< מלכים ב 15 >
בשנת עשרים ושבע שנה לירבעם מלך ישראל מלך עזריה בן אמציה מלך יהודה׃ | 1 |
Ɛberɛ a Yeroboam a ɔtɔ so mmienu di adeɛ wɔ Israel no, ne mfeɛ aduonu nson so na Amasia babarima Asaria hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Yuda.
בן שש עשרה שנה היה במלכו וחמשים ושתים שנה מלך בירושלם ושם אמו יכליהו מירושלם׃ | 2 |
Ɔbɛdii ɔhene no, na wadi mfeɛ dunsia. Na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia aduonum mmienu. Na ne maame din de Yekolia a ɔfiri Yerusalem.
ויעש הישר בעיני יהוה ככל אשר עשה אמציהו אביו׃ | 3 |
Na ɔtene wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Amasia teɛ no.
רק הבמות לא סרו עוד העם מזבחים ומקטרים בבמות׃ | 4 |
Wammubu abosonnan no enti, na ne nkurɔfoɔ no kɔ hɔ kɔbɔ afɔdeɛ, hye nnuhwam.
וינגע יהוה את המלך ויהי מצרע עד יום מתו וישב בבית החפשית ויותם בן המלך על הבית שפט את עם הארץ׃ | 5 |
Awurade maa kwata yɛɛ ɔhene no, kɔsii da a ɔwuiɛ. Ne saa enti, na ɔno nko te efie bi mu. Yotam a na ɔyɛ ɔhene no babarima na ɔhwɛɛ ahemfie no so, na ɔdii nnipa a wɔwɔ asase no so so.
ויתר דברי עזריהו וכל אשר עשה הלא הם כתובים על ספר דברי הימים למלכי יהודה׃ | 6 |
Na Asaria adedie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
וישכב עזריה עם אבתיו ויקברו אתו עם אבתיו בעיר דוד וימלך יותם בנו תחתיו׃ | 7 |
Asaria wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Yotam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
בשנת שלשים ושמנה שנה לעזריהו מלך יהודה מלך זכריהו בן ירבעם על ישראל בשמרון ששה חדשים׃ | 8 |
Yudahene Asaria dii adeɛ ne mfeɛ aduasa nwɔtwe mu no na Yeroboam a ɔtɔ so mmienu babarima Sakaria nso dii adeɛ Israel wɔ Samaria. Ɔdii adeɛ abosome nsia.
ויעש הרע בעיני יהוה כאשר עשו אבתיו לא סר מחטאות ירבעם בן נבט אשר החטיא את ישראל׃ | 9 |
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no. Wamfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam maa Israelfoɔ someeɛ no ho.
ויקשר עליו שלם בן יבש ויכהו קבל עם וימיתהו וימלך תחתיו׃ | 10 |
Na Yabes babarima Salum bɔɔ pɔ, de tiaa Sakaria, kumm no wɔ badwam, dii akonnwa no.
ויתר דברי זכריה הנם כתובים על ספר דברי הימים למלכי ישראל׃ | 11 |
Sakaria dwuma a ɔdiiɛ nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
הוא דבר יהוה אשר דבר אל יהוא לאמר בני רביעים ישבו לך על כסא ישראל ויהי כן׃ | 12 |
Enti, Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ, Yehu sɛ, “Wʼasefoɔ na wɔbɛyɛ Israel ahemfo akɔsi awontoatoasoɔ a ɛtɔ so ɛnan” mu no, baa mu.
שלום בן יביש מלך בשנת שלשים ותשע שנה לעזיה מלך יהודה וימלך ירח ימים בשמרון׃ | 13 |
Yabes babarima Salum bɛdii Israel so ɔhene no, na ɛyɛ Yudahene Usia adedie mfeɛ aduasa nkron mu. Salum dii adeɛ Samaria bosome baako pɛ.
ויעל מנחם בן גדי מתרצה ויבא שמרון ויך את שלום בן יביש בשמרון וימיתהו וימלך תחתיו׃ | 14 |
Afei, Gadi babarima Menahem firii Tirsa kɔɔ Samaria. Ɔkɔto hyɛɛ Yabes babarima Salum so kumm no, na ɔtenaa akonnwa no so.
