< אֶל־הַקּוֹלַסִּים 1 >

מאת פולוס, שליחו של ישוע המשיח לפי רצון אלוהים, ומאת טימותיוס אחינו. 1
Krataa yi firi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so enti, ɔyɛ Kristo somafoɔ no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn,
אל כל האחים הנאמנים לישוע המשיח בעיר קוֹלוֹסָה. שלום רב ושפע ברכות מאת האלוהים אבינו וישוע המשיח אדוננו. 2
Yɛde kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.
אנחנו תמיד מתפללים בעדכם ומודים לאלוהים, אבי אדוננו ישוע המשיח, 3
Ɛberɛ biara a yɛbɔ mpaeɛ ma mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo Agya no ase.
כי שמענו על אמונתכם החזקה במשיח ועל אהבתכם הנפלאה לכל המאמינים. 4
Ɛfiri sɛ, yɛate mo gyidie a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu ne dɔ a modɔ ahotefoɔ no.
אנחנו יודעים כי אמונתכם החזקה ואהבתכם הגדולה נובעות מהעובדה שאתם מבינים את מהות התקווה השמורה לכם בשמים, אותה קיבלתם כאשר שמעתם לראשונה את בשורת האמת על המשיח. 5
Ɛda a ɛdi ɛkan a motee Asɛmpa no, monyaa mu anidasoɔ a ɛwɔ hɔ ma mo. Enti, mo gyidie ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidasoɔ a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so.
אותה בשורה נשמעת בכל העולם, ובכל מקום היא משנה את חיי שומעיה, כשם שחייכם השתנו מהיום שבו שמעתם ותפשתם מה רבה אהבת אלוהים. 6
Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a motee Onyankopɔn adom na mohunuu sɛdeɛ ɛteɛ no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ ewiase afanan nyinaa, na trɛ ara na ɛretrɛ sɛdeɛ mohunu no wɔ mo mu no.
אפפרס האהוב, חברי לעבודה, סיפר לכם לראשונה את הבשורה. הוא משרת נאמן של המשיח, ומלמד אתכם ועוזר לכם במקומנו. 7
Ɛnam Epafra a ɔyɛ yɛn nua ɔsomfoɔ a ɔde gyidie yɛ Kristo adwuma ma yɛn no so na mohunuu yei.
הוא סיפר לנו גם על אהבתכם הנפלאה איש לרעהו, שהיא מתנה מרוח הקודש. 8
Ɔkaa ɔdɔ a Honhom no de ama mo no kyerɛɛ yɛn.
לכן לא חדלנו להתפלל בעדכם מאז היום הראשון ששמענו עליכם, וביקשנו מאלוהים שיעזור לכם להבין את רצונו, ושיעניק לכם חכמה להבין דברים רוחניים. 9
Esiane saa enti, ɛfiri ɛberɛ a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa. Yɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔmfiri ne pɛ mu mma mo nyansa ne nteaseɛ a ne Honhom de ma no.
ביקשנו גם שאורח־חייכם ימצא־חן תמיד בעיני האדון ויביא לו כבוד, שתמיד תעשו את הטוב ותעזרו לזולת, ושעל־ידי כך תלמדו להכיר את אלוהים טוב יותר. 10
Ɛba saa a na mobɛtumi atena ase sɛdeɛ Awurade hwehwɛ na ɛberɛ biara nso, mobɛyɛ deɛ ɛsɔ nʼani. Dwuma biara a mobɛdi no, ɛbɛso aba pa na mobɛnyini wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu.
אנחנו מתפללים שאלוהים יחזק ויאמץ אתכם בכוחו וגבורתו, כדי שתוכלו לשאת כל צרה ובעיה בסבלנות ובשמחה, 11
Yɛrebɔ mpaeɛ nso sɛ ne tumi ne nʼahoɔden bɛhyɛ mo ma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛkwan biara so, mode Awurade mu ahosɛpɛ ne boasetɔ bɛgyina biribiara ano.
וכדי שתודו לאבינו שבשמים, אשר העניק לנו חלק בכל הברכות הנפלאות שהן מנת חלקם של בני־אלוהים החיים בממלכת האור. 12
Momfa ahosɛpɛ nna Agya no a ɛnam ne so enti, moanya deɛ Onyankopɔn akora so ama nʼahotefoɔ a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase.
אבינו הצילנו מהחשכה והקדרות של ממלכת השטן, והביא אותנו לממלכתו של בנו היקר והאהוב, 13
Ɔgyee yɛn firii esum tumi ase de yɛn baa ne Dɔ Ba no Ahennie mu dwoodwoo.
אשר קנה את חירותנו בדמו וסלח לכל חטאינו. 14
Ne mu na yɛnya ɔgyeɛ. Ne mu nso na yɛnya bɔnefakyɛ.
המשיח בן־האלוהים הוא התגלמותו של האלוהים הבלתי־נראה. הוא קדם לכל בריאה, 15
Kristo yɛ Onyankopɔn a wɔnhunu no no sɛso. Ɔno ne abɔdeɛ nyinaa farebae.
