< לוּקָס 10 >

לאחר מכן בחר האדון שבעים תלמידים נוספים, ושלח אותם לפניו בזוגות אל הערים והכפרים שבהם עמד לבקר. 1
Yei akyi, Yesu yii nʼakyidifoɔ no mu aduɔson somaa wɔn baanu baanu kɔɔ nkuro ne nkuraa a akyire no ɔbɛkɔ hɔ no so.
”מאחר שהקציר רב והפועלים מעטים, “אמר להם ישוע,”התחננו לאלוהים שישלח פועלים נוספים לעזור לכם בעבודתכם למענו. 2
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Otwa adwuma no dɔɔso, nanso adwumayɛfoɔ no sua. Enti, monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfoɔ bebree mmra ne twa adwuma no mu.
לכו עתה וזכרו שאני שולח אתכם כשלוח כבשים בין זאבים. 3
Monkɔ, na meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mu.
אל תיקחו אתכם כסף, חפצים אישיים ואף לא זוג נעליים נוסף, ואל תעצרו בדרך לשוחח עם איש. 4
Mommfa sika, akwantubɔtɔ anaa mpaboa; na monnkyea obiara nso a mobɛhyia no wɔ ɛkwan so.
”בכניסתכם לכל בית ברכו אותו תחילה לשלום. 5
“Sɛ mokɔ efie biara mu a, monni ɛkan nkyea efie hɔfoɔ no sɛ, ‘Asomdwoeɛ nka mo!’
אם באותו בית גר אדם אוהב שלום, הברכה תתקיים, ואם אין אוהב שלום באותו בית – הברכה תשוב אליכם. 6
Na sɛ asomdwoeɛ ba bi wɔ hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛba ne so; na sɛ obi a ɔte saa nni hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛsane aba mo nkyɛn.
”בבואכם אל כפר או עיר אל תעברו מבית מארח אחד לאחר, אלא התארחו בבית אחד בלבד, ואל תהססו לאכול ולשתות כל מה שמגישים לכם, כי הפועל ראוי לשכרו. 7
Efie biara a mokɔ mu no, momma ɛhɔ nyɛ mo atenaeɛ; aduane biara a wɔde bɛma mo no, monni, ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ odwumayɛfoɔ biara nya nʼadwumayɛ so akatua; monnni atutena wɔ afie mu.
”בכל עיר שבה מקבלים אתכם בשמחה איכלו את המוגש לפניכם, 8
“Na sɛ mokɔ kuro biara mu na wɔgye mo fɛw so a, aduane biara a wɔde bɛma mo no, monni.
רפאו את החולים ואמרו להם:’מלכות האלוהים קרובה אליכם‘. 9
Monsa kuro no mu ayarefoɔ yadeɛ, na monka nkyerɛ ɛhɔfoɔ nyinaa sɛ, ‘Onyankopɔn Ahennie no abɛn mo.’
”בעיר שבה לא מקבלים אתכם צאו לרחובות וקראו: 10
Nanso, sɛ mokɔ kuro biara mu na wɔannye mo fɛw so a, monkɔ ne mmɔntene so nkɔpae mu nka sɛ,
’כמחאה על התנהגותכם אנחנו מנערים את אבק עירכם שדבק ברגלינו, אולם דעו לכם שאכן קרובה מלכות האלוהים!‘ 11
‘Mo kurom ha mfuturo a ɛwɔ yɛn nan ase mpo, yɛreporoporo agu, de atia mo; na mmom monhunu pefee sɛ, Onyankopɔn Ahennie no abɛn.’
אני אומר לכם שאפילו לסדום המרושעת יהיה קל יותר ביום הדין מאשר לעיר הזאת. 12
Mereka akyerɛ mo sɛ, saa kuro no, asɛm a ɛbɛto wɔn Atemmuo da no bɛsene deɛ ɛtoo Sodom no.
”אוי ואבוי לכן, כורזין ובית־צידה! אילו חוללתי בצור ובצידון את הנסים שחוללתי בקרבכן, מזמן היו שם כולם חוזרים בתשובה ולובשים שק ואפר לאות חרטה. 13
“Korasin, due! Betsaida, due! Anwanwadeɛ a meyɛɛ wɔ mo mu no, sɛ meyɛɛ wɔ Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfoɔ no de awerɛhoɔ ne ahonuo asakyera wɔn adwene dada.
כן, צור וצידון תקבלנה עונש קל משלכן ביום הדין! 14
Atemmuo da no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsene deɛ ɛbɛto Tiro ne Sidon.
