< שמואל ב 21 >

ויהי רעב בימי דוד שלש שנים שנה אחרי שנה ויבקש דוד את פני יהוה ויאמר יהוה אל שאול ואל בית הדמים על אשר המית את הגבענים׃ 1
Bere a Dawid di hene no, ɔkɔm baa asase no so mfe abiɛsa, enti Dawid bisaa Awurade ɔkɔm no ho asɛm. Na Awurade kae se, “Esiane fɔ a Saulo ne ne fifo di wɔ kunkum a wokunkum Gibeonfo no ho nti na ɔkɔm saa aba no.”
ויקרא המלך לגבענים ויאמר אליהם והגבענים לא מבני ישראל המה כי אם מיתר האמרי ובני ישראל נשבעו להם ויבקש שאול להכתם בקנאתו לבני ישראל ויהודה׃ 2
Enti ɔhene Dawid frɛɛ Gibeonfo no nyinaa. Na wɔnka Israelfo no ho, na mmom, wɔyɛ Amorifo nkaefo bi. Israel kaa ntam se, wɔrenkum wɔn, nanso esiane Saulo ahopere nti, ɔpɛɛ sɛ ɔtɔre wɔn ase.
ויאמר דוד אל הגבענים מה אעשה לכם ובמה אכפר וברכו את נחלת יהוה׃ 3
Dawid bisaa Gibeonfo no se, “Dɛn na metumi ayɛ de apata mo? Monka, sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade behyira ne nkurɔfo bio.”
ויאמרו לו הגבענים אין לי כסף וזהב עם שאול ועם ביתו ואין לנו איש להמית בישראל ויאמר מה אתם אמרים אעשה לכם׃ 4
Gibeonfo no buae se, “Anokwa, sika rentumi, na yɛmpɛ nso sɛ wobekunkum Israelfo aweretɔ wɔ so.” Enti Dawid kɔɔ so bisaa wɔn se, “Enti dɛn na menyɛ? Monka nkyerɛ me, na mɛyɛ ama mo.”
ויאמרו אל המלך האיש אשר כלנו ואשר דמה לנו נשמדנו מהתיצב בכל גבל ישראל׃ 5
Na wobuae se, “Ɛyɛ Saulo na ɔdwenee ho sɛ ɔbɛsɛe yɛn, sɛnea yɛrennya afa biara wɔ Israel.
ינתן לנו שבעה אנשים מבניו והוקענום ליהוה בגבעת שאול בחיר יהוה ויאמר המלך אני אתן׃ 6
Enti wonyi Saulo mmabarima anaa ne nananom mmarima baason mma yɛn, na yebekum wɔn wɔ Awurade anim wɔ Gibea bepɔw no so.” Ɔhene no kaa se, “Eye. Mɛyɛ.”
ויחמל המלך על מפיבשת בן יהונתן בן שאול על שבעת יהוה אשר בינתם בין דוד ובין יהונתן בן שאול׃ 7
Dawid gyaee Yonatan babarima Mefiboset a na ɔyɛ Saulo nena no, esiane ntam a na Dawid ne Yonatan aka wɔ Awurade anim no nti.
ויקח המלך את שני בני רצפה בת איה אשר ילדה לשאול את ארמני ואת מפבשת ואת חמשת בני מיכל בת שאול אשר ילדה לעדריאל בן ברזלי המחלתי׃ 8
Nanso ɔde Saulo mmabarima baanu a na wɔn din de Armoni ne Mefiboset a na wɔn mama Rispa no yɛ Aia babea no maa wɔn. Ɔsan de Saulo babea Mikal a na ɔyɛ Adriel a na ɔyɛ Barsilai a ofi Mehola no yere mmabarima baanum no mae.
ויתנם ביד הגבענים ויקיעם בהר לפני יהוה ויפלו שבעתים יחד והם המתו בימי קציר בראשנים תחלת קציר שערים׃ 9
Na Gibeon mmarima no kunkum wɔn wɔ bepɔw no so wɔ Awurade anim. Enti nnipa baason no nyinaa, wokunkum wɔn wɔ bere a wɔrefi atokotwa afahyɛ no ase no.
ותקח רצפה בת איה את השק ותטהו לה אל הצור מתחלת קציר עד נתך מים עליהם מן השמים ולא נתנה עוף השמים לנוח עליהם יומם ואת חית השדה לילה׃ 10
Rispa a ɔyɛ mmarima no mu baanu mama no de atweaatam sɛw ɔbotan bi so, tenaa hɔ otwabere no nyinaa mu. Wamma nnomaa ammɛsosɔw wɔn amu no awia, na anadwo nso, osiw nkekaboa ho kwan.
