< מַעֲשֵׂי הַשְּׁלִיחִים 12 >
באותם הימים התנכל המלך הורדוס למאמינים אחדים, | 1 |
Saa ɛberɛ yi mu ara na Ɔhene Herode kyekyeree asafomma no bi hyɛɛ aseɛ yɛɛ wɔn ayayadeɛ.
אף הוציא להורג את יעקב השליח, אחיו של יוחנן. | 2 |
Ɔde akofena kumm Yohane nua Yakobo.
כשראה הורדוס שהדבר מצא־חן בעיני מנהיגי היהודים, אסר את פטרוס באמצע חג הפסח. | 3 |
Ɔhunuu sɛ Yudafoɔ no ani gye deɛ ɔyɛeɛ no ho no, ɔmaa wɔkɔkyeree Petro nso. Asɛm yi sii Apiti Afahyɛ no mu.
הורדוס התכוון להעמיד את פטרוס למשפט פומבי בתום החג, ועל כן השליך אותו בינתיים לכלא והפקיד עליו שישה־עשר שומרים. | 4 |
Wɔkyeree Petro no, wɔde no too afiase a na asraafoɔ baanan na wɔwɛn no ɛberɛ biara. Herode yɛɛ nʼadwene sɛ, Twam Afahyɛ no akyi, ɔbɛdi nʼasɛm wɔ ɔman no anim.
אולם הקהילה התפללה בעד פטרוס ללא הרף בעת מעצרו. | 5 |
Ɛberɛ a na Petro da afiase no nyinaa, na asafo no bɔ mpaeɛ denden, srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ ne so.
בלילה שקדם למשפט הפומבי ישן פטרוס בין שני חיילים, כבול בשרשרת כפולה, והשומרים שמרו בזהירות על פתח הכלא. | 6 |
Anadwo a adeɛ rebɛkye ama Herode adi Petro asɛm wɔ ɔman no anim no, na Petro da asraafoɔ baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu agugu no asesa asraafoɔ baanu a wɔwɛn no no. Na asraafoɔ baanu nso rewɛn afiase ɛpono no ano.
לפתע זרח אור בתוך התא, ומלאך ה׳ עמד לצידו של פטרוס. המלאך נגע בירכו של פטרוס והעירו משנתו.”קום, מהר!“קרא המלאך. באותו רגע נפלו השרשרות מעל־ידיו. | 7 |
Amonom hɔ ara, Onyankopɔn ɔbɔfoɔ bɛgyinaa afiase hɔ maa ɛhɔ hyerɛneeɛ. Ɔbɔfoɔ no wosoo Petro, nyanee no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre ntɛm!” Ɛhɔ ara, nkɔnsɔnkɔnsɔn no tete firii Petro nsa.
”התלבש ונעל את נעליך“, הוסיף המלאך, ופטרוס עשה.”עכשיו לבש את מעילך ובוא אחרי!“פקד. | 8 |
Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Hyɛ wʼatadeɛ ne wo mpaboa. Petro wieeɛ no, ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ no sɛ, Fira wo ntoma na di mʼakyi.”
פטרוס יצא מהתא בעקבות המלאך, אולם כל הזמן חשב שזהו רק חלום או חזיון; הוא לא יכול היה להאמין שכל זה קורה לו במציאות! | 9 |
Petro dii nʼakyi firii adi. Wɔrekɔ no, na ɛyɛ no sɛ adaeɛso anaa anisoadehunu, ɛfiri sɛ, na ɔnnye nni sɛ ɛyɛ asɛm pa ara.
הם חלפו על פני גוש התאים הראשון והשני, והגיעו אל שער הברזל הפונה לרחוב. השער נפתח לפניהם מעצמו, והם עברו דרכו. הם המשיכו ללכת עוד מרחק קצר, ולפתע נעלם המלאך. | 10 |
Wɔtwaa awɛmfoɔ a wɔdi ɛkan no ne wɔn a wɔtɔ so mmienu no ho bɛduruu dadeɛ ɛpono a ɛda kuro no ano no ho. Wɔduruu hɔ no ɛpono no ankasa bue maa wɔfaa mu kɔeɛ. Wɔfaa borɔno bi so kɔɔ animu kakra, na afei ɔbɔfoɔ no gyaa Petro hɔ.
פטרוס הבין לבסוף את המתרחש.”אין זה חלום!“אמר לעצמו.”אלוהים באמת שלח את מלאכו להציל אותי מיד הורדוס וממזימותיהם של היהודים!“ | 11 |
Petro ani baa ne ho so maa ɔkaa sɛ, “Afei, mahunu sɛ deɛ ɛsiiɛ no nyinaa yɛ nokorɛ! Awurade somaa ne ɔbɔfoɔ na ɔbɛgyee me firii Herode nsam ne deɛ Yudafoɔ hwehwɛɛ sɛ wɔyɛ me no mu.”
לאחר שעיכל את הדבר במוחו הלך אל ביתה של מרים, אמו של יוחנן מרקוס. שם התאספו מאמינים רבים לתפילה. | 12 |
Petro hunuu deɛ asi no, ɔkɔɔ Yohane a na wɔfrɛ no Marko no maame a ne din de Maria no fie. Saa ɛberɛ no, na nnipa bebree ahyia wɔ hɔ rebɔ mpaeɛ.
