< אֶל־הָאֶפְסִיִּים 4 >

כאסיר האדון אני מתחנן לפניכם שתחיו ותתנהגו בדרך ההולמת את אלה שנבחרו להתברך בכל הברכות הנפלאות האלה. 1
Me a meyɛ odeduani ma Awurade no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo no.
היו ענווים ואדיבים; התייחסו בסבלנות זה אל זה, וסלחו איש לאחיו באהבה. 2
Mommrɛ mo ho ase koraa na monnwo; monto mo bo ase, na mone obiara ntena wɔ ɔdɔ mu.
שאפו לשמור על אחדותכם ברוח הקודש, וחיו בשלום איש עם רעהו. 3
Mommɔ mmɔden sɛ monam asomdwoeɛ ahoma so bɛma Honhom baakoyɛ no atena mo mu.
כולנו איברים של גוף אחד, לכולנו רוח אחד, וכולנו נבחרנו לאותו עתיד נפלא. 4
Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidasoɔ baako,
לכולנו אדון אחד, אמונה אחת וטבילה אחת. 5
Awurade baako, gyidie baako ne asubɔ baako mu no.
לכולנו אל ואב אחד שהוא מעל לכל, נמצא בכל וחי בכל. 6
Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a ɔdi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso.
ובכל זאת, המשיח העניק לכל אחד מאיתנו מתנות וכישרונות שונים ומיוחדים, מתוך עושרו ולפי רצונו. 7
Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛdeɛ Kristo akyɛ ama yɛn.
על כך אומרים הכתובים שכאשר עלה המשיח לשמים, לאחר תחייתו מהמתים, הוא שבה שבי ונתן מתנות לבני האדם. 8
Yei enti na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛberɛ a ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔfaa nneduafoɔ kaa ne ho; na ɔmaa nnipa akyɛdeɛ.”
שימו לב שכתוב”עלה לשמים“! משמע שקודם לכן הוא ירד ממרומי השמים אל תחתיות הארץ. 9
Afei sɛ “ɔkɔɔ ɔsoro” no nkyerɛaseɛ ne sɛn? Aseɛ kyerɛ sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, ɔkɔɔ fam, asase ase pɛɛ.
זה שירד אלינו הוא זה שעלה השמימה כדי למלא באישיותו את הכול, מתחתיות הארץ עד למרומי השמים. 10
Enti deɛ ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro ewiem nyinaa so, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ abɔdeɛ nyinaa ma.
הוא העניק לבני־האדם מתנות שונות: לאחדים העניק את היכולת להיות שליחיו, לאלה העניק את היכולת להיות נביאים, ולאלה העניק כישרון מיוחד לבשר את הבשורה, או כושר מנהיגות והדרכה לפי דבר ה׳ וכישרון ללמד היטב. 11
Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafoɔ, afoforɔ yɛɛ adiyifoɔ, afoforɔ yɛɛ asɛmpakafoɔ, na afoforɔ nso yɛɛ asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ.
לשם מה העניק לנו המשיח את המתנות והכישרונות הללו? כדי שבני־אלוהים יוכלו להיטיב לשרתו בשעה שהם בונים את הקהילה, שהיא גוף המשיח, 12
Ɔyɛɛ yei de siesiee Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa maa ɔsom nnwuma, sɛdeɛ Kristo onipadua no nyini bɛkɔso
עד שנגיע כולנו כאחד לאמונה, בגרות והבנה של מושיענו בן האלוהים – עד שנתמלא כליל במשיח. 13
kɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛnya gyidie baako ne Onyankopɔn Ba no ho nimdeɛ baako, na yɛawie nyini wɔ Kristo mayɛ mu.
וכך מעתה ואילך לא נשנה את דעתנו בנוגע לאמונתנו; לא ניכשל ולא נרומה על־ידי רמאים ובדחנים, 14
Yɛrenyɛ mmɔfra bio, wɔn a asorɔkye bɔ wɔn kɔ deɛ ɛpɛ, na nkyerɛkyerɛ mframa biara de wɔn di akɔneaba na nnipa bradɛtofoɔ ne anifirefoɔ daadaa wɔn.
אלא נאמר את האמת באהבה, ונגדל באמונתנו במשיח אשר הוא ראש־הקהילה. 15
Mmom, sɛ yɛtena ase nokorɛ ne ɔdɔ honhom mu a, yɛbɛnyini wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti mu.
