< בראשית 10 >

ואלה תולדת בני נח שם חם ויפת ויולדו להם בנים אחר המבול׃ 1
Eyinom ne Noa mmabarima: Wɔne Sem, Ham ne Yafet asefo. Wɔwowoo mmabarima nsuyiri no akyi.
בני יפת גמר ומגוג ומדי ויון ותבל ומשך ותירס׃ 2
Yafet asefo ni: Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.
ובני גמר אשכנז וריפת ותגרמה׃ 3
Gomer asefo ni: Askenas, Rifat ne Togarma.
ובני יון אלישה ותרשיש כתים ודדנים׃ 4
Yawan asefo ni: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.
מאלה נפרדו איי הגוים בארצתם איש ללשנו למשפחתם בגויהם׃ 5
Na wɔn asefo bɛyɛɛ po so adwumayɛfo wɔ nsase ahorow so a na abusuakuw biara ka ne kasa nko.
ובני חם כוש ומצרים ופוט וכנען׃ 6
Ham asefo ni: Kus, Misraim, Put ne Kanaan.
ובני כוש סבא וחוילה וסבתה ורעמה וסבתכא ובני רעמה שבא ודדן׃ 7
Kus asefo ni: Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefo nso ne: Saba ne Dedan.
וכוש ילד את נמרד הוא החל להיות גבר בארץ׃ 8
Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofo kɛse wɔ asase so.
הוא היה גבר ציד לפני יהוה על כן יאמר כנמרד גבור ציד לפני יהוה׃ 9
Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokodurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a Awurade ahyira no no ho.
ותהי ראשית ממלכתו בבל וארך ואכד וכלנה בארץ שנער׃ 10
Nʼahenni fii ase wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a ne nyinaa wɔ Sinear asase so.
מן הארץ ההוא יצא אשור ויבן את נינוה ואת רחבת עיר ואת כלח׃ 11
Ofii saa asase no so trɛw nʼahenni mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne
ואת רסן בין נינוה ובין כלח הוא העיר הגדלה׃ 12
Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kurow kɛse wɔ saa ahemman no mu.
ומצרים ילד את לודים ואת ענמים ואת להבים ואת נפתחים׃ 13
Na Misraim woo Ludfo, Anamfo, Lehabfo, Naftuhfo,
ואת פתרסים ואת כסלחים אשר יצאו משם פלשתים ואת כפתרים׃ 14
Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo fi.
וכנען ילד את צידן בכרו ואת חת׃ 15
Na Kanaan woo nʼabakan Sidon ne Het.
ואת היבוסי ואת האמרי ואת הגרגשי׃ 16
Yebusifo, Amorifo, Girgasifo,
ואת החוי ואת הערקי ואת הסיני׃ 17
Hewifo, Arkifo, Sinifo,
ואת הארודי ואת הצמרי ואת החמתי ואחר נפצו משפחות הכנעני׃ 18
Arwadfo, Semarifo ne Hematifo. Akyiri no, Kanaanfo mmusua no petee.
ויהי גבול הכנעני מצידן באכה גררה עד עזה באכה סדמה ועמרה ואדמה וצבים עד לשע׃ 19
Kanaan nsase ahye trɛw fii Sidon koduu Gerar de kosii Gasa koduu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kosi Lasa.
אלה בני חם למשפחתם ללשנתם בארצתם בגויהם׃ 20
Eyinom ne Ham asefo a wɔn mmusuakuw, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.
ולשם ילד גם הוא אבי כל בני עבר אחי יפת הגדול׃ 21
Sem a na ne nua panyin ne Yafet no nso woo mmabarima. Sem nananom ne Eber mma.
בני שם עילם ואשור וארפכשד ולוד וארם׃ 22
Sem asefo ni: Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.
ובני ארם עוץ וחול וגתר ומש׃ 23
Aram asefo ni: Us, Hul, Geter ne Mas.
וארפכשד ילד את שלח ושלח ילד את עבר׃ 24
Na Arfaksad woo Sela, na Sela woo Eber.
ולעבר ילד שני בנים שם האחד פלג כי בימיו נפלגה הארץ ושם אחיו יקטן׃ 25
Eber woo mmabarima baanu. Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.
ויקטן ילד את אלמודד ואת שלף ואת חצרמות ואת ירח׃ 26
Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera,
ואת הדורם ואת אוזל ואת דקלה׃ 27
Hadoram, Usal, Dikla,
ואת עובל ואת אבימאל ואת שבא׃ 28
Obal, Abimael, Seba,
ואת אופר ואת חוילה ואת יובב כל אלה בני יקטן׃ 29
Ofir, Hawila ne Yobab.
ויהי מושבם ממשא באכה ספרה הר הקדם׃ 30
Asase a wɔte so no trɛw fi Mesa kosi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔw so wɔ apuei fam no.
אלה בני שם למשפחתם ללשנתם בארצתם לגויהם׃ 31
Eyinom ne Sem mmabarima, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.
אלה משפחת בני נח לתולדתם בגויהם ומאלה נפרדו הגוים בארץ אחר המבול׃ 32
Eyinom ne Noa mmabarima mmusua, sɛnea wɔn awo ntoatoaso te wɔ wɔn amanaman mu. Na efi eyinom mu na nsuyiri no akyi no amanaman petee asase so.

< בראשית 10 >