< דברי הימים א 27 >

ובני ישראל למספרם ראשי האבות ושרי האלפים והמאות ושטריהם המשרתים את המלך לכל דבר המחלקות הבאה והיצאת חדש בחדש לכל חדשי השנה המחלקת האחת עשרים וארבעה אלף׃ 1
Israelfo akuw ahorow no ni—mmusua mpanyimfo, asahene ne asraafo mpanyimfo a na wɔhwɛ asraafo akuw ahorow so de som ɔhene, a kuw biara kɔ adwuma ɔsram baako wɔ afe mu. Na dɔm a wɔwɔ kuw biara mu nso dodow yɛ mpem aduonu anan. Wɔn din na edidi so yi.
על המחלקת הראשונה לחדש הראשון ישבעם בן זבדיאל ועל מחלקתו עשרים וארבעה אלף׃ 2
Sabdiel babarima Yasobeam na na ɔyɛ kuw a edi kan no sahene, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a edi kan wɔ afe no mu. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
מן בני פרץ הראש לכל שרי הצבאות לחדש הראשון׃ 3
Na ɔyɛ Peres aseni a na ɔhwɛ asraafo mpanyimfo no nyinaa so ɔsram a edi kan no mu.
ועל מחלקת החדש השני דודי האחוחי ומחלקתו ומקלות הנגיד ועל מחלקתו עשרים וארבעה אלף׃ 4
Dodai a na ɔyɛ Ahoa aseni na na ɔyɛ kuw a ɛto so abien a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so abien mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan, a na Miklot yɛ nʼabediakyiri.
שר הצבא השלישי לחדש השלישי בניהו בן יהוידע הכהן ראש ועל מחלקתו עשרים וארבעה אלף׃ 5
Ɔsɔfo Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ kuw a ɛto so abiɛsa a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so abiɛsa mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
הוא בניהו גבור השלשים ועל השלשים ומחלקתו עמיזבד בנו׃ 6
Saa Benaia yi na na ɔhwɛ Dawid asraafo akunini kuw, a na wɔfrɛ wɔn Akofo Akɛse Aduasa no so. Ne babarima Amisabad na na ɔyɛ nʼabediakyiri.
הרביעי לחדש הרביעי עשה אל אחי יואב וזבדיה בנו אחריו ועל מחלקתו עשרים וארבעה אלף׃ 7
Yoab nuabarima Asahel na na ɔyɛ kuw a ɛto so anan, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so anan mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan. Asahel babarima Sebadia na odii nʼade.
החמישי לחדש החמישי השר שמהות היזרח ועל מחלקתו עשרים וארבעה אלף׃ 8
Samhut a ɔyɛ Yisrahini na na ɔyɛ kuw a ɛto so anum, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so anum mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
הששי לחדש הששי עירא בן עקש התקועי ועל מחלקתו עשרים וארבעה אלף׃ 9
Ikes babarima Ira a ofi Tekoa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so asia, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so asia mu no sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
השביעי לחדש השביעי חלץ הפלוני מן בני אפרים ועל מחלקתו עשרים וארבעה אלף׃ 10
Heles a na ɔyɛ Efraim aseni a ofi Pelon no na na ɔyɛ kuw a ɛto so ason, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so ason mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
השמיני לחדש השמיני סבכי החשתי לזרחי ועל מחלקתו עשרים וארבעה אלף׃ 11
Sibekai a na ɔyɛ Sera aseni a ofi Husa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so awotwe, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so awotwe mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
התשיעי לחדש התשיעי אביעזר הענתתי לבנימיני ועל מחלקתו עשרים וארבעה אלף׃ 12
Abieser a na ofi Anatot a ɛda Benyamin asase so no na na ɔyɛ kuw a ɛto so akron, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so akron mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
העשירי לחדש העשירי מהרי הנטופתי לזרחי ועל מחלקתו עשרים וארבעה אלף׃ 13
Maharai a ɔyɛ Serah aseni a ofi Netofa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so du, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so du mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
עשתי עשר לעשתי עשר החדש בניה הפרעתוני מן בני אפרים ועל מחלקתו עשרים וארבעה אלף׃ 14
Benaia a ofi Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ kuw a ɛto so dubaako, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so dubaako mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
השנים עשר לשנים עשר החדש חלדי הנטופתי לעתניאל ועל מחלקתו עשרים וארבעה אלף׃ 15
Heldai a ɔyɛ Otniel a ofi Netofa aseni no na na ɔyɛ kuw a ɛto so dumien, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so dumien mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan.