ויתר דברי שלום וקשרו אשר קשר הנם כתבים על ספר דברי הימים למלכי ישראל׃ | 15 |
Salum ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne pɔ a ɔbɔeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
אז יכה מנחם את תפסח ואת כל אשר בה ואת גבוליה מתרצה כי לא פתח ויך את כל ההרותיה בקע׃ | 16 |
Saa ɛberɛ no mu, Menahem firii Tirsa kɔtoaa Tifsa ne obiara a ɔwɔ hɔ ne ne nkurotoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛhɔfoɔ no ampene so sɛ wɔde kuro no bɛma. Ɔkunkumm kuro no mu nnipa nyinaa, paapae emu apemfoɔ nyinaa yafunu mu.
בשנת שלשים ותשע שנה לעזריה מלך יהודה מלך מנחם בן גדי על ישראל עשר שנים בשמרון׃ | 17 |
Gadi babarima Menahem hyɛɛ aseɛ dii Israelhene ɛberɛ a na Usia adi adeɛ Yuda ne mfeɛ aduasa nkron so. Ɔdii ɔhene wɔ Samaria mfirinhyia edu.
ויעש הרע בעיני יהוה לא סר מעל חטאות ירבעם בן נבט אשר החטיא את ישראל כל ימיו׃ | 18 |
Nanso, Menahem yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Nʼahennie mu nyinaa, wannyae bɔne a ɛyɛ ahonisom no a na Nebat babarima Yeroboam adi Israelfoɔ anim de wɔn asom no.
בא פול מלך אשור על הארץ ויתן מנחם לפול אלף ככר כסף להיות ידיו אתו להחזיק הממלכה בידו׃ | 19 |
Afei, Asiriahene Pul bɛdii asase no so. Na Menahem tuaa dwetɛ nkariboɔ tɔno aduasa nson no sɛdeɛ ɔbɛtaa nʼakyi ama nʼahennie no atim.
ויצא מנחם את הכסף על ישראל על כל גבורי החיל לתת למלך אשור חמשים שקלים כסף לאיש אחד וישב מלך אשור ולא עמד שם בארץ׃ | 20 |
Menahem nam apoobɔ so gyegyee Israel asikafoɔ no mu biara nkyɛn dwetɛ gram ahanum aduɔson sɛ akwabrantoɔ. Ɛno enti, Asiriahene ankɔto anhyɛ Israel so, na wantena asase no so nso.
ויתר דברי מנחם וכל אשר עשה הלוא הם כתובים על ספר דברי הימים למלכי ישראל׃ | 21 |
Na Menahem adedie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
וישכב מנחם עם אבתיו וימלך פקחיה בנו תחתיו׃ | 22 |
Ɛberɛ a Menahem wuiɛ no, ne babarima Pekahia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
בשנת חמשים שנה לעזריה מלך יהודה מלך פקחיה בן מנחם על ישראל בשמרון שנתים׃ | 23 |
Menahem babarima Pekahia hyɛɛ aseɛ dii Israelhene wɔ Yudahene Usia ahennie ne mfeɛ aduonum so. Ɔdii ɔhene wɔ Samaria mfeɛ mmienu.
ויעש הרע בעיני יהוה לא סר מחטאות ירבעם בן נבט אשר החטיא את ישראל׃ | 24 |
Nanso, Pekahia yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔsomeeɛ no ho.
ויקשר עליו פקח בן רמליהו שלישו ויכהו בשמרון בארמון בית מלך את ארגב ואת האריה ועמו חמשים איש מבני גלעדים וימיתהו וימלך תחתיו׃ | 25 |
Na Remalia babarima Peka a na ɔyɛ Pekahia asraadɔm sahene no bɔɔ pɔ tiaa no. Ɔfaa mmarima aduonum firii Gilead, kaa ne ho, kɔkumm ɔhene no ne Argob ne Arie wɔ Samaria ahemfie abankɛsewa mu. Peka na afei ɔbɛdii ɔhene wɔ Israel.
