< תְהִלִּים 76 >

לַמְנַצֵּ֥חַ בִּנְגִינֹ֑ת מִזְמ֖וֹר לְאָסָ֣ף שִֽׁיר׃ נוֹדָ֣ע בִּֽיהוּדָ֣ה אֱלֹהִ֑ים בְּ֝יִשְׂרָאֵ֗ל גָּד֥וֹל שְׁמֽוֹ׃ 1
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto. Asaf dwom. Onyankopɔn din ahyeta wɔ Yuda; ne din so wɔ Israel.
וַיְהִ֣י בְשָׁלֵ֣ם סֻכּ֑וֹ וּמְע֖וֹנָת֣וֹ בְצִיּֽוֹן׃ 2
Ne ntamadan si Salem, ne tenabea wɔ Sion.
שָׁ֭מָּה שִׁבַּ֣ר רִשְׁפֵי־קָ֑שֶׁת מָגֵ֬ן וְחֶ֖רֶב וּמִלְחָמָ֣ה סֶֽלָה׃ 3
Ɛhɔ na obubuu mmemma a ɛpa gya, nkatabo ne afoa, akode nyinaa mu.
נָ֭אוֹר אַתָּ֥ה אַדִּ֗יר מֵֽהַרְרֵי־טָֽרֶף׃ 4
Wo ho hann no hyerɛn, na woso sen mmepɔw a mmoadoma ahyɛ mu ma no.
אֶשְׁתּוֹלְל֨וּ ׀ אַבִּ֣ירֵי לֵ֭ב נָמ֣וּ שְׁנָתָ֑ם וְלֹא־מָצְא֖וּ כָל־אַנְשֵׁי־חַ֣יִל יְדֵיהֶֽם׃ 5
Mmarima akokodurufo deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma, wɔadeda awufo nna; na akofo no mu baako mpo ntumi mma ne nsa so.
מִ֭גַּעֲרָ֣תְךָ אֱלֹהֵ֣י יַעֲקֹ֑ב נִ֝רְדָּ֗ם וְרֶ֣כֶב וָסֽוּס׃ 6
Yakob Nyankopɔn, wokaa wɔn anim no apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn.
אַתָּ֤ה ׀ נ֥וֹרָא אַ֗תָּה וּמִֽי־יַעֲמֹ֥ד לְפָנֶ֗יךָ מֵאָ֥ז אַפֶּֽךָ׃ 7
Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wosuro wo. Sɛ wo bo fuw a hena na obetumi agyina wʼanim?
מִ֭שָּׁמַיִם הִשְׁמַ֣עְתָּ דִּ֑ין אֶ֖רֶץ יָֽרְאָ֣ה וְשָׁקָֽטָה׃ 8
Wubuu atɛn fii ɔsoro, asase suroe, na ɛyɛɛ komm,
בְּקוּם־לַמִּשְׁפָּ֥ט אֱלֹהִ֑ים לְהוֹשִׁ֖יעַ כָּל־עַנְוֵי־אֶ֣רֶץ סֶֽלָה׃ 9
bere a wo, Onyankopɔn, sɔre buu atɛn, de gyee amanehunufo wɔ asase no so no.
כִּֽי־חֲמַ֣ת אָדָ֣ם תּוֹדֶ֑ךָּ שְׁאֵרִ֖ית חֵמֹ֣ת תַּחְגֹּֽר׃ 10
Ampa ara wʼabufuwhyew a etia nnipa no de ayeyi brɛ wo, na wɔn a wotumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ.
נִֽדֲר֣וּ וְשַׁלְּמוּ֮ לַיהוָ֪ה אֱֽלֹהֵ֫יכֶ֥ם כָּל־סְבִיבָ֑יו יוֹבִ֥ילוּ שַׁ֝֗י לַמּוֹרָֽא׃ 11
Monhyɛ Awurade mo Nyankopɔn no bɔ na munni so; momma nsase a atwa ne ho ahyia mfa ayɛyɛde mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wosuro no no.
יִ֭בְצֹר ר֣וּחַ נְגִידִ֑ים נ֝וֹרָ֗א לְמַלְכֵי־אָֽרֶץ׃ 12
Ɔbrɛ sodifonom honhom ase; na asase so ahemfo suro no.

< תְהִלִּים 76 >