< תהילים 26 >

לְדָוִד ׀ שָׁפְטֵנִי יְהוָה כִּֽי־אֲנִי בְּתֻמִּי הָלַכְתִּי וּבַיהוָה בָּטַחְתִּי לֹא אֶמְעָֽד׃ 1
Dawid dwom. Bu me bem, Ao Awurade, ɛfiri sɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho: mede me ho too Awurade so na manhinhim.
בְּחָנֵנִי יְהוָה וְנַסֵּנִי צרופה צָרְפָה כִלְיוֹתַי וְלִבִּֽי׃ 2
Sɔ me hwɛ, Ao Awurade, hwehwɛ mʼakoma ne mʼadwene mu.
כִּֽי־חַסְדְּךָ לְנֶגֶד עֵינָי וְהִתְהַלַּכְתִּי בַּאֲמִתֶּֽךָ׃ 3
Wʼadɔeɛ wɔ mʼanim daa na mɛnante wo nokorɛ mu.
לֹא־יָשַׁבְתִּי עִם־מְתֵי־שָׁוְא וְעִם נַעֲלָמִים לֹא אָבֽוֹא׃ 4
Me ne nnaadaafoɔ ntena na me ne nyaatwomfoɔ nso nni hwee yɛ.
שָׂנֵאתִי קְהַל מְרֵעִים וְעִם־רְשָׁעִים לֹא אֵשֵֽׁב׃ 5
Mekyiri nnebɔneyɛfoɔ dwabɔ na mempɛ sɛ me ne amumuyɛfoɔ tena.
אֶרְחַץ בְּנִקָּיוֹן כַּפָּי וַאֲסֹבְבָה אֶת־מִזְבַּחֲךָ יְהוָֽה׃ 6
Mehohoro me nsa wɔ bembuo mu, na makɔ wʼafɔrebukyia ho ahyia, Ao Awurade,
לַשְׁמִעַ בְּקוֹל תּוֹדָה וּלְסַפֵּר כָּל־נִפְלְאוֹתֶֽיךָ׃ 7
na mepae mu ka wʼayɛyie na meka wʼanwanwadeɛ nyinaa.
יְֽהוָה אָהַבְתִּי מְעוֹן בֵּיתֶךָ וּמְקוֹם מִשְׁכַּן כְּבוֹדֶֽךָ׃ 8
Mʼani gye efie a wote mu ho, Ao Awurade, baabi a wʼanimuonyam wɔ no.
אַל־תֶּאֱסֹף עִם־חַטָּאִים נַפְשִׁי וְעִם־אַנְשֵׁי דָמִים חַיָּֽי׃ 9
Mfa me kra nka nnebɔneyɛfoɔ deɛ ho nkɔ. Mfa me nkwa nka mogyapɛfoɔ deɛ ho,
אֲשֶׁר־בִּידֵיהֶם זִמָּה וִֽימִינָם מָלְאָה שֹּֽׁחַד׃ 10
wɔn a amumuyɛ nhyehyɛeɛ wɔ wɔn nsam na adanmudeɛ ayɛ wɔn nsa nifa ma.
וַאֲנִי בְּתֻמִּי אֵלֵךְ פְּדֵנִי וְחָנֵּֽנִי׃ 11
Nanso mebɔ ɔbra a ɛho teɛ. Hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.
רַגְלִי עָֽמְדָה בְמִישׁוֹר בְּמַקְהֵלִים אֲבָרֵךְ יְהוָֽה׃ 12
Me nan sisi asase tamaa so; na dwabɔ akɛseɛ ase na mɛkamfo Awurade.

< תהילים 26 >