ואתם, אנשי כפר־נחום, החושבים אתם שירוממו אתכם לשמים? לגיהינום תרדו!“ (Hadēs g86) 15
Na wo Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ asaman. (Hadēs g86)
ישוע המשיך לדבר אל התלמידים:”מי ששומע לכם שומע לי; מי שמזלזל בכם מזלזל בי; ומי שמזלזל בי מזלזל באלוהים אשר שלח אותי.“ 16
“Obiara a ɔtie mo no tie me, na deɛ ɔpo mo no po me, na deɛ ɔpo me no nso po deɛ ɔsomaa me no.”
כעבור זמן־מה חזרו שבעים השליחים אל ישוע ודיווחו לו בשמחה:”אדוננו, אפילו השדים נכנעים לנו כשאנו מצווים עליהם בשמך!“ 17
Aduɔson no sane de anigyeɛ baeɛ bɛbɔɔ amaneɛ sɛ, “Awurade, wo din enti, ahonhommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.”
”אכן, “ענה ישוע,”ראיתי את השטן נופל מן השמים כברק! 18
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mehunuu sɛ ɔbonsam rete afiri ɔsoro sɛ anyinam abɛhwe fam.
באמת הענקתי לכם סמכות וכוח להתגבר על כל כוחות האויב, ולרמוס נחשים ועקרבים. דבר לא יוכל לפגוע בכם! 19
Mama mo tumi ne ahoɔden a mode bɛtiatia awɔ ne anyanyankyerɛ ne ɔtamfoɔ no tumi biara a ɔwɔ so, na biribiara nso rentumi mo.
אף־על־פי־כן עליכם לשמוח לא משום שאתם יכולים להתגבר על השדים, אלא משום ששמותיכם כתובים בשמים!“ 20
Nanso mommma mo ani nnye sɛ ahonhommɔne brɛ wɔn ho ase ma mo, na mmom, momma mo ani nnye sɛ wɔatwerɛ mo din wɔ ɔsoro.”
לאחר מכן נמלא ישוע שמחת רוח הקודש וקרא:”אבי, אדון השמים והארץ, אני מודה לך על שהסתרת דברים אלה מפני חכמים ומשכילים, וגילית אותם לאנשים פשוטים שבוטחים בך כמו ילדים. כן, תודה לך אבי, מפני שכך רצית. 21
Saa ɛberɛ no ara mu, Yesu de Honhom Kronkron mu anigyeɛ bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase sɛ wode saa nneɛma yi ahinta wɔn a wɔsusu sɛ wɔyɛ anyansafoɔ, na mmom woada nokorɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔde ahobrɛaseɛ gye wo di sɛ mmɔfra no. Nanso, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa.
הכול נמסר לי מאבי; אף אחד אינו מכיר ממש את הבן, מלבד האב, ואף אחד אינו מכיר ממש את האב, מלבד הבן ואלה שהוא בוחר לגלות להם את האב.“ 22
“Mʼagya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no. Saa ara nso na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne wɔn a Ɔba no bɛda Agya no adi akyerɛ wɔn no.”
ישוע פנה אל תלמידיו ואמר להם בשקט:”זכות גדולה נפלה בחלקכם, שיכולים אתם לראות את אשר ראיתם. 23
Ɛkaa ɔne nʼasuafoɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nhyira ne aniwa a ɛhunu deɛ mohunu!
נביאים ומלכים רבים השתוקקו לראות את מה שאתם רואים ולשמוע את מה שאתם שומעים, אך לא זכו.“ 24
Ɛfiri sɛ, adiyifoɔ ne ahene pii pɛɛ sɛ anka wɔhunu deɛ mohunu yi na wɔte deɛ mote yi, nanso wɔanhunu na wɔante.”
פעם רצה אחד מחכמי־התורה לנסות את ישוע.”רבי, “שאל החכם,”מה עלי לעשות כדי לזכות בחיי נצח?“ (aiōnios g166) 25
Mmaranimfoɔ bi pɛɛ sɛ ɔsɔ Yesu hwɛ enti ɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?” (aiōnios g166)
”מה אומרת על כך התורה?“השיב לו ישוע בשאלה. 26
Yesu nso bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no mu? Na wote aseɛ sɛn?”
”התורה אומרת:’ואהבת את ה׳ אלוהיך בכל לבבך, ובכל נפשך ובכל מאודך; ואהבת לרעך כמוך‘“, השיב החכם. 27
Ɔbuaa no sɛ, “Mmara no ka sɛ, ‘Fa wʼakoma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa dɔ Awurade, wo Onyankopɔn, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!’”
”נכון מאוד“, אישר ישוע.”’אם תקיים מצוות אלה תזכה בחיי נצח‘.“ 28
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woabua no yie. Yɛ yeinom na wobɛnya nkwa.”
החכם רצה להצדיק את רגשותיו (מפני שלא אהב אנשים מסוימים), ולכן שאל:”מיהו רעי?“ 29
Nanso, ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔdi mmara no nyinaa so enti, ɔbisaa Yesu sɛ, “Hwan ne me yɔnko?”