ויתר דברי פקחיה וכל אשר עשה הנם כתובים על ספר דברי הימים למלכי ישראל׃ | 26 |
Pekahia ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
בשנת חמשים ושתים שנה לעזריה מלך יהודה מלך פקח בן רמליהו על ישראל בשמרון עשרים שנה׃ | 27 |
Remalia babarima Peka bɛdii ɔhene Israel wɔ ɛberɛ a na Usia adi ɔhene wɔ Yuda mfeɛ aduonum mmienu. Ɔdii adeɛ Samaria mfirinhyia aduonu.
ויעש הרע בעיני יהוה לא סר מן חטאות ירבעם בן נבט אשר החטיא את ישראל׃ | 28 |
Nanso, Peka yɛɛ bɔne Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim, ma wɔsomeeɛ no ho.
בימי פקח מלך ישראל בא תגלת פלאסר מלך אשור ויקח את עיון ואת אבל בית מעכה ואת ינוח ואת קדש ואת חצור ואת הגלעד ואת הגלילה כל ארץ נפתלי ויגלם אשורה׃ | 29 |
Peka ahennie so no, Asiriahene Tiglat-Pileser kɔtuaa Israelfoɔ bio, faa nkuro Iyon ne Abel-Bet-Maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea ne Naftali nsase nyinaa. Na ɔfaa nnipa no nnommum kɔɔ Asiria.
ויקשר קשר הושע בן אלה על פקח בן רמליהו ויכהו וימיתהו וימלך תחתיו בשנת עשרים ליותם בן עזיה׃ | 30 |
Na Ela babarima Hosea bɔɔ pɔ tiaa Peka, na ɔkumm no. Ɔhyɛɛ aseɛ dii Israel so ɔhene ɛberɛ a na Usia babarima Yotam nso adi adeɛ mfeɛ aduonu wɔ Yuda.
ויתר דברי פקח וכל אשר עשה הנם כתובים על ספר דברי הימים למלכי ישראל׃ | 31 |
Peka adedie mu nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
בשנת שתים לפקח בן רמליהו מלך ישראל מלך יותם בן עזיהו מלך יהודה׃ | 32 |
Usia babarima Yotam dii ɔhene wɔ Yuda ɛberɛ a na ɔhene Peka adi adeɛ wɔ Israel mfirinhyia mmienu.
בן עשרים וחמש שנה היה במלכו ושש עשרה שנה מלך בירושלם ושם אמו ירושא בת צדוק׃ | 33 |
Ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii Yerusalem so ɔhene mfeɛ dunsia. Na ne maame a ɔyɛ Sadok babaa no din de Yerusa.
ויעש הישר בעיני יהוה ככל אשר עשה עזיהו אביו עשה׃ | 34 |
Yotam yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, sɛdeɛ nʼagya Usia yɛeɛ no ara pɛ.
רק הבמות לא סרו עוד העם מזבחים ומקטרים בבמות הוא בנה את שער בית יהוה העליון׃ | 35 |
Nanso, wansɛe abosonnan a na nnipa no bɔ afɔdeɛ hye nnuhwam wɔ hɔ no. Ɔno ne obi a ɔsane sii Awurade Asɔredan no atifi ɛpono.
ויתר דברי יותם אשר עשה הלא הם כתובים על ספר דברי הימים למלכי יהודה׃ | 36 |
Yotam ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
בימים ההם החל יהוה להשליח ביהודה רצין מלך ארם ואת פקח בן רמליהו׃ | 37 |
Saa mmerɛ no mu, Awurade hyɛɛ aseɛ somaa Aramhene Resin ne Israelhene Peka, sɛ wɔnkɔto nhyɛ Yuda so.
וישכב יותם עם אבתיו ויקבר עם אבתיו בעיר דוד אביו וימלך אחז בנו תחתיו׃ | 38 |
Ɛberɛ a Yotam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Ahas bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.