בהנהגתו של המשיח מחוברים כל איברי הגוף זה לזה, וכל איבר עוזר למשנהו לבניית הגוף, לפי מידת הכוח שניתן לו, כך שכל הגוף צומח לבניין אחד מלא אהבה – בניין המשיח. 16
Ne mu na honam akwaa ahodoɔ no sosɔ wɔn ho wɔn ho mu. Ne mu na obiara yɛ nʼadwuma na onipadua no nyini ahoɔden so wɔ ɔdɔ mu.
בשם האדון אני אומר לכם: אל תשובו לחיות כמו הלא מאמינים, כי הם הולכים אחרי טיפשות שיכלם. 17
Mede Awurade din bɔ mo kɔkɔ sɛ, monntena ase bio sɛ amanamanmufoɔ a wɔnni adwene pa bi,
בגלל טיפשותם הם בורים וחסרי־דעת בכל הנוגע לחיי אלוהים; הם אינם מבינים את דרכו של אלוהים, כי הם חיים בחשכה ובחטא. 18
na esum aduru wɔn nteaseɛ. Wɔnnim hwee na wɔyɛ asoɔden. Wɔnnim Onyankopɔn mu asetena na wɔnni atenka ma deɛ ɛtene.
הם איבדו כל רגש בושה, והפקירו את עצמם לתאוות בשרם ולכל מעשה זימה ומרמה. 19
Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afideɛ ahodoɔ nyinaa bi a wɔnnu wɔn ho.
אבל לא כך לימד אתכם המשיח! 20
Ɛnyɛ saa na mosua faa Kristo ho.
אם באמת הקשבתם לקולו והבינותם את האמת שלימד אתכם, 21
Ɛyɛ nokorɛ sɛ motee ne nka, na wɔkyerɛkyerɛɛ mo sɛdeɛ nokorɛ a ɛwɔ Yesu mu no teɛ.
אזי עליכם לסור מדרככם הישנה ומהרגליכם הקודמים, שהיו זימה, תאווה ורמייה, 22
Enti, montwe mo ho mfiri mo suban dada no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔ no ho.
ולחדש את מחשבותיכם וגישתכם לדברים שונים. 23
Momma Honhom no nyɛ mo akoma ne mo adwene foforɔ,
כן, עליכם להיות אנשים מחודשים בעלי תכונות שהעניק לכם אלוהים, קדושים וצדיקים. עטפו את עצמכם באופי חדש זה. 24
na montena ase wɔ suban foforɔ a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso wɔ teneneeyɛ ne kronkronyɛ mu.
הפסיקו לשקר ודברו אמת, שכן אנו איברים איש לאחיו, ובשקרנו לאחינו אנו פוגעים למעשה בעצמנו! 25
Monnni atorɔ nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokorɛ nkyerɛ ne nua, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo onipadua mu.
אם אתם כועסים, אל תניחו לכעסכם להביא אתכם לידי חטא! אל תניחו לשמש לשקוע לפני שחלף כעסכם, 26
Sɛ wo bo fu a, nyɛ bɔne mma awia nkɔtɔ wʼabufuo so.
כי אחרת אתם פותחים פתח לשטן. 27
Mma ɔbonsam kwan.
הגנב חייב להפסיק לגנוב! עליו להתחיל לעבוד עבודה ישרה, כדי שיוכל לעזור לנזקקים. 28
Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔno no gyae korɔnobɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforɔ.
אל תנבלו את פיכם! דברו רק דברים יפים, טובים ומועילים לאנשים אחרים, דברים שיברכו את השומעים. 29
Mma kasa bɔne mfiri wʼanomu, na mmom, ka kasa pa na aboa afoforɔ sɛdeɛ ɛhia wɔn na wɔn a wɔtie anya ho mfasoɔ.
אל תצערו את רוח הקודש של אלוהים, שעל ידיו נחתמתם ליום הגאולה. 30
Monnhyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ.
הפסיקו להתמרמר והסירו מעליכם כל כעס, רוגז, צעקות, קללות ורשעות. 31
Monyi yeadie, bobɔne ne abufuo, ahohoahoa ne nsekuro ne bɔnepɛ nyinaa mfiri mo mu.
היו טובים איש לרעהו, רחמנים וסלחנים, כשם שאלוהים סלח לכם בזכות השתייכותכם למשיח. 32
Monyɛ ayamyɛ mma mo ho mo ho. Mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomsoɔ nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.

< אֶל־הָאֶפְסִיִּים 4 >