כי הוא למעשה ברא את הכול בשמים ובארץ, את הנראה והבלתי־נראה. מלכים, שליטים, ממלכות ורשויות – הכול נברא על־ידי המשיח ולמענו. 16
Ɛfiri sɛ, ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu, honhom mu atumfoɔ, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ ewiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso.
הוא היה לפני הכול, והוא זה שמלכד, מאחד ומפעיל את היקום! 17
Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ.
המשיח הוא ראש הגוף המורכב מקהילת המאמינים שאותה ברא, והוא הראשון שקם מן המתים כדי שיהיה הראשון בכל דבר. 18
Asafo no yɛ ne onipadua; na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na onipadua no nkwa firi no. Ɔno ne Abakan a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bɛdi adeɛ nyinaa mu ɛkan.
אלוהים האב בחר לקבוע בו את מכלול התכונות האלוהיות. 19
Ɛfiri Onyankopɔn no ankasa pɛ mu na Ɔba no wɔ Onyankopɔn su nyinaa wɔ ne mu.
בזכות דם המשיח שנצלב ריצה לעצמו אלוהים את כל אשר בשמים ובארץ, 20
Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn firi ne pɛ mu de ewiase nyinaa sane bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a ɔwuu asɛnnua so no de asomdwoeɛ baeɛ, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ nʼase.
כולל אתכם! גם אתם הייתם פעם רחוקים מאוד מאלוהים: הייתם אויביו במחשבותיכם ומעשיכם הרעים, אך הוא סלח לכם וקרב אתכם אליו. 21
Ɛberɛ bi a atwam no, ɛsiane sɛ na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho enti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ nʼatamfoɔ nso.
על־ידי מותו על הצלב השכין המשיח שלום ביניכם לבין אלוהים, והביאכם לפניו נקיים מכל חטא ואשמה. 22
Nanso, ɛnam ne Ba no wuo so enti Onyankopɔn afa mo nnamfo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronkron a bɔne biara nni mo ho wɔ nʼanim.
כל זאת בתנאי שתאמינו בדבר־אלוהים בכל לבכם, ושלא תחדלו להאמין בתקוות הבשורה אשר שמעתם ואשר הושמעה בכל העולם, ואשר לי, פולוס, יש את הכבוד והזכות לשרתה ולבשרה לאחרים. 23
Ɛsɛ sɛ mokɔ so ma mo gyidie mu yɛ den. Mommma ho kwan mma mo anidasoɔ a monyaa no da a ɛdi ɛkan a motee Asɛmpa no nhinhim. Saa Asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa nyinaa yi enti na me, Paulo, mebɛyɛɛ ɔsomfoɔ no.
אני אמנם סובל כרגע למענכם, אך איני מתלונן, אלא להפך – אני שמח. כי בגופי אני עוזר להשלים את חלקנו החסר בסבלו של המשיח למען גופו, שהיא הקהילה. 24
Ɛyɛ me anigye sɛ merebrɛ mo ho. Menam me honam mu amaneɛ a merehunu no so retoa Kristo amanehunu a ɔhunuu wɔ ne honam mu maa nʼasafo no so.
אלוהים מינה אותי לשרת את הקהילה, לעזור לה בכל הדרוש ולספר לבני־האדם את סודו. 25
Onyankopɔn a mo yiedie enti, ɔde saa dwuma yi hyɛɛ me nsa no ayɛ me asafo no ɔsomfoɔ. Dwumadie no yɛ nʼasɛm no ka,
אלוהים שמר סוד זה במשך דורות רבים, אך עתה החליט לגלותו לאוהבים אותו ולחיים למענו. גם לגויים יש חלק בעושר ובכבוד הטמונים בסוד הנפלא הזה! היודעים אתם מהו הסוד? המשיח החי בלבכם! ופירושו של דבר שתיקחו חלק בכבודו הנצחי של אלוהים. (aiōn g165) 26
a ɛyɛ ahintasɛm a mfeɛ bebree a atwam no, ɔde hintaa adasamma, nanso afei deɛ, wada no adi akyerɛ nʼahotefoɔ. (aiōn g165)
27
Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ne sɛ, ɔbɛda nʼahintasɛm a nnepa ne animuonyam wɔ mu no adi akyerɛ Amanamanmufoɔ nso. Ahintasɛm no ne sɛ: Kristo te mo mu, a nʼasekyerɛ ne sɛ, yɛwɔ anidasoɔ sɛ yɛn nsa bɛka Onyankopɔn animuonyam no bi.
אנו מספרים על אודות המשיח לכל מי שמוכן להקשיב לנו; אנו מזהירים ומלמדים כמיטב ידיעתנו, כי ברצוננו להציג כל אדם לפני המשיח נקי מחטא ואשמה, בזכות קורבנו של ישוע המשיח. 28
Ɛno enti, yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so bɔ obiara kɔkɔ, kyerɛkyerɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no bɛyɛ pɛ wɔ Kristo mu.
זוהי עבודתי, ואני מסוגל לבצעה אך ורק בעזרת כוחו של המשיח שפועל בי בגבורה. 29
Ɛno enti na menam Kristo tumi sononko a ɔde ma me no so yɛ adwumaden.

< אֶל־הַקּוֹלַסִּים 1 >