< ישעה 47 >

רדי ושבי על עפר בתולת בת בבל שבי לארץ אין כסא בת כשדים כי לא תוסיפי יקראו לך רכה וענגה׃ 1
“Sian kɔ, tena mfutuma mu, Ɔbabea Babilonia; tena fam na mfa ahengua, Babiloniafo hemmea kuropɔn. Wɔremfrɛ wo bio se, nsiforo anaa nea ne ho yɛ na.
קחי רחים וטחני קמח גלי צמתך חשפי שבל גלי שוק עברי נהרות׃ 2
Fa awiyammo na yam esiam; yi wo nkataanim no. Ma wʼatade so kɔ soro, na wo nan ho ngu hɔ, na fa nsuwansuwa no mu.
תגל ערותך גם תראה חרפתך נקם אקח ולא אפגע אדם׃ 3
Wʼadagyaw bɛda adi na wʼanimguase so renkata. Mɛtɔ were; meremfa obiara ho nkyɛ no.”
גאלנו יהוה צבאות שמו קדוש ישראל׃ 4
Yɛn Gyefo, Asafo Awurade ne ne din, ɔno ne Israel Kronkronni.
שבי דומם ובאי בחשך בת כשדים כי לא תוסיפי יקראו לך גברת ממלכות׃ 5
“Tena ase dinn, kɔhyɛ sum mu, Babiloniafo hemmea kurow; wɔremfrɛ wo bio se ahenni ahorow so hemmea.
קצפתי על עמי חללתי נחלתי ואתנם בידך לא שמת להם רחמים על זקן הכבדת עלך מאד׃ 6
Me bo fuw me nkurɔfo, na miguu mʼagyapade ho fi; mede wɔn hyɛɛ wo nsa, na woanhu wɔn mmɔbɔ. Nkwakoraa koraa mpo, wosoaa wɔn konnua duruduru.
ותאמרי לעולם אהיה גברת עד לא שמת אלה על לבך לא זכרת אחריתה׃ 7
Wokae se, ‘Mɛkɔ so daa, ayɛ ɔhemmea afebɔɔ.’ Nanso woannwen saa nneɛma yi ho na woansusuw nea ebetumi asi ho.
ועתה שמעי זאת עדינה היושבת לבטח האמרה בלבבה אני ואפסי עוד לא אשב אלמנה ולא אדע שכול׃ 8
“Afei tie, wo oguamanfo, woredwudwo wo ho wɔ wo bammɔ mu na woka kyerɛ wo ho se, ‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me. Merenyɛ okunafo da na merenni awommawu.’
ותבאנה לך שתי אלה רגע ביום אחד שכול ואלמן כתמם באו עליך ברב כשפיך בעצמת חבריך מאד׃ 9
Saa nneɛma abien yi bɛto wo prɛko pɛ, da koro pɛ: awommawu ne kunayɛ. Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara, wʼabayisɛm bebrebe yi ne ntafowayi a mu yɛ den nyinaa akyi.
ותבטחי ברעתך אמרת אין ראני חכמתך ודעתך היא שובבתך ותאמרי בלבך אני ואפסי עוד׃ 10
Wode wo ho ato wʼamumɔyɛ so na waka se, ‘Obiara nhu me.’ Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwan bere a woka kyerɛ wo ho se, ‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’
ובא עליך רעה לא תדעי שחרה ותפל עליך הוה לא תוכלי כפרה ותבא עליך פתאם שואה לא תדעי׃ 11
Amanehunu bɛto wo, na worenhu ɔkwan ko a wobɛfa so ayi afi hɔ. Ɔhaw bi bɛba wo so a worentumi mfa mpata nyi mfi hɔ; atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wo bɛba wo so mpofirim.
עמדי נא בחבריך וברב כשפיך באשר יגעת מנעוריך אולי תוכלי הועיל אולי תערוצי׃ 12
“Kɔ so yɛ wo ntafowayi ne wʼabayisɛm bebrebe a wode adi dwuma fi wo mmofraase no. Ebia wubedi nkonim, ebia wode ehu bɛba.
נלאית ברב עצתיך יעמדו נא ויושיעך הברו שמים החזים בכוכבים מודיעם לחדשים מאשר יבאו עליך׃ 13
Woabrɛ wɔ afotufo bebrebe a woanya no mu! Ma wo nsoromma ho anyansafo mmra anim, wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no, ka nea ɛreba ɔsram biara mu no, ma wonnye wo mfi nea ɛreba wo so no mu.
הנה היו כקש אש שרפתם לא יצילו את נפשם מיד להבה אין גחלת לחמם אור לשבת נגדו׃ 14
Nokwarem, wɔte sɛ gyentia; ogya bɛhyew wɔn. Na wontumi nnye wɔn ankasa ho mfi ogyaframa anoden no ho. Nnyansramma biara nni ha a ɛbɛka obiara hyew; ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato.
כן היו לך אשר יגעת סחריך מנעוריך איש לעברו תעו אין מושיעך׃ 15
Nea wobetumi ayɛ ama wo ara ne no, eyinom na wo ne wɔn abrɛ na wo ne wɔn anantew fi mmofraase. Wɔn mu biara kɔ so yɛ ne mfomso; ɔbaako mpo nni hɔ a obetumi agye wo.

< ישעה 47 >