< דברים 8 >

כל המצוה אשר אנכי מצוך היום תשמרון לעשות למען תחיון ורביתם ובאתם וירשתם את הארץ אשר נשבע יהוה לאבתיכם׃ 1
Monhwɛ yie na monni mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛtena ase na moadɔɔso na moakɔ asase a Awurade kaa ntam de hyɛɛ mo agyanom bɔ no na moatena so.
וזכרת את כל הדרך אשר הליכך יהוה אלהיך זה ארבעים שנה במדבר למען ענתך לנסתך לדעת את אשר בלבבך התשמר מצותו אם לא׃ 2
Monkae sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn dii mo anim faa ɛserɛ so mfeɛ aduanan, nam so brɛɛ mo ase de sɔɔ mo suban hwɛeɛ sɛ mobɛdi ne mmara so anaasɛ morenni so no.
ויענך וירעבך ויאכלך את המן אשר לא ידעת ולא ידעון אבתיך למען הודעך כי לא על הלחם לבדו יחיה האדם כי על כל מוצא פי יהוה יחיה האדם׃ 3
Nokorɛm, ɔmaa ɛkɔm dee mo nam so brɛɛ mo ase, ɛnna ɔmaa mo mana, aduane a na anka mo ne mo agyanom nnii bi da. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Awurade asɛm.
שמלתך לא בלתה מעליך ורגלך לא בצקה זה ארבעים שנה׃ 4
Mfeɛ aduanan yi nyinaa mu, mo ntadeɛ antete, na mo nan ammɔ mpumpunnya na anhonhono nso.
וידעת עם לבבך כי כאשר ייסר איש את בנו יהוה אלהיך מיסרך׃ 5
Enti, deɛ ɛsɛ sɛ mohunu ne sɛ, sɛdeɛ ɔbaatan tea ne ba no, saa ara nso na Awurade mo Onyankopɔn tea mo de boa mo.
ושמרת את מצות יהוה אלהיך ללכת בדרכיו וליראה אתו׃ 6
Monni Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ so na monnante nʼakwan so na momfa anidie mma no.
כי יהוה אלהיך מביאך אל ארץ טובה ארץ נחלי מים עינת ותהמת יצאים בבקעה ובהר׃ 7
Ɛfiri sɛ, mo Awurade de mo rekɔ asase pa so—asase a asutene, mmura ne nsutire resene wɔ bɔnhwa ne mmepɔ mu;
ארץ חטה ושערה וגפן ותאנה ורמון ארץ זית שמן ודבש׃ 8
asase a atokoɔ, ayuo, bobe, borɔdɔma, ateaa, ngo dua ne ɛwoɔ wɔ so.
ארץ אשר לא במסכנת תאכל בה לחם לא תחסר כל בה ארץ אשר אבניה ברזל ומהרריה תחצב נחשת׃ 9
Ɛyɛ asase a aduane abu wɔ so a biribiara wɔ so; ɛyɛ asase a fagudeɛ dadeɛ abu so te sɛ aboɔ, na sumpii nso nyɛ na wɔ ne mmepɔ mu.
ואכלת ושבעת וברכת את יהוה אלהיך על הארץ הטבה אשר נתן לך׃ 10
Sɛ modidi mee a, monhyira Awurade mo Onyankopɔn wɔ asase pa a ɔde ama mo no enti.
השמר לך פן תשכח את יהוה אלהיך לבלתי שמר מצותיו ומשפטיו וחקתיו אשר אנכי מצוך היום׃ 11
Nanso, monhwɛ yie na mo werɛ amfiri Awurade mo Onyankopɔn a morenni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ a merehyɛ mo ɛnnɛ yi so.
פן תאכל ושבעת ובתים טובים תבנה וישבת׃ 12
Anyɛ saa a, sɛ modidi na momee na mosisi mo afie fɛfɛ, na mokɔtena mu
ובקרך וצאנך ירבין וכסף וזהב ירבה לך וכל אשר לך ירבה׃ 13
na mo anantwie ne nnwan ase dɔre, na monya dwetɛ ne sika pii, na mo agyapadeɛ nyinaa dɔɔso
ורם לבבך ושכחת את יהוה אלהיך המוציאך מארץ מצרים מבית עבדים׃ 14
a, saa ɛberɛ no na ɛsɛ sɛ mohwɛ yie. Monnyɛ ahomasoɔ na mommma mo werɛ mfiri Awurade mo Onyankopɔn a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase so no.
המוליכך במדבר הגדל והנורא נחש שרף ועקרב וצמאון אשר אין מים המוציא לך מים מצור החלמיש׃ 15
Mommma mo werɛ mfiri sɛ ɔno na ɔdii mo anim yii mo firii ɛserɛ a na ɛso yɛ hu so. Ɔno na ɔyii mo firii asase a ɛso yɛ hye, a awɔ ne anyanyankyerɛ a wɔn ano wɔ borɔ wɔ so no so. Ɔmaa mo nsuo firi ɔbotan mu.
המאכלך מן במדבר אשר לא ידעון אבתיך למען ענתך ולמען נסתך להיטבך באחריתך׃ 16
Ɔmaa mo mana aduane a mo agyanom nnim diiɛ wɔ ɛserɛ so. Ɔyɛɛ yei de brɛɛ mo ase, de sɔɔ mo hwɛeɛ wɔ mo ankasa yiedie mu.
ואמרת בלבבך כחי ועצם ידי עשה לי את החיל הזה׃ 17
Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnsɛ sɛ modwene sɛ mo ahonya no firi mo ankasa mo ahoɔden mu.
וזכרת את יהוה אלהיך כי הוא הנתן לך כח לעשות חיל למען הקים את בריתו אשר נשבע לאבתיך כיום הזה׃ 18
Daa monkae sɛ, Awurade mo Onyankopɔn a ɔma mo tumi ma moyɛ adefoɔ no, ɔyɛ saa de dii apam a ɔne mo agyanom hyɛeɛ no so.
והיה אם שכח תשכח את יהוה אלהיך והלכת אחרי אלהים אחרים ועבדתם והשתחוית להם העדתי בכם היום כי אבד תאבדון׃ 19
Na mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mo werɛ firi Awurade, mo Onyankopɔn, na mokɔdi anyame foforɔ akyi, som wɔn, koto wɔn a, sɛeɛ na wɔbɛsɛe mo.
כגוים אשר יהוה מאביד מפניכם כן תאבדון עקב לא תשמעון בקול יהוה אלהיכם׃ 20
Sɛdeɛ Awurade asɛe amanaman a na wɔwɔ mo anim no, mo nso sɛ moantie Awurade mo Onyankopɔn a, saa ara na wɔbɛsɛe mo.

< דברים 8 >