< מַעֲשֵׂי הַשְּׁלִיחִים 24 >
כעבור חמישה ימים הגיע חנניה הכהן הגדול לקיסריה, ואיתו אחדים מזקני היהודים ועורך־דין בשם טרטולוס. הם באו אל המושל והגישו את תלונתם נגד פולוס. | 1 |
Nnanum akyi no, Ɔsɔfopanin Anania ne mpanimfoɔ bi ne mmaranimfoɔ bi a ne din de Tertulo kɔɔ Kaesarea. Wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ Amrado Felike nkyɛn de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no too nʼanim.
כשהכניסו את פולוס אל החדר פתח טרטולוס בנאום התביעה:”הוד מעלתך, המושל! הנהגתך הנבונה הביאה לנו, היהודים, שלום ושלווה, והפחיתה במידה ניכרת את ההפליה נגדנו. | 2 |
Wɔfrɛɛ Tertulo ma ɔbɔɔ ne nkuro sɛ, “Onimuonyamfoɔ! Esiane wo nimdeɛ ne wʼakwankyerɛ pa enti, ɛfiri ɛberɛ a wobaeɛ yi, nsakraeɛ pa pii aba yɛn ɔman yi mu ama yɛn ho atɔ yɛn.
על כל אלה אנחנו מודים לך מאוד. | 3 |
Baabiara a yɛwɔ no, yɛka yei ho asɛm na yɛn ani sɔ deɛ woayɛ ama yɛn no da wo ase papaapa.
איני רוצה לשעמם אותך ולבזבז את זמנך, אולם אני מתחנן לפניך שתואיל להקשיב לתלונתי נגד האיש הזה, ואני מבטיח לקצר בדברי. | 4 |
Mempɛ sɛ mesɛe wo berɛ enti mesrɛ wo sɛ nya berɛ tiawa bi ma me na tie asɛm a merebɛka afa saa ɔbarima yi ho no.
איש זה הוא מנהיג התנועה המשיחית; הוא מעורר מהומות, משלהב יצרים ומסית את היהודים בעולם כולו למרוד בקיסר. | 5 |
“Yɛahunu sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔmammɔfoɔ a ɔde basabasayɛ ba Yudafoɔ nyinaa mu. Ɔyɛ Nasarefoɔ fekuo no mu panin.
מלבד זאת הוא ניסה לחלל את בית־המקדש בשעה שאסרנו אותו.”רצינו לתת לו את העונש המגיע לו, | 6 |
Ɔpɛɛ sɛ ɔgu asɔredan no ho fi. Ɛno enti, yɛkyeree no yɛɛ yɛn adwene sɛ anka yɛbɛfa yɛn mmara so abu no atɛn.
אבל לוסיאס המפקד בא וחטף אותו מידנו בכוח הזרוע, | 7 |
Nanso, Ɔsafohene Lisia bɛgyee no firii yɛn nsam abrane so,
ודרש שפולוס יישפט על פי החוק הרומאי. אם תחקור אותו, תיווכח שדיברתי אמת.“ | 8 |
hyɛɛ sɛ wɔmmɛdi nʼasɛm wɔ wʼanim. Sɛ wobisa no a, wo ara ankasa wobɛhunu sɛ nsɛm a yɛreka afa ne ho no nyinaa yɛ nokorɛ.”
כל היהודים שנכחו שם אישרו את דברי טרטולוס. | 9 |
Yudafoɔ no nso foaa nsɛm a wɔkaeɛ no so, sɛ ɛyɛ nokorɛ.
עתה הגיע תורו של פולוס לדבר. המושל רמז לו לקום על רגליו ולשאת את דברו.”ידוע לי, אדוני, שאתה שופט בענייני היהודים כבר שנים רבות, “פתח פולוס,”ועל כן אני שמח להגן על עצמי לפניך. | 10 |
Afei, Amrado no maa Paulo kwan sɛ ɔnyi ne ho ano. Paulo yii ne ho ano sɛ, “Menim sɛ woyɛɛ ɔman yi so ɔtemmufoɔ akyɛre, ɛno enti, sɛ megyina wʼanim reyi me ho ano a, mensuro.
לא יקשה עליך לוודא שלא עברו למעלה משנים־עשר יום מאז שעליתי לירושלים, כדי להשתחוות לה׳ בבית־המקדש. | 11 |
Sɛdeɛ ebia woate no, ɛbɛyɛ nnafua dumienu ni a mekɔɔ Yerusalem, kɔɔ asɔredan mu sɛ merekɔsom.
כמו־כן תוכל לוודא בנקל שמעולם לא עוררתי מהומות בבתי־הכנסת ולא ברחובות העיר. | 12 |
Yudafoɔ a wɔde me baa ha yi anhunu me sɛ me ne obi regye akyinnyeɛ wɔ asɔredan mu hɔ anaasɛ meretu nnipa aso wɔ hyiadan mu anaa ɔman no mu baabiara.
איש מן האנשים האלה לא יוכל להוכיח אף אחת מההאשמות הרבות שהם טופלים עלי. | 13 |
Saa ara nso na wɔrentumi nkyerɛ sɛ, nsɛm a wɔreka ato me so yi nyinaa yɛ nokorɛ.
”אולם אני מודה בדבר אחד: אני מאמין בדרך הישועה, שהם מתייחסים אליה כאל כת או תנועה, ובדרך זאת אני עובד את אלוהי אבותינו; אני מאמין באמונה שלמה בכל מה שכתוב בספרי התורה והנביאים. | 14 |
Nanso, megye tom sɛ me ne nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho a Yudafoɔ yi kasa tia wɔn no som yɛn Agyanom Onyankopɔn. Na megye nsɛm a wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no ne adiyifoɔ nwoma no mu no nso medi.