ויגד לדוד את אשר עשתה רצפה בת איה פלגש שאול׃ 11
Bere a Dawid tee nea Rispa a na ɔyɛ Saulo mpena no ayɛ no,
וילך דוד ויקח את עצמות שאול ואת עצמות יהונתן בנו מאת בעלי יביש גלעד אשר גנבו אתם מרחב בית שן אשר תלום שם הפלשתים ביום הכות פלשתים את שאול בגלבע׃ 12
ɔkɔɔ nkurɔfo a wofi Yabes Gilead nkyɛn, kobisaa wɔn Saulo ne ne babarima Yonatan nnompe ase. (Bere a Saulo ne Yonatan totɔɔ ɔko a wɔne Filistifo koe no ano no, Yabes Gileadfo na wɔkɔtasee wɔn amu wɔ Filistifo kurow Bet-San abɔnten so.)
ויעל משם את עצמות שאול ואת עצמות יהונתן בנו ויאספו את עצמות המוקעים׃ 13
Enti Dawid de Saulo ne Yonatan nnompe bae. Saa ara na ɔde mmarima a Gibeonfo kunkum wɔn no nso nnompe bae.
ויקברו את עצמות שאול ויהונתן בנו בארץ בנימן בצלע בקבר קיש אביו ויעשו כל אשר צוה המלך ויעתר אלהים לארץ אחרי כן׃ 14
Osiee wɔn nyinaa wɔ Saulo agya Kis ɔboda a ɛwɔ kurow Sela a ɛwɔ Benyamin asase so no mu. Ɛno akyi, Onyankopɔn twaa ɔkɔm no so wɔ Israel asase so.
ותהי עוד מלחמה לפלשתים את ישראל וירד דוד ועבדיו עמו וילחמו את פלשתים ויעף דוד׃ 15
Bio, Filistifo ne Israel koe. Na bere a ɔko no duu ne mpɔmpɔnso no, Dawid brɛe.
וישבו בנב אשר בילידי הרפה ומשקל קינו שלש מאות משקל נחשת והוא חגור חדשה ויאמר להכות את דוד׃ 16
Na Yisbi-Benob yɛ abran no asefo mu baako. Na ne peaw mu duru kari boro kilogram abiɛsa ne fa, a wɔde afoa foforo ahyehyɛ ne ho. Na waka Dawid ahyɛ a anka ɔrebekum no.
ויעזר לו אבישי בן צרויה ויך את הפלשתי וימיתהו אז נשבעו אנשי דוד לו לאמר לא תצא עוד אתנו למלחמה ולא תכבה את נר ישראל׃ 17
Nanso Seruia babarima Abisai begyee Dawid, na okum Filistini no. Ɛno akyi, Dawid mmarima no kaa ntam se, “Wo ne yɛn renkɔ ɔko bio na amma Israel kanea annum no.”
ויהי אחרי כן ותהי עוד המלחמה בגוב עם פלשתים אז הכה סבכי החשתי את סף אשר בילדי הרפה׃ 18
Eyi akyi, ɔko foforo ba de tiaa Filistifo no wɔ Gob. Wogu so reko no, Sibekai a ofi Husan, kum Saf a na ɔno nso yɛ abran no asefo no bi.
ותהי עוד המלחמה בגוב עם פלשתים ויך אלחנן בן יערי ארגים בית הלחמי את גלית הגתי ועץ חניתו כמנור ארגים׃ 19
Ɔko foforo bi a wɔkoo wɔ Gob no nso, Yair babarima Elhanan a ofi Betlehem kum Gatni Goliat nuabarima bi. Na ne peaw mu duru te sɛ ntamanwemfo abaa.
ותהי עוד מלחמה בגת ויהי איש מדין ואצבעת ידיו ואצבעות רגליו שש ושש עשרים וארבע מספר וגם הוא ילד להרפה׃ 20
Ɔko bi a esii bio wɔ Gat nso, ɔbarima bran bi a na ɔyɛ nsansia ne nansia a ɔyɛ abran no aseni no
ויחרף את ישראל ויכהו יהונתן בן שמעי אחי דוד׃ 21
pɛɛ sɛ obu fa Israel so, gu nʼanim ase. Ɔno nso, Dawid nuabarima Simei babarima Yonatan na okum no.
את ארבעת אלה ילדו להרפה בגת ויפלו ביד דוד וביד עבדיו׃ 22
Saa Filistifo abran baanan yi yɛ Gat abran no asefo. Na Dawid ne nʼakofo na wokunkum wɔn nyinaa.

< שמואל ב 21 >