< חזוֹן יוֹחָנָן 22 +

לאחר מכן הוא הראה לי נהר מים חיים, זכים כבדולח, יוצא מכיסא האלוהים והשה 1
Ɔbɔfoɔ no kyerɛɛ me nkwa asubɔnten a ani te korɔgyenn sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa so,
וזורם אל הרחוב המרכזי. על כל אחת משתי גדות הנהר היה נטוע עץ־חיים שנושא שנים־עשר סוגי פירות, בכל חודש פרי אחר, ועלי העץ משמשים כתרופה לעמים השונים. 2
a ɛtene fa kuro no abɔntene mfimfini. Asuo no fa biara, nkwa dua si hɔ a ɛso aba ahodoɔ dumienu ɔbosome biara. Wɔde ɛso ahahan no sa aman ahodoɔ no yadeɛ.
בעיר הקודש לא יהיה יותר כל דבר רע וטמא, כי יהיה בה כיסא המלכות של אלוהים והשה, ועבדיו ישרתוהו. 3
Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn nnome ase no nkɔ kuro no mu. Wɔbɛhunu Onyankopɔn ne Odwammaa no ahennwa wɔ kuro no mu na nʼasomfoɔ bɛsom no.
עבדיו יראו את פניו, ושמו יהיה כתוב על מצחם. 4
Wɔbɛhunu nʼanim na wɔbɛtwerɛ ne din agu wɔn moma so.
לא יהיה יותר לילה, ולא יהיה צורך בנרות או באור השמש, כי ה׳ אלוהים יאיר להם, והם ימלכו לעולם ועד. (aiōn g165) 5
Adeɛ rensa wɔ hɔ bio, na nkanea anaa hann ho nhia ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wɔbɛdi adeɛ sɛ ahene daa daa. (aiōn g165)
”דברים אלה אמיתיים ונכונים“, אמר לי המלאך.”האלוהים אשר מעניק השראה לנביאים שלח את מלאכו להראות לעבדיו את אשר יתרחש בקרוב.“ 6
Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsɛm yi yɛ nokorɛ a wode wo ho to so a, ɛyɛ. Na Awurade Onyankopɔn a ɔde Honhom ma adiyifoɔ somaa ne ɔbɔfoɔ sɛ ɔmmɛkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛbɛba nnansa yi ara no.”
”אני בא במהרה!“אמר ישוע.”ברוכים השומרים את דברי הנבואה של הספר הזה.“ 7
Yesu kaa sɛ, “Montie! Mereba nnansa yi ara, Nhyira nka wɔn a wɔtie adiyisɛm a ɛwɔ saa nwoma yi mu no!”
אני, יוחנן, שמעתי וראיתי את כל הדברים האלה. כאשר שמעתי וראיתי אותם, נפלתי לרגלי המלאך שהראה לי את כל זאת. כאשר עמדתי להשתחוות לו, 8
Me, Yohane, mate na mahunu saa nneɛma yi nyinaa. Na metee ne nyinaa, hunuu ne nyinaa wieeɛ no, mebutuu ɔbɔfoɔ no a ɔkyerɛɛ me saa nneɛma yi nyinaa nan ase pɛɛ sɛ mesom no.
הוא עצר בעדי ואמר:”לא, אל תשתחווה לי, כי אני עבד המשיח כמוך, כאחיך המאמינים, כנביאים וככל השומרים את דברי הספר הזה. עליך להשתחוות לאלוהים.“ 9
Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɛ saa! Meyɛ ɔsomfoɔ te sɛ wo nuanom adiyifoɔ ne wɔn a wɔdi nwoma yi mu nsɛm no so no ara pɛ. Som Onyankopɔn!”
המלאך הורה לי במפורש:”אל תחתום את הדברים שכתבת, כי קרוב מועד התרחשותם. 10
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nkata saa adiyisɛm a ɛwɔ nwoma yi mu no so, ɛfiri sɛ, ɛberɛ no abɛn.
