< דברי הימים ב 17 >

וימלך יהושפט בנו תחתיו ויתחזק על ישראל׃ 1
Na Asa babarima Yehosafat bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ɔhyɛɛ Yuda den, sɛdeɛ ɔbɛtumi agyina Israel ntohyɛsoɔ biara ano.
ויתן חיל בכל ערי יהודה הבצרות ויתן נציבים בארץ יהודה ובערי אפרים אשר לכד אסא אביו׃ 2
Ɔduaduaa akodɔm wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu. Ɔde asraadɔm kumaa bi kɔɔ Yuda asase so ne Efraim nkuro a nʼagya Asa adi so nkonim no so.
ויהי יהוה עם יהושפט כי הלך בדרכי דויד אביו הראשנים ולא דרש לבעלים׃ 3
Na Awurade ka Yehosafat ho, ɛfiri sɛ, ɔyɛɛ sɛdeɛ nʼagya Asa yɛeɛ wɔ ne mfeɛ a ɛdi ɛkan no mu, na wansom Baal ahoni no.
כי לאלהי אביו דרש ובמצותיו הלך ולא כמעשה ישראל׃ 4
Ɔhwehwɛɛ nʼagya Onyankopɔn, na ɔdii nʼahyɛdeɛ so a wanni Israel ahennie mu nneyɛeɛ no akyi.
ויכן יהוה את הממלכה בידו ויתנו כל יהודה מנחה ליהושפט ויהי לו עשר וכבוד לרב׃ 5
Enti, Awurade maa Yehosafat Yudaman so ahennie no timiiɛ. Nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa brɛɛ Yehosafat akyɛdeɛ, maa ɔyɛɛ ɔdefoɔ, na wɔde anidie maa no.
ויגבה לבו בדרכי יהוה ועוד הסיר את הבמות ואת האשרים מיהודה׃ 6
Ɔfiri nʼakoma nyinaa mu nantee Awurade akwan so. Ɔbubuu abosonsomfoɔ asɔreeɛ no, na ɔsɛee Asera afɔrebukyia no.
ובשנת שלוש למלכו שלח לשריו לבן חיל ולעבדיה ולזכריה ולנתנאל ולמיכיהו ללמד בערי יהודה׃ 7
Yehosafat ahennie mfeɛ mmiɛnsa so no, ɔsomaa ne mpanimfoɔ maa wɔkɔkyerɛkyerɛɛ wɔ Yuda nkuro nyinaa so. Ne mpanimfoɔ no ne Ben-Hail, Obadia, Sakaria, Netanel ne Mikaia.
ועמהם הלוים שמעיהו ונתניהו וזבדיהו ועשהאל ושמרימות ויהונתן ואדניהו וטוביהו וטוב אדוניה הלוים ועמהם אלישמע ויהורם הכהנים׃ 8
Ɔsomaa Lewifoɔ a wɔn din didi soɔ yi kaa wɔn ho: Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yehonatan, Adoniya, Tobia ne Tob-Adoniya. Ɔsomaa asɔfoɔ Elisama ne Yehoram nso.
וילמדו ביהודה ועמהם ספר תורת יהוה ויסבו בכל ערי יהודה וילמדו בעם׃ 9
Wɔfaa Awurade mmara a wɔatintim wɔ nwoma no mu de kyinii Yuda nkuro nyinaa so, kyerɛkyerɛɛ nnipa no.
ויהי פחד יהוה על כל ממלכות הארצות אשר סביבות יהודה ולא נלחמו עם יהושפט׃ 10
Na afei, ɛmaa Awurade ho suro tɔɔ ahennie a atwa ahyia no nyinaa so, enti obiara amfa ɔko ankɔ Yehosafat so.
ומן פלשתים מביאים ליהושפט מנחה וכסף משא גם הערביאים מביאים לו צאן אילים שבעת אלפים ושבע מאות ותישים שבעת אלפים ושבע מאות׃ 11
Filistifoɔ no bi brɛɛ no akyɛdeɛ ne dwetɛ sɛ apeatoɔ, na Arabfoɔ brɛɛ no nnwennini mpem nson ne ahanson ne mpapo mpem nson ne ahanson.
ויהי יהושפט הלך וגדל עד למעלה ויבן ביהודה בירניות וערי מסכנות׃ 12
Ɛmaa Yehosafat tumi mu yɛɛ den, na ɛkɔɔ so yɛɛ den ara maa ɔsisii aban ne nnuane akoradan wɔ Yuda nkuropɔn nyinaa so.
ומלאכה רבה היה לו בערי יהודה ואנשי מלחמה גבורי חיל בירושלם׃ 13
Ɔkoraa nneɛma bebree wɔ Yuda nkuro mu, na ɔmaa akodɔm a wɔyɛ den tenaa Yerusalem.
ואלה פקדתם לבית אבותיהם ליהודה שרי אלפים עדנה השר ועמו גבורי חיל שלש מאות אלף׃ 14
Wɔgyinaa agyanom mmusuakuo so gyee asraafoɔ. Yuda abusua mu, na akodɔm no dodoɔ yɛ ɔpehasa a wɔakyekyɛ wɔn mu akuakuo apem. Adna na na ɔyɛ wɔn sahene.
ועל ידו יהוחנן השר ועמו מאתים ושמונים אלף׃ 15
Onipa a na ɔdi ne so ne Yehohanan a na ɔdi akodɔm ɔpehanu aduɔwɔtwe so.
ועל ידו עמסיה בן זכרי המתנדב ליהוה ועמו מאתים אלף גבור חיל׃ 16
Deɛ ɔdi hɔ ne Sikri babarima Amasia, a ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ maa Awurade adwuma a na ɔdi akodɔm ɔpehanu so sahene.
ומן בנימן גבור חיל אלידע ועמו נשקי קשת ומגן מאתים אלף׃ 17
Benyamin abusua akodɔm no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔpehanu a wɔwɔ agyan ne akokyɛm. Na wɔn sahene ne Eliada, ɔsraani a wadi ako akyɛre.
ועל ידו יהוזבד ועמו מאה ושמונים אלף חלוצי צבא׃ 18
Deɛ ɔdi hɔ ne Yehosabad a ɔtua asraafoɔ ɔpeha aduɔwɔtwe a wɔamia ama ɔko.
אלה המשרתים את המלך מלבד אשר נתן המלך בערי המבצר בכל יהודה׃ 19
Yeinom ne akodɔm a wɔtenaa Yerusalem somm ɔhene no, ne wɔn a Yehosafat de wɔn duaduaa nkuro a wɔabɔ ho ban wɔ Yudaman mu.

< דברי הימים ב 17 >