< בראשית 8 >
ויזכר אלהים את נח ואת כל החיה ואת כל הבהמה אשר אתו בתבה ויעבר אלהים רוח על הארץ וישכו המים׃ | 1 |
Nanso, Onyankopɔn kaee Noa ne wiram mmoa a na wɔne no wɔ adaka no mu no. Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsuo no tweeɛ.
ויסכרו מעינת תהום וארבת השמים ויכלא הגשם מן השמים׃ | 2 |
Nsutire a ɛwɔ asase ase no mu nsuo a ɛbɔeɛ no gyaee ba, na ɛsoro mpomma no nso mu totoeɛ, maa nsuo no gyaee tɔ.
וישבו המים מעל הארץ הלוך ושוב ויחסרו המים מקצה חמשים ומאת יום׃ | 3 |
Nsuo no toaa so twe firii asase so. Nnafua ɔha ne aduonum akyiri no, na nsuo no atwe koraa.
ותנח התבה בחדש השביעי בשבעה עשר יום לחדש על הרי אררט׃ | 4 |
Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunson so, Adaka no kɔtaa Ararat mmepɔ so.
והמים היו הלוך וחסור עד החדש העשירי בעשירי באחד לחדש נראו ראשי ההרים׃ | 5 |
Nsuo no toaa so, tweeɛ ara kɔsii ɔbosome a ɛtɔ so edu no so. Na ɔbosome edu no ɛda a ɛdi ɛkan no, mmepɔ no atifi daa adi.
ויהי מקץ ארבעים יום ויפתח נח את חלון התבה אשר עשה׃ | 6 |
Adaduanan akyiri no, Noa buee mpomma a ɔtwa too adaka no ho no,
וישלח את הערב ויצא יצוא ושוב עד יבשת המים מעל הארץ׃ | 7 |
na ɔsomaa kwaakwaadabi, ma ɔdii akɔneaba kɔsii sɛ nsuo no nyinaa we firii asase no so.
וישלח את היונה מאתו לראות הקלו המים מעל פני האדמה׃ | 8 |
Afei, ɔsomaa aborɔnoma sɛ, ɔnkɔhwɛ sɛ asase no so awo anaa.
ולא מצאה היונה מנוח לכף רגלה ותשב אליו אל התבה כי מים על פני כל הארץ וישלח ידו ויקחה ויבא אתה אליו אל התבה׃ | 9 |
Nanso, aborɔnoma no annya baabi ansi, ɛfiri sɛ, na nsuo no akata asase no so nyinaa. Enti, ɔsane baa Noa nkyɛn, maa Noa tenee ne nsa sɔɔ ne mu de no baa Adaka no mu.
ויחל עוד שבעת ימים אחרים ויסף שלח את היונה מן התבה׃ | 10 |
Noa twɛn nnanson, na ɛno akyiri no, ɔsane somaa aborɔnoma no bio.
ותבא אליו היונה לעת ערב והנה עלה זית טרף בפיה וידע נח כי קלו המים מעל הארץ׃ | 11 |
Ɛberɛ a aborɔnoma no sane baa ne nkyɛn anwummerɛ no, na ngo dua ahahammono a wate tua nʼano. Ɛno na ɛmaa Noa hunuu sɛ, nsuo no atwe afiri asase no so.
וייחל עוד שבעת ימים אחרים וישלח את היונה ולא יספה שוב אליו עוד׃ | 12 |
Noa twɛnee nnanson bio, na ɔsane somaa aborɔnoma no, nanso wansane amma ne nkyɛn bio.
ויהי באחת ושש מאות שנה בראשון באחד לחדש חרבו המים מעל הארץ ויסר נח את מכסה התבה וירא והנה חרבו פני האדמה׃ | 13 |
Na ɛbaa sɛ Noa dii mfeɛ ahansia ne baako, bosome a ɛdi ɛkan no mu ɛda a ɛdi ɛkan no, na nsuo no atwe afiri asase no so. Enti, Noa yii adaka no suhyɛ no, na ɔhunuu sɛ, asase so awo.
ובחדש השני בשבעה ועשרים יום לחדש יבשה הארץ׃ | 14 |
Ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so aduonu nson so no na asase no so woo koraa.
וידבר אלהים אל נח לאמר׃ | 15 |
Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ,
צא מן התבה אתה ואשתך ובניך ונשי בניך אתך׃ | 16 |
“Wo ne wo yere ne wo mmammarima ne wɔn yerenom mfiri adaka no mu mfi.
כל החיה אשר אתך מכל בשר בעוף ובבהמה ובכל הרמש הרמש על הארץ הוצא אתך ושרצו בארץ ופרו ורבו על הארץ׃ | 17 |
Afei, yi abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ wo nkyɛn, a ɛyɛ nnomaa, mmoa ne mmoa a wɔnam asase so nyinaa firi adaka no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn ase bɛdɔre wɔ asase so.”
ויצא נח ובניו ואשתו ונשי בניו אתו׃ | 18 |
Enti, Noa ne ne mmammarima ne ne yere ne ne mmammarima yerenom firii adaka no mu.
כל החיה כל הרמש וכל העוף כל רומש על הארץ למשפחתיהם יצאו מן התבה׃ | 19 |
Mmoa no nyinaa ne abɔdeɛ a wɔnam asase so nyinaa ne nnomaa nyinaa ne biribiara a ɛnam asase so ahodoɔ nyinaa firii Adaka no mu saa ara mmaako mmaako.
ויבן נח מזבח ליהוה ויקח מכל הבהמה הטהורה ומכל העוף הטהר ויעל עלת במזבח׃ | 20 |
Afei, Noa sii afɔrebukyia maa Awurade. Ɔfaa mmoa ne nnomaa a wɔn ho te, de bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so.
וירח יהוה את ריח הניחח ויאמר יהוה אל לבו לא אסף לקלל עוד את האדמה בעבור האדם כי יצר לב האדם רע מנעריו ולא אסף עוד להכות את כל חי כאשר עשיתי׃ | 21 |
Awurade tee afɔdeɛ no a Noa bɔeɛ no hwam a ɛyɛ no, ɔkaa wɔ nʼakoma mu sɛ, “Ɛwom sɛ bɔne ahyɛ onipa akoma ma firi ne mmɔfraase deɛ, nanso merenni onipa akyiri nnome asase bio. Na merensɛe abɔdeɛ a nkwa wɔ mu bio sɛdeɛ mayɛ yi.
עד כל ימי הארץ זרע וקציר וקר וחם וקיץ וחרף ויום ולילה לא ישבתו׃ | 22 |
“Mmerɛ dodoɔ a asase da so wɔ hɔ yi, oguo ne otwa, awɔ ne ahuhuro, asusɔ ne ɔpɛ, owia ne anadwo rentwam da.”