עד אז הגזלן ימשיך לגזול, הטמא ימשיך במעשי טומאתו; הצדיק יוסיף על צדקתו, והקדוש יוסיף על קדושתו.“ 11
Obiara a ɔyɛ bɔne nkɔ so nyɛ bɔne, na deɛ ɔyɛ efi no nkɔ so nyɛ efi; deɛ ɔyɛ papa no nkɔ so nyɛ papa, na deɛ ɔyɛ kronkron no nkɔ so nyɛ kronkron.”
”אני בא במהרה, “אמר ישוע,”ואביא איתי שכר שאותו אשלם לכל איש כגמולו. 12
Hwɛ! Mereba ntɛm! Mekura mʼabasobɔdeɛ sɛ mede rebɛma obiara sɛdeɛ nʼadwumayɛ teɛ.
אני האלף והתו, ההתחלה והסוף, הראשון והאחרון.“ 13
Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifoɔ ne Okyidifoɔ, Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ.
ברוכים המכבסים את גלימותיהם (והשומרים את מצוותיו), על־מנת לזכות בפרי עץ־החיים ולהיכנס לעיר דרך השערים. 14
“Nhyira nka wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ, na wɔn na wɔwɔ ho ɛkwan sɛ wɔdi nkwa dua no aba na wɔfa kuro no ɛpono no mu.
הכלבים, המכשפים, הזונים, הרוצחים, עובדי האלילים, אוהבי השקר והרמאים יישארו מחוץ לעיר. 15
Na Kuro no akyi na nkraman ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdi atorɔ no nyinaa wɔ.
”אני, ישוע, שלחתי את מלאכי אליך כדי לספר דברים אלה לקהילות. אני שורש דויד וצאצאו, אני כוכב נוגה השחר.“ 16
“Me, Yesu, na masoma me ɔbɔfoɔ sɛ ɔmmɛbɔ mo saa nwoma yi nyinaa ho amaneɛ wɔ asafo mu. Meyɛ Dawid busuani. Mene anɔpa nsoromma a ɛhyerɛn no.”
”בוא!“קוראים הרוח והכלה. וכל השומע את קריאתם יאמר:”בוא!“בואו, כל הצמאים, שתו את מים־החיים – מתנת חינם לכל מי שרוצה. 17
Honhom no ne ayeforɔ no se, “Ɛsɛ sɛ obiara a ɔte saa asɛm yi nso ka sɛ, ‘Bra!’ Na deɛ osukɔm de no no mmra, na deɛ ɔpɛ no nso, ɔmmɛgye nkwa nsuo no kwa.”
אני מזהיר את כל קוראי הספר הזה: כל המוסיף על הכתוב יוסיף לו אלוהים את המגפות שכתובות בספר הזה! 18
Me, Yohane, mebɔ obiara a ɔte saa adiyisɛm a ɛwɔ nwoma yi mu kɔkɔ sɛ: Sɛ obi de bi ka ho a, Onyankopɔn de asotweɛ bɛka ne haw a wakyerɛ mu wɔ saa nwoma yi mu no ho.
כל הגורע מדברי הספר הזה, יגרע אלוהים את חלקו מעץ־החיים ומעיר הקודש שנזכרים בספר הזה. 19
Na sɛ obi nso yi bi firi adiyisɛm a ɛwɔ saa nwoma yi mu no mu a, Onyankopɔn bɛyi ne kyɛfa a ɔbɛnya wɔ nkwa dua no ne kuro Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nwoma yi mu no.
המעיד עדות זאת אומר:”אכן, אני בא במהרה!“אמן! בואה־נא, אדון ישוע! 20
Deɛ ɔdi nwoma yi ho adanseɛ no ka sɛ, “Aane! Mereba ntɛm!” Amen. Bra, Awurade Yesu!
חסד ישוע המשיח אדוננו יהיה עם כל המאמינים. – אמן. 21
Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka ahotefoɔ nyinaa. Amen.

< חזוֹן יוֹחָנָן 22 +