ועל שבטי ישראל לראובני נגיד אליעזר בן זכרי לשמעוני שפטיהו בן מעכה׃ 16
Mmusuakuw no ne wɔn ntuanofo ni: Ruben abusuakuw: Sikri babarima Elieser; Simeon abusuakuw: Maaka babarima Sefatia;
ללוי חשביה בן קמואל לאהרן צדוק׃ 17
Lewi abusuakuw: Kemuel babarima Hasabia; Aaron (asɔfo no) abusuakuw: Sadok;
ליהודה אליהו מאחי דויד ליששכר עמרי בן מיכאל׃ 18
Yuda abusuakuw: Dawid nuabarima Elihu; Isakar abusuakuw: Mikael babarima Omri;
לזבולן ישמעיהו בן עבדיהו לנפתלי ירימות בן עזריאל׃ 19
Sebulon abusuakuw: Obadia babarima Yismaia; Naftali abusuakuw: Asriel babarima Yerimot;
לבני אפרים הושע בן עזזיהו לחצי שבט מנשה יואל בן פדיהו׃ 20
Efraim abusuakuw: Asasia babarima Hosea; Manase (atɔe fam) abusuakuw: Pedaia babarima Yoel;
לחצי המנשה גלעדה ידו בן זכריהו לבנימן יעשיאל בן אבנר׃ 21
Manase (apuei fam) abusuakuw Sakaria babarima Ido; Benyamin abusuakuw: Abner babarima Yaasiel;
לדן עזראל בן ירחם אלה שרי שבטי ישראל׃ 22
Dan abusuakuw: Yeroham babarima Asarel. Eyinom ne Israel mmusuakuw no ne wɔn ntuanofo.
ולא נשא דויד מספרם למבן עשרים שנה ולמטה כי אמר יהוה להרבות את ישראל ככוכבי השמים׃ 23
Bere a Dawid ma wɔkan nnipa no, wɔankan wɔn a wonnii mfe aduonu, efisɛ na Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israelfo no adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.
יואב בן צרויה החל למנות ולא כלה ויהי בזאת קצף על ישראל ולא עלה המספר במספר דברי הימים למלך דויד׃ 24
Yoab na ofii nnipakan no ase, nanso wanwie, efisɛ Onyankopɔn bo fuw Israel. Wɔankyerɛw nnipa no nyinaa dodow angu Ɔhene Dawid nkrataa mu.
ועל אצרות המלך עזמות בן עדיאל ועל האצרות בשדה בערים ובכפרים ובמגדלות יהונתן בן עזיהו׃ 25
Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfi sikakorabea so. Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkurow, nkuraa ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so.
ועל עשי מלאכת השדה לעבדת האדמה עזרי בן כלוב׃ 26
Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafo a na wɔdɔw ɔhene mfuw so.
ועל הכרמים שמעי הרמתי ועל שבכרמים לאצרות היין זבדי השפמי׃ 27
Simei a na ofi Rama na na ɔhwɛ ɔhene bobe mfuw so. Sabdi a ofi Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsa ne nsa a wɔayɛ so.
ועל הזיתים והשקמים אשר בשפלה בעל חנן הגדרי ועל אצרות השמן יועש׃ 28
Baal-Hanan a ofi Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngonnua ne ankye nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔw ase no so. Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo.
ועל הבקר הרעים בשרון שטרי השרוני ועל הבקר בעמקים שפט בן עדלי׃ 29
Sitrai a ofi Saron na na ɔhwɛ anantwi a na wɔwɔ Saron sare so no so. Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwi a wɔwɔ abon ahorow mu no so.
ועל הגמלים אוביל הישמעלי ועל האתנות יחדיהו המרנתי׃ 30
Ismaelni Obil na na ɔhwɛ yoma so. Yehdia a ofi Meronot na na ɔhwɛ mfurum so.
ועל הצאן יזיז ההגרי כל אלה שרי הרכוש אשר למלך דויד׃ 31
Yasis a ofi Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nguan so. Saa mpanyimfo yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapade so.
ויהונתן דוד דויד יועץ איש מבין וסופר הוא ויחיאל בן חכמוני עם בני המלך׃ 32
Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufo nyansafo maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔkyerɛwfo a ɔwɔ nhumu. Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmabarima ade.
ואחיתפל יועץ למלך וחושי הארכי רע המלך׃ 33
Ahitofel na na ɔyɛ ɔhene fotufo. Na Husai a ofi Arki yɛ ɔhene adamfo.
ואחרי אחיתפל יהוידע בן בניהו ואביתר ושר צבא למלך יואב׃ 34
Benaia babarima Yehoiada na odii Ahitofel ade na Abiatar bɛtoaa adedi no so. Yoab na na ɔyɛ Israel asraafodɔm no so sahene.

< דברי הימים א 27 >