ישוע השיב במשל:”יהודי אחד הלך בדרך מירושלים ליריחו והותקף על־ידי שודדים. הם הפשיטו את בגדיו מעליו, גזלו את כספו, הכו אותו באכזריות והשאירו אותו בצד הדרך פצוע קשות. 30
Yesu nso maa no mfatoho bi sɛ, “Ɛda bi na ɔbarima bi retu ɛkwan firi Yerusalem akɔ Yeriko. Na ɔnam ɛkwan so no, ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu na wɔgyee ne ho nneɛma nyinaa, hwee no, pirapiraa no ma ɔtɔɔ baha, gyaa no too kwankyɛn kɔeɛ.
במקרה עבר שם כהן אחד, אולם בראותו את הפצוע עבר לצדו השני של השביל. 31
Ankyɛre biara, Yudani ɔsɔfoɔ bi bɛpuee ne so, nanso ɔmane faa nkyɛn kɔeɛ.
עבר במקום גם איש משבט לוי. הוא הביט בפצוע המוטל בצד הדרך, אולם המשיך בדרכו. 32
Saa ara nso na Lewini bi nso bɛpuee ne so mane faa nkyɛn.
הזדמן למקום שומרוני אחד, ובראותו את הפצוע נמלא רחמים. 33
Ankyɛre biara na Samariani bi nso bɛpuee hɔ. Ɔhunuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.
השומרוני ניגש אל הפצוע, משח את פצעיו וחבש אותם, לאחר מכן הרכיב אותו על חמורו והביאו לאכסניה, שם טיפל בו והאכיל אותו. 34
Ɔkɔkotoo ne nkyɛn, hohoroo nʼapirakuro no anim, de aduro guguu mu, kyekyereeɛ. Afei, ɔmaa no so de no tenaa nʼafunumu so dii aboa no nkyɛn de no kɔɔ ahɔhobea bi hwɛɛ no anadwo mu no nyinaa.
למחרת, לפני שהמשיך בדרכו, שילם השומרוני סכום כסף לבעל האכסניה ואמר:’דאג בבקשה לכל מחסורו של הפצוע, ואם לא יספיק הכסף – אשלם את החסר בשובי‘. 35
Adeɛ kyeeɛ no, ɔgyaa ahɔhobea sohwɛfoɔ no sika a ɛbɛso no hwɛ sɛ ɔmfa nhwɛ no. Ɔsane hyɛɛ no bɔ sɛ, ‘Ɛka foforɔ biara a wobɛbɔ wɔ ne ho no, mɛba abɛtua.’
”מי מהשלושה היה לדעתך רע טוב לאיש הפצוע?“ 36
“Afei, saa nnipa baasa yi mu hwan na ɔyɛɛ ne yɔnko?”
”האדם שריחם עליו“, השיב החכם.”נכון“, הסכים איתו ישוע.”לך ועשה כמוהו.“ 37
Mmaranimfoɔ no buaa sɛ, “Deɛ ɔhunuu opirafoɔ no mmɔbɔ no.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso, kɔ na kɔyɛ saa ara.”
ישוע ותלמידיו המשיכו בדרכם, וכשהגיעו לאחד הכפרים הזמינה אותם אישה בשם מרתא להתארח בביתה. 38
Ɛbaa sɛ Yesu ne nʼasuafoɔ rekɔ Yerusalem no, wɔkɔduruu akuraa bi ase. Wɔduruu hɔ no, ɔbaa bi a wɔfrɛ no Marta de no kɔɔ ne fie.
אחותה מרים התיישבה על הארץ לרגלי ישוע והקשיבה לדבריו. 39
Marta nuabaa bi a wɔfrɛ no Maria tenaa fam wɔ Yesu nkyɛn tiee no.
מרתא חשה לחץ מהעבודה שבהכנת ארוחה גדולה לכולם, ומשום כך פרצה לחדר וקראה:”נכון שאין זה הוגן שאחותי תשאיר לי את כל העבודה? אמור לה בבקשה שתבוא לעזור לי.“ 40
Saa ɛberɛ no, Marta a nʼani abere reyɛ aduane no baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, mayɛ adwuma abrɛ enti ka kyerɛ Maria na ɔmmɛsɔ me mu.”
”מרתא, יקירתי, “השיב לה האדון,”את דואגת לכל כך הרבה דברים. עליך לדאוג לדבר אחד בלבד. מרים בחרה בדבר האחד הזה אשר לא יילקח ממנה.“ 41
Awurade buaa no sɛ, “Marta, Marta, wodwennwene ha wo ho wɔ nneɛma pii ho.
42
Adeɛ baako pɛ na ɛhia; ɛno na Maria afa no; na wɔrennye mfiri ne nsam.”

< לוּקָס 10 >