< דברי הימים א 19 >

ויהי אחרי כן וימת נחש מלך בני עמון וימלך בנו תחתיו׃ 1
Yeinom akyiri no, Amonhene Nahas wuiɛ, na ne babarima Hanun bɛdii adeɛ.
ויאמר דויד אעשה חסד עם חנון בן נחש כי עשה אביו עמי חסד וישלח דויד מלאכים לנחמו על אביו ויבאו עבדי דויד אל ארץ בני עמון אל חנון לנחמו׃ 2
Dawid kaa sɛ, “Me ne Hanun bɛyɛ baako, ɛfiri sɛ, nʼagya Nahas ne me yɛɛ baako nokorɛm.” Ɛno enti, Dawid tuu abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Hanun nkyɛn, kɔmaa no hyɛden wɔ nʼagya wuo no enti. Nanso, ɛberɛ a abɔfoɔ no duruu Amon asase so no,
ויאמרו שרי בני עמון לחנון המכבד דויד את אביך בעיניך כי שלח לך מנחמים הלא בעבור לחקר ולהפך ולרגל הארץ באו עבדיו אליך׃ 3
Hanun afotufoɔ bisaa no sɛ, “Enti, wogye di ampa ara sɛ, saa mmarima yi baa sɛ wɔrebɛhyɛ wʼagya animuonyam? Dabi! Dawid asoma wɔn sɛ wɔmmɛsra asase yi, na wɔnam so ako agye.”
ויקח חנון את עבדי דויד ויגלחם ויכרת את מדויהם בחצי עד המפשעה וישלחם׃ 4
Enti, Hanun kyeree Dawid abɔfoɔ no, werɛɛ wɔn abɔgyesɛ, twitwaa wɔn ntadeɛ ano wɔ wɔn to ase, maa wɔsane de animguaseɛ kɔɔ Dawid nkyɛn.
וילכו ויגידו לדויד על האנשים וישלח לקראתם כי היו האנשים נכלמים מאד ויאמר המלך שבו בירחו עד אשר יצמח זקנכם ושבתם׃ 5
Ɛberɛ a Dawid tee asɛm no, ɔtuu abɔfoɔ kɔɔ abɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔntena Yeriko kɔsi sɛ wɔn abɔgyesɛ no bɛfu, ɛfiri sɛ, na wɔn ho ayɛ fɛreɛ.
ויראו בני עמון כי התבאשו עם דויד וישלח חנון ובני עמון אלף ככר כסף לשכר להם מן ארם נהרים ומן ארם מעכה ומצובה רכב ופרשים׃ 6
Afei, Amonfoɔ hunuu abufutrasoɔ a wɔahyɛ Dawid no, Hanun ne Amonfoɔ soma maa wɔde dwetɛ nkariboɔ ani tɔno 38 kɔgyee nteaseɛnam ne akodɔm firii Aram-naharaim, Aram-maaka ne Soba.
וישכרו להם שנים ושלשים אלף רכב ואת מלך מעכה ואת עמו ויבאו ויחנו לפני מידבא ובני עמון נאספו מעריהם ויבאו למלחמה׃ 7
Wɔsane pɛɛ nteaseɛnam mpem aduasa mmienu, na wɔnyaa akyigyina firii Maakahene ne nʼakodɔm nkyɛn. Saa akodɔm yi kyeree nsraban wɔ Medeba, ɛhɔ na Amon akodɔm a Hanun nya firii nʼankasa nkuro so no kɔkaa wɔn ho.
וישמע דויד וישלח את יואב ואת כל צבא הגבורים׃ 8
Ɛberɛ a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofoɔ sɛ wɔne wɔn nkɔko.
ויצאו בני עמון ויערכו מלחמה פתח העיר והמלכים אשר באו לבדם בשדה׃ 9
Amonfoɔ akodɔm no bɛgyinagyinaa kuro no ɛpono ano, na ahemfo a wɔaka no nso gyinagyinaa ɛserɛ no so.
וירא יואב כי היתה פני המלחמה אליו פנים ואחור ויבחר מכל בחור בישראל ויערך לקראת ארם׃ 10
Ɛberɛ a Yoab hunuu sɛ ɛsɛ dɔm no anim kyerɛ ne so wɔ nʼanim ne nʼakyi no, ɔyii nʼakodɔm no mu akofoɔ a wɔnim ako no. Ɔde wɔn hyɛɛ nʼankasa ase, dii wɔn anim kɔko tiaa Aramfoɔ no a wɔgyinagyina ɛserɛ so no.
ואת יתר העם נתן ביד אבשי אחיו ויערכו לקראת בני עמון׃ 11
Ɔgyaa akodɔm a wɔaka no maa ne nuabarima Abisai sɛ ɔnkɔto nhyɛ Amonfoɔ no so.
ויאמר אם תחזק ממני ארם והיית לי לתשועה ואם בני עמון יחזקו ממך והושעתיך׃ 12
Na Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no sɛ, “Sɛ Aramfoɔ no yɛ den ma me dodo a, bra na bɛboa me.” Yoab toaa so sɛ, “Sɛ Amonfoɔ no yɛ den dodo ma wo a, mɛba abɛboa wo.
חזק ונתחזקה בעד עמנו ובעד ערי אלהינו ויהוה הטוב בעיניו יעשה׃ 13
Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoɔduru nko nnye yɛn nkurɔfoɔ ne yɛn Onyankopɔn nkuro. Awurade pɛ nyɛ hɔ.”
ויגש יואב והעם אשר עמו לפני ארם למלחמה וינוסו מפניו׃ 14
Ɛberɛ a Yoab ne nʼakodɔm to hyɛɛ Aramfoɔ so no, wɔfirii aseɛ dwaneeɛ.
ובני עמון ראו כי נס ארם וינוסו גם הם מפני אבשי אחיו ויבאו העירה ויבא יואב ירושלם׃ 15
Na Amonfoɔ hunuu sɛ Aramfoɔ no redwane no, wɔdwane firi Abisai anim kɔɔ kuropɔn no mu. Afei, Yoab sane kɔɔ Yerusalem.
וירא ארם כי נגפו לפני ישראל וישלחו מלאכים ויוציאו את ארם אשר מעבר הנהר ושופך שר צבא הדדעזר לפניהם׃ 16
Afei, Aramfoɔ no hunuu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfoɔ enti, wɔfrɛɛ Aram akodɔm foforɔ firii Asubɔnten Eufrate ho sɛ wɔmmɛboa. Saa akodɔm a wɔhyɛ Sofak a ɔyɛ Hadadeser akodɔm nyinaa sahene ase no baeɛ.
ויגד לדויד ויאסף את כל ישראל ויעבר הירדן ויבא אלהם ויערך אלהם ויערך דויד לקראת ארם מלחמה וילחמו עמו׃ 17
Ɛberɛ a Dawid tee asɛm a asi no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, de nʼakodɔm no gyinagyinaa wɔn mpasua so. Afei, ɔne atamfoɔ no de ɔko hyehyɛɛ so, maa wɔko tiaa no.
וינס ארם מלפני ישראל ויהרג דויד מארם שבעת אלפים רכב וארבעים אלף איש רגלי ואת שופך שר הצבא המית׃ 18
Ɛha nso, Aramfoɔ no dwane firii Israelfoɔ no anim. Saa ɛberɛ yi, Dawid akodɔm no kunkumm nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne anammɔntwa asraadɔm ɔpeduanan a Sofak a ɔyɛ akodɔm no sahene no ka ho.
ויראו עבדי הדדעזר כי נגפו לפני ישראל וישלימו עם דויד ויעבדהו ולא אבה ארם להושיע את בני עמון עוד׃ 19
Hadadeser asomfoɔ hunuu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, maa Dawid faa wɔn sɛ ne nkoa. Ɛno akyi, Aramfoɔ ampɛ sɛ wɔbɛboa Amonfoɔ bio.

< דברי הימים א 19 >