< בראשית 23 >

ויהיו חיי שרה מאה שנה ועשרים שנה ושבע שנים שני חיי שרה׃ 1
Sara dii mfeɛ ɔha aduonu nson.
ותמת שרה בקרית ארבע הוא חברון בארץ כנען ויבא אברהם לספד לשרה ולבכתה׃ 2
Ɔwuu wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kɔgyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ.
ויקם אברהם מעל פני מתו וידבר אל בני חת לאמר׃ 3
Abraham gyaa ne yere Sara amu no hɔ, kɔɔ Hetifoɔ mpanimfoɔ nkyɛn, kɔsrɛɛ wɔn sɛ,
גר ותושב אנכי עמכם תנו לי אחזת קבר עמכם ואקברה מתי מלפני׃ 4
“Meyɛ ɔhɔhoɔ ne mamfrani a mete mo mu. Mesrɛ mo, montɔn mo asase yi bi mma me, na mensie me yere wɔ so.”
ויענו בני חת את אברהם לאמר לו׃ 5
Hetifoɔ no buaa Abraham sɛ,
שמענו אדני נשיא אלהים אתה בתוכנו במבחר קברינו קבר את מתך איש ממנו את קברו לא יכלה ממך מקבר מתך׃ 6
“Owura, yɛsrɛ wo, tie asɛm a yɛrebɛka yi. Woyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ kɛseɛ wɔ yɛn mu. Yɛn boda biara a ɛsɔ wʼani a wopɛ sɛ wosie wo yere wɔ hɔ no, yɛma wo ho kwan, kɔsie no. Yɛn mu biara remfa ne boda nkame wo.”
ויקם אברהם וישתחו לעם הארץ לבני חת׃ 7
Ɛhɔ ara, Abraham sɔre bɔɔ ne mu ase wɔ Hetifoɔ no anim,
וידבר אתם לאמר אם יש את נפשכם לקבר את מתי מלפני שמעוני ופגעו לי בעפרון בן צחר׃ 8
ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moapene so sɛ mensie mʼamu no wɔ ha deɛ a, mepa mo kyɛw, monsrɛ Efron a ɔyɛ Sohar babarima no mma me,
ויתן לי את מערת המכפלה אשר לו אשר בקצה שדהו בכסף מלא יתננה לי בתוככם לאחזת קבר׃ 9
na ɔntɔn Makpela ɔboda a ɛwɔ nʼafuo ano no mma me. Monka nkyerɛ no na ɔntɔn no sɛdeɛ ne boɔ die pɛpɛɛpɛ mma me, na mede hɔ ayɛ me ne mʼabusuafoɔ amusieeɛ.”
ועפרון ישב בתוך בני חת ויען עפרון החתי את אברהם באזני בני חת לכל באי שער עירו לאמר׃ 10
Saa ɛberɛ no na Hetini Efron a ɔte ne manfoɔ mu no buaa Abraham maa ne nkurɔfoɔ a wɔahyia wɔ kuro no ɛpono ano nyinaa tee sɛ,
לא אדני שמעני השדה נתתי לך והמערה אשר בו לך נתתיה לעיני בני עמי נתתיה לך קבר מתך׃ 11
“Dabi, me wura, tie me! Mede afuo no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Megyina me manfoɔ anim, na mede kyɛ wo. Kɔsie wʼamu no wɔ hɔ.”
וישתחו אברהם לפני עם הארץ׃ 12
Bio Abraham de obuo ne anidie bɔɔ ne mu ase wɔ ɔmanfoɔ no anim,
וידבר אל עפרון באזני עם הארץ לאמר אך אם אתה לו שמעני נתתי כסף השדה קח ממני ואקברה את מתי שמה׃ 13
ka kyerɛɛ Efron maa wɔn a wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa tee asɛm a ɔkaeɛ no sɛ, “Mesrɛ mo, ɔmanfoɔ, monyɛ aso mma me. Momma mentua asase no ka. Mompene so mma me, na mennya ɛkwan nkɔsie mʼamu no.”
ויען עפרון את אברהם לאמר לו׃ 14
Efron buaa Abraham sɛ,
אדני שמעני ארץ ארבע מאת שקל כסף ביני ובינך מה הוא ואת מתך קבר׃ 15
“Me wura, tie me! Asase no boɔ yɛ dwetɛ kilogram ɛnan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako anaa? Meregye saa sika yi ayɛ ɛdeɛn? Kɔsie wʼamu no!”
וישמע אברהם אל עפרון וישקל אברהם לעפרן את הכסף אשר דבר באזני בני חת ארבע מאות שקל כסף עבר לסחר׃ 16
Abraham penee Efron asɛm no so. Ɔkarii dwetɛ kilogram ɛnan ne fa a ɛyɛ asase no boɔ de maa Efron. Saa ara na na adwadifoɔ tɔn asase wɔ Hetifoɔ ɔman mu, na Hetifoɔ mpanimfoɔ no dii dwumadie no ho adanseɛ.
ויקם שדה עפרון אשר במכפלה אשר לפני ממרא השדה והמערה אשר בו וכל העץ אשר בשדה אשר בכל גבלו סביב׃ 17
Enti, wɔde Efron asase a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ, a ɛyɛ afuo no, ɔboda a ɛwɔ mu no, nnua a ɛwɔ afuo no mu ne nʼahyeɛ so nyinaa maa
לאברהם למקנה לעיני בני חת בכל באי שער עירו׃ 18
Abraham sɛ nʼagyapadeɛ. Yei nyinaa sii wɔ Hetifoɔ no ne wɔn a wɔbaa kuro no ɛpono no ano nyinaa anim.
ואחרי כן קבר אברהם את שרה אשתו אל מערת שדה המכפלה על פני ממרא הוא חברון בארץ כנען׃ 19
Afei, Abraham siee ne yere Sara wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela afuo a ɛbɛn Mamrɛ a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no mu.
ויקם השדה והמערה אשר בו לאברהם לאחזת קבר מאת בני חת׃ 20
Enti, Hetifoɔ no yɛɛ nhyehyɛeɛ de afuo no ne ɔboda a ɛwɔ mu no maa Abraham sɛ, nʼagyapadeɛ ne nʼamusieeɛ.

< בראשית 23 >