam, Ao Awurade na wo din da yɛn so; nnya yɛn mu!
כה אמר יהוה לעם הזה כן אהבו לנוע רגליהם לא חשכו ויהוה לא רצם עתה יזכר עונם ויפקד חטאתם׃ 10
Yei ne deɛ Awurade ka fa saa nnipa yi ho: “Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyini ho bebree; wɔmma wɔn nan nhome. Ɛno enti Awurade nnye wɔn nto mu; afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛsɛm no na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.”
ויאמר יהוה אלי אל תתפלל בעד העם הזה לטובה׃ 11
Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mmɔ yieyɛ ho mpaeɛ mma saa nnipa yi.
כי יצמו אינני שמע אל רנתם וכי יעלו עלה ומנחה אינני רצם כי בחרב וברעב ובדבר אנכי מכלה אותם׃ 12
Mmom ɛwom sɛ wɔdi mmuada deɛ, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwom sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ deɛ, nso merennye. Mmom, mede akofena ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.”
ואמר אהה אדני יהוה הנה הנבאים אמרים להם לא תראו חרב ורעב לא יהיה לכם כי שלום אמת אתן לכם במקום הזה׃ 13
Nanso mekaa sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn daa sɛ, ‘Monnhunu akofena na ɛkɔm remma. Nokorɛm mema mo asomdwoeɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ha.’”
ויאמר יהוה אלי שקר הנבאים נבאים בשמי לא שלחתים ולא צויתים ולא דברתי אליהם חזון שקר וקסם ואלול ותרמות לבם המה מתנבאים לכם׃ 14
Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Adiyifoɔ no hyɛ nkɔmtorɔ wɔ me din mu. Mensomaa wɔn mennyii wɔn, na menkasa nkyerɛɛ wɔn. Wɔrehyɛ nkɔm afa atorɔ anisoadehunu, nsumansɛm, abosonsom ne wɔn ankasa nnaadaa adwene ho.
לכן כה אמר יהוה על הנבאים הנבאים בשמי ואני לא שלחתים והמה אמרים חרב ורעב לא יהיה בארץ הזאת בחרב וברעב יתמו הנבאים ההמה׃ 15
Ɛno enti, deɛ Awurade ka fa adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho nie: mensomaa wɔn nanso wɔka sɛ, ‘Akofena biara anaa ɛkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifoɔ no ara bɛtotɔ akofena ano ne ɛkɔm mu.
והעם אשר המה נבאים להם יהיו משלכים בחצות ירושלם מפני הרעב והחרב ואין מקבר להמה המה נשיהם ובניהם ובנתיהם ושפכתי עליהם את רעתם׃ 16
Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtoto wɔn agu Yerusalem mmɔntene so ɛsiane ɛkɔm ne akofena enti. Wɔrenya obiara nsie wɔn, wɔn yerenom, wɔn mmammarima anaa wɔn mmammaa. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so.
ואמרת אליהם את הדבר הזה תרדנה עיני דמעה לילה ויומם ואל תדמינה כי שבר גדול נשברה בתולת בת עמי מכה נחלה מאד׃ 17
“Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn: “‘ma nisuo nnware me anadwo ne awia a ɛtoɔ ntwa da ɛfiri sɛ me babaa bunu, me nkurɔfoɔ anya apirakuro a ɛyɛ hu na ɛyɛ ahodwirie mmorosoɔ.
אם יצאתי השדה והנה חללי חרב ואם באתי העיר והנה תחלואי רעב כי גם נביא גם כהן סחרו אל ארץ ולא ידעו׃ 18
Sɛ mekɔ ɔman no mu a, mehunu nnipa a wɔatotɔ akofena ano; sɛ mekɔ kuropɔn no mu a mehunu ɛkɔm nsunsuansoɔ. Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa kɔ asase a wɔnnim so so.’”
המאס מאסת את יהודה אם בציון געלה נפשך מדוע הכיתנו ואין לנו מרפא קוה לשלום ואין טוב ולעת מרפא והנה בעתה׃ 19
Woapo Yuda kora anaa? Wokyi Sion anaa? Adɛn enti na wode ɔhaw aba yɛn so na yɛnnya ayaresa? Yɛn ani daa asomdwoeɛ so, nanso ade papa biara mmaeɛ, yɛn ani daa ayaresaberɛ so nanso ehubɔ na ɛbaeɛ.
ידענו יהוה רשענו עון אבותינו כי חטאנו לך׃ 20
Ao, Awurade, yɛagye yɛn amumuyɛ ato mu ne yɛn agyanom afɔdie; nokorɛm yɛayɛ bɔne atia wo.
אל תנאץ למען שמך אל תנבל כסא כבודך זכר אל תפר בריתך אתנו׃ 21
Na wo din enti mmu yɛn animtia; nhura wʼanimuonyam ahennwa no ho. Kae wo ne yɛn apam no na mmu so.
היש בהבלי הגוים מגשמים ואם השמים יתנו רבבים הלא אתה הוא יהוה אלהינו ונקוה לך כי אתה עשית את כל אלה׃ 22
Na amanaman ahoni ahuhuo no mu bi ma osuo tɔ anaa? Anaasɛ ewiem bɛtumi ama obosuo apete? Dabi, ɛyɛ wo, Ao Awurade yɛn Onyankopɔn. Enti wo so na yɛn ani da, yɛretwɛn mmoa afiri wo hɔ.

< ירמיה 14 >