פטרוס דפק על דלת הבית, ונערה בשם רודה ניגשה לראות מי זה. | 13 |
Petro bɔɔ abɔntenpono no mu, na abaayewa bi a wɔfrɛ no Roda bɛtieeɛ.
כשהכירה את קולו של פטרוס היא שמחה כל־כך, עד ששכחה לפתוח את הדלת. היא מיהרה להיכנס אל הבית וסיפרה לכולם שפטרוס עומד בחוץ. | 14 |
Ɛberɛ a ɔtee nne no, anigyeɛ enti, wammue ɛpono no. Ɔsane nʼakyi kɔbɔɔ amaneɛ sɛ, “Petro gyina ɛpono no akyi.”
האחים לא האמינו לה.”יצאת מדעתך!“קראו. אולם מאחר שרודה עמדה על שלה, חשבו:”אולי זהו המלאך של פטרוס. הם ודאי הרגו אותו.“ | 15 |
Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama worebɔ dam.” Nanso, ɔkɔɔ so kaa sɛ ɛyɛ nokorɛ. Wɔn nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama ne saman.”
בינתיים המשיך פטרוס לדפוק על הדלת, וכשיצאו לבסוף האחים לפתוח את השער, הם הופתעו מאוד! | 16 |
Petro kɔɔ so bɔɔ ɛpono no akyi. Wɔbueeɛ a wɔhunuu Petro no, wɔn ho dwirii wɔn.
פטרוס אמר להם לשתוק, וסיפר להם כיצד חילץ אותו האדון מבית־הכלא.”ספרו זאת ליעקב ולאחים“, ביקש מהם, והלך לו למקום בטוח יותר. | 17 |
Ɔde ne nsa nyamaa wɔn sɛ wɔnyɛ komm. Ɔkaa ɛkwan a Awurade nam so yii no firii afiase no kyerɛɛ wɔn. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka asɛm a asi yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom a wɔaka no.” Afei, ɔfirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.
עם אור הבוקר שררה מבוכה גדולה בכלא: מה קרה לפטרוס? | 18 |
Adeɛ kyeeɛ no, awɛmfoɔ no ho yeraa wɔn yie sɛ wɔnhunu faako a Petro afa.
הורדוס שלח את אנשיו לחפש את פטרוס, אך הם לא מצאו אותו. משום כך ציווה הורדוס לאסור את שישה־עשר השומרים, להעמידם לדין ולהוציאם להורג. לאחר מכן עזב את העיר ועבר לגור בקיסריה. | 19 |
Herode hyɛɛ sɛ wɔnhwehwɛ no, nanso wɔanhunu no. Wɔdii awɛmfoɔ no asɛm, buu wɔn kumfɔ. Yei akyi no, Herode firii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ kakra.
בהיותו בקיסריה הגיעה משלחת מהערים צור וצידון כדי לראותו. הורדוס לא היה ביחסים טובים עם תושבי הערים האלה, אולם חברי המשלחת התיידדו עם בלסטוס המזכיר של המחוז וביקשו שלום, כי מבחינה כלכלית הייתה ארצם תלויה במסחר עם ארצו של הורדוס. | 20 |
Ɛberɛ a Herode wɔ Kaesarea no, abɔfoɔ bi a wɔasoma wɔn firi Tiro ne Sidon bɛhunuu no. Na Herode bo afu Tirofoɔ ne Sidonfoɔ. Nanso, abɔfoɔ yi dwane toaa Blasto a na ɔyɛ dabehene no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asomdwoeɛ bɛba, ɛfiri sɛ, na saa nkuro yi nya wɔn nnuane nyinaa firi Herode asase so.
נקבע להם ראיון עם הורדוס, וביום המיועד הוא לבש את בגדי מלכותו, ישב על כסא מפואר ונאם לפניהם. | 21 |
Wɔtuu da bi sii hɔ maa Herode penee so. Ɛda no duruiɛ no, ɔhyɛɛ nʼahentadeɛ tenaa nʼahennwa so, kasa kyerɛɛ wɔn.
בתום הנאום הריע לו הקהל בתשואות רמות וצעק:”זהו קולו של אל, ולא של בן־תמותה!“ | 22 |
Herode kasa wieeɛ no, nnipa no kaa sɛ, “Ɔkasa sɛ onyame bi.”
באותו רגע הכה מלאך ה׳ את הורדוס במחלה קשה; גופו נמלא תולעים שכרסמו אותו, וכעבור זמן קצר מת, משום שקיבל את סגידת האנשים במקום שיחלוק את הכבוד לאלוהים. | 23 |
Ɛhɔ ara Onyankopɔn ɔbɔfoɔ bɛbɔɔ no maa ɔyareeɛ. Ɔdɔree mmoa ma ɔwuiɛ, ɛfiri sɛ, wamfa obuo amma Onyankopɔn.
בשורת הישועה של אלוהים התפשטה במהירות, ומאמינים רבים נוספו לקהילה. | 24 |
Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛ maa nnipa bebree gye diiɛ.
לאחר שסיימו בר־נבא ושאול את שליחותם בירושלים, לקחו איתם את יוחנן מרקוס ושבו לאנטיוכיה. | 25 |
Barnaba ne Saulo wiee wɔn dwumadie no, wɔsane wɔn akyi firii Yerusalem a na Yohane a wɔfrɛ no Marko no ka wɔn ho.