כמו כן אני מאמין, בדיוק כמו אנשים אלה, שתהיה תחיית המתים – לצדיקים ולרשעים. | 15 |
Mewɔ anidasoɔ a saa nnipa yi nso wɔ wɔ Onyankopɔn mu sɛ da bi, nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa bɛsɔre afiri owuo mu.
משום כך אני משתדל בכל כוחי לשמור על מצפון נקי לפני אלוהים ולפני בני אדם. | 16 |
Yei enti, da biara mebɔ mmɔden sɛ mede ahonim pa bɛbɔ me bra Onyankopɔn ne nnipa anim.
”לאחר היעדרות של שנים אחדות חזרתי לירושלים, כדי להביא סכום כסף לעזרת היהודים המשיחיים וכדי להקריב קרבן לאלוהים. | 17 |
“Mfeɛ bebree akyi a mefirii Yerusalem no, mesane mebaa hɔ sɛ mede ayɛyɛdeɛ rebrɛ me nuanom na mabɔ afɔdeɛ.
מאשימי ראו אותי במקדש בשעה שהקרבתי מנחה לה׳. ראשי היה מגולח, לפי דרישת התורה, ובאותה שעה לא היה קהל סביבי ולא הייתה כל מהומה. | 18 |
Ɛberɛ a madwira me ho awie na megu so rebɔ aseda afɔdeɛ wɔ asɔredan no mu no, na nnipa a wɔde me baa ha yi hunuu me. Na matwitwa me tirinwi sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Saa ɛberɛ no nso na dɔm biara nka me ho na basabasayɛ bi aba.
אולם היו שם יהודים אחדים מאסיה, ואם יש להם טענות נגדי, מדוע אין הם נמצאים כאן עתה? | 19 |
Saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bi a wɔfiri Asiaman mu wɔ hɔ. Wɔn na sɛ anka wɔwɔ asɛm bi ka tia me a, ɛsɛ sɛ wɔka.
שאל־נא את האנשים העומדים כאן עתה איזה חטא מצא בי הסנהדרין שלהם, | 20 |
Sɛ saa nnipa a wɔwɔ ha yi nso nim asɛm bi a wɔgyina so buu me fɔ wɔ agyinatufoɔ no anim a, wɔnka.
מלבד משפט אחד שצעקתי לעברם:’אני עומד לפני המועצה הזאת כדי להגן על עצמי, משום שאני מאמין בתחיית המתים!‘“ | 21 |
Asɛm baako pɛ na megyina wɔn anim no, mekaeɛ. Saa asɛm no ne sɛ, ‘Gyidie a mewɔ wɔ awufosɔreɛ no mu enti na megye di sɛ morebu me atɛn ɛnnɛ.’”
בנקודה זאת, פליקס, אשר ידע היטב את לימודי ישוע, סגר את התביעות ואמר:”חכו עד שיגיע לוסיאס, מפקד הכוח, ורק אז אחליט במשפט.“ | 22 |
Felike a na ɔnim ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no yie no tuu asɛm no hyɛɛ da, kaa sɛ, “Sɛ Ɔsafohene Lisia ba a, mɛdi wʼasɛm no.”
הוא ציווה לכלוא את פולוס בבית־הסוהר, אולם ציווה על הסוהרים להקל עליו את מאסרו, להתייחס אליו בעדינות ובאדיבות, ולהרשות לידידיו לבקר אותו, לטפל בו ולהביא לו מתנות. | 23 |
Ɔhyɛɛ ɔsraani panin a na ɔhwɛ Paulo so no sɛ ɔmma wɔnwɛn no, nanso wɔmma no ahotɔ kakra. Na sɛ ne nnamfonom de biribiara a ɛho hia no no rebrɛ no a, wɔmma ho kwan.
כעבור ימים אחדים בא פליקס עם אשתו היהודייה דרוסילה ושלח לקרוא לפולוס. פליקס ואשתו הקשיבו לפולוס בתשומת לב בשעה שסיפר להם על האמונה במשיח. | 24 |
Nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani no baeɛ. Ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Paulo brɛɛ no maa ɔbɛkaa gyidie a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no kyerɛɛ wɔn.
הוא שוחח איתם על צדקה, על כיבוש היצר ועל הדין העתיד לבוא. פליקס, שנמלא פחד נורא, אמר לפולוס:”לך עכשיו, בבקשה. אקרא לך שוב בהזדמנות אחרת.“ | 25 |
Paulo reka tenenee, ahosohyɛ ne Atemmuo da ho asɛm no, Felike suroeɛ enti ɔkaa sɛ, “Kɔ! Akyire yi, sɛ menya adagyeɛ a, mɛsoma mabɛfrɛ wo.”
בסתר לבו הוא קיווה שפולוס יציע לו שוחד, ועל כן קרא לו מדי פעם לשיחה. | 26 |
Na Felike ani da so sɛ Paulo bɛma no sika na wagyaa no, ɛno enti, na ɔma wɔtaa kɔfrɛ no ntiantia mu ba ne nkyɛn ne no bɔ nkɔmmɔ no.
כך חלפו שנתיים ימים, ואז מונה פורקיוס פסטוס למושל במקומו של פליקס. אולם פליקס רצה למצוא־חן בעיני היהודים, ולכן השאיר את פולוס בבית־הסוהר. | 27 |
Mfeɛ mmienu akyi no, Porkio Festo bɛsii Felike ananmu sɛ amrado. Esiane sɛ na Felike pɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ no ani no enti, ɔgyaa Paulo wɔ